Het Boek

Psalmen 94

1Here, U bent de enige
die het recht heeft wraak te nemen.
Kom met uw licht naar ons toe.
U bent de grote rechter van deze aarde.
Sta op en spreek uw oordeel uit
over alle hoogmoedige mensen.
Hoelang mogen de ongelovigen
nog blij zijn dat zij het wel alleen kunnen, Here?
Zij spreken smalend en hooghartig,
al die zondaars denken
dat zij het hoogste woord kunnen voeren.
Zij lopen uw volk onder de voet, Here.
Zij onderdrukken uw land.
Zij plegen moord en doodslag
onder de vreemdelingen, de weduwen en wezen.
Zij denken bij zichzelf:
‘De Here ziet het toch niet,
ach, Jakobs God heeft wel iets anders te doen.’
Laten alle onverstandigen maar eens opletten.
Dwazen, ga uw hersens maar eens gebruiken!
Denkt u nu echt dat God, die het oor maakte,
Zelf niet horen kan?
Of dat de Maker van het oog
Zelf niets ziet?
10 Hij leert de volken hoe zij moeten leven,
daarom zal Hij hen ook straffen.
Hij geeft de mensen immers alles wat zij nodig hebben?
11 De Here weet precies wat in de mensen omgaat:
het is allemaal nutteloos.
12 Gelukkig is de man die door U wordt getuchtigd, Here.
Die van U onderricht krijgt in uw wetten.
13 Hij zal rust ervaren in moeilijke tijden,
zelfs als zijn vijand een val voor hem opzet.
14 De Here laat zijn volk niet in de steek,
Hij blijft naar hen omzien.
15 Er zal weer eerlijk recht worden gesproken
en alle oprechte mensen zullen zich daarbij aansluiten.
16 Wie verdedigt mij tegen deze slechte mensen?
Wie komt voor mij op tegen deze zondaars?
17 Als de Here mij niet had geholpen,
had niemand meer iets van mij gehoord.
18 Juist toen ik dacht dat ik het niet meer aankon,
ervoer ik de kracht van uw goedheid en liefde, Here.
19 Terwijl allerlei gedachten in mij omgingen,
waren het juist uw troostwoorden die mij opbeurden.
20 Zou U iets te maken hebben met de plaats waar de zonde zetelt?
Waar men zogenaamd uit eerlijkheid het grootste onheil aanricht?
21 Dat soort mensen loert op het leven van de oprechte mensen,
zij veroordelen onschuldigen.
22 Maar ik vond mijn toevlucht bij de Here,
Hij was mij tot een burcht.
Mijn God is mijn rots.
23 Hij heeft hun het kwaad vergolden.
Hij vernietigde hen in hun zonde.
Hij is de Here, onze God.

Nkwa Asem

Nnwom 94

Onyankopɔn, obiara temmufo

1Awurade, woyɛ Onyankopɔn a wotwe aso, da w’abufuw adi! Woyɛ nnipa nyinaa temmufo. Sɔre na fa nea ɛfata ahantanfo ma wɔn! Amumɔyɛfo ani begye akosi da bɛn? Da bɛn Awurade? Awudifo bɛyɛ ahantan ahoahoa wɔn ho wɔ wɔn awudi mu akosi da bɛn? Wobubu wo nkurɔfo, Awurade, wɔka wo nkurɔfo hyɛ. Wokunkum akunafo ne nyisaa ne amanfrafo a wɔte yɛn asase so. Wɔka se, “Awurade nhu yɛn; Israel Nyankopɔn nhu.”

Me nkurɔfo, adɛn nti na ɛsɛ sɛ moyɛ agyimifo saa? Da bɛn na mubesua nyansa? Onyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn aso; ɔnte asɛm? Ɔbɔɔ yɛn ani; onhu ade? 10 Ɔno na aman hyɛ n’ase; ɔrentwe wɔn aso? Ɔno ne nnipa nyinaa kyerɛkyerɛfo; onni osuahu bi?

11 Awurade nim wɔn nsusuwii. Onim nyansa a enni wɔn nsusuwii mu no. 12 Awurade, ahotɔ bɛn na onipa a wokyerɛ no no nnya; onipa a wokyerɛ no wo mmara no. 13 Woma ɔhome fi nna a ɔhaw wɔ mu mu kosi sɛ wotu amoa ma omumɔyɛfo tɔ mu. 14 Awurade rennyaw ne nkurɔfo; ɔrentew ne ho mfi wɔn a wɔyɛ ne de ho. 15 Wobebu atɛntrenee wɔ asennii bio, na atreneefo apene so.

16 Hena na osii m’ananmu, ko tiaa amumɔyɛfo? Hena na osii m’ananmu ko tiaa nnebɔneyɛfo? 17 Sɛ Awurade ammoa me a anka mekɔɔ kommyɛbea. 18 Mekae se, “Meretew ahwe;” nanso, O Awurade, wo dɔ a ɛnsa da no soo me mu.

19 Bere biara a me ho ntɔ me no, wokyekye me werɛ ma m’ani gye. 20 Wo ne atemmufo a wobu atɛnkyew ma atɛnkyew yɛ atɛntrenee 21 na wɔpam tia nnipa pa na wobu wɔn kumfo no nni biribiara yɛ. 22 Nanso Awurade bɔ me ho ban; me Nyankopɔn bɔ me ho ban. 23 Ɔbɛtwe wɔn aso wɔ wɔn amumɔyɛ no ho na wɔn bɔne nti, wasɛe wɔn; Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.