Jesaja 39 – HTB & ASCB

Het Boek

Jesaja 39:1-8

De afgezanten uit Babel

1Korte tijd later stuurde Merodach-Baladan, de zoon van Baladan en koning van Babel, Hizkia een geschenk en zijn beste wensen, want hij had gehoord dat Hizkia van een zware ziekte was genezen. 2Hizkia stelde dit gebaar erg op prijs en leidde de afgezanten uit Babel rond in het paleis. Hij liet hen zijn schatkamers zien, die gevuld waren met zilver, goud, specerijen en parfums. Ook zijn wapenvoorraad en al zijn andere schatten liet hij zien. 3Toen kwam de profeet Jesaja bij de koning en vroeg: ‘Wat hebben die mannen gezegd? Waar komen zij vandaan?’ ‘Zij komen uit het verre Babel,’ gaf Hizkia als antwoord. 4‘Wat hebben zij in uw paleis gezien?’ vroeg Jesaja. Hizkia antwoordde: ‘Ik heb hun al mijn bezittingen laten zien, al mijn kostbare schatten.’ 5Toen zei Jesaja tegen hem: ‘Luister naar deze boodschap van de Here van de hemelse legers: 6“Er komt een tijd dat alles wat u hebt, alle schatten die uw voorouders hebben verzameld, naar Babel zal worden weggevoerd. Niets zal er overblijven. 7Ook enkele van uw eigen zonen zullen worden weggevoerd om dienst te doen in het paleis van de koning van Babel.” ’ 8‘Het woord van de Here dat u hebt gesproken, is goed,’ zei Hizkia, want hij dacht bij zichzelf: ‘Gedurende mijn leven zal er in elk geval vrede heersen!’

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 39:1-8

Asomafoɔ A Wɔfiri Babilonia

1Saa ɛberɛ no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia, ɛfiri sɛ na wate sɛ wayare ama ne ho atɔ no. 2Hesekia gyee asomafoɔ no fɛw so, na afei ɔde deɛ ɔwɔ wɔ nʼakoradan mu kyerɛɛ wɔn: dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam, ngohwam, nʼakodeɛ akoraeɛ ne biribiara a ɛka nʼademudeɛ ho. Biribiara nni nʼahemfie ne nʼahennie mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

3Afei Odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kaaeɛ na ɛhe na wɔfiri baeɛ?”

Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri akyirikyiri asase bi so. Wɔfiri Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.”

4Odiyifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?”

Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”

5Afei, Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie asɛm a ɛfiri Asafo Awurade nkyɛn: 6Nokorɛm, ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfie ne agyapadeɛ a wʼagyanom akora de abɛduru ɛnnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sei na Awurade seɛ. 7Na afei wʼasefoɔ mu bi, wʼankasa wo mogya a wɔbɛwo wɔn ama wo no, wɔbɛsoa wɔn akɔ na wɔakɔyɛ apiafoɔ wɔ Babiloniahene ahemfie.”

8Hesekia dwenee sɛ ne ɔman no bɛnya asomdwoeɛ ne banbɔ wɔ ne mmerɛ so, enti ɔbuaa sɛ, “Awurade asɛm a woabɛka yi yɛ asɛm papa.”