2 Kronieken 35 – HTB & ASCB

Het Boek

2 Kronieken 35:1-27

Het koningschap van Josia

1Koning Josia kondigde af dat het Feest van de Ongezuurde Broden op de veertiende dag van de eerste maand in Jeruzalem zou worden gevierd. Die avond werden de paaslammeren geslacht. 2Hij gaf de priesters opnieuw de hen eerder toegewezen taken en moedigde hen aan weer in de tempel aan het werk te gaan. 3De geheiligde Levieten, de godsdienstonderwijzers in Israël, kregen het bevel: ‘Zet de ark nu voorgoed neer in de tempel van Salomo. U hoeft de ark niet meer op uw schouders te dragen. Voortaan kunt u zich volledig wijden aan het dienen van de Here en van zijn volk Israël. 4-5 Vorm voor uzelf weer de traditionele dienstafdelingen van uw voorouders, precies zoals koning David van Israël en zijn zoon Salomo vroeger hebben ingesteld. Elke afdeling moet in de tempel klaar staan om bepaalde families uit het volk te helpen wanneer zij hun offers komen brengen. 6Heilig uzelf, slacht de paaslammeren en maak ze klaar voor de mensen die komen. Volg alle aanwijzingen die de Here u door Mozes heeft gegeven.’ 7De koning droeg zelf dertigduizend lammeren en jonge geiten bij voor de Pesach-offers van zijn onderdanen en gaf bovendien nog eens drieduizend jonge stieren. 8Ook de medewerkers van de koning gaven vrijwillige bijdragen aan het volk, de priesters en de Levieten. Hilkia, Zacharia en Jehiël, de tempelopzichters, gaven de priesters zesentwintighonderd schapen en geiten en driehonderd ossen als Pesach-offers. 9De leiders van de Levieten—Chonanja, Semaja en Netanel en diens broers Hasabja, Jeïël en Jozabad—gaven vijfduizend schapen en geiten en vijfhonderd ossen aan de Levieten voor hun offers.

10Toen werd alles voor de dienst geregeld. De priesters gingen op hun plaatsen staan evenals de Levieten volgens hun dienstafdelingen, zoals de koning had bevolen. 11Daarna slachtten de Levieten de paaslammeren en overhandigden het bloed aan de priesters, die het over het altaar sprenkelden, terwijl de Levieten de huid van de dieren afstroopten. 12Zij stapelden het offervlees voor elke familie op, zodat die hun eigen brandoffers aan de Here kon aanbieden. Zo was het in de wet van Mozes bevolen. Hetzelfde deden zij met de ossen. 13In navolging van de wet van Mozes roosterden zij daarna de paaslammeren op het vuur en kookten de andere heilige offers in potten, ketels en pannen, die daarna snel naar de buiten wachtende mensen werden gebracht om op te eten. 14Daarna maakten de Levieten de maaltijd voor zichzelf en de priesters klaar, want zij waren tot ʼs nachts druk bezig geweest met het offeren van de brandoffers en het vet. 15De zangers, allemaal nakomelingen van Asaf, stonden op hun plaatsen en handelden volgens aanwijzingen die eeuwen eerder waren opgesteld door koning David, Asaf, Heman en Jeduthun, de profeet van de koning. De poortwachters bewaakten de toegangen en hoefden hun posten niet te verlaten, omdat hun broeders, de Levieten, hun de maaltijden kwamen brengen.

16De hele Pesach-ceremonie had op die ene dag plaats. Alle brandoffers waren op het altaar van de Here geofferd, precies zoals koning Josia had bevolen. 17Allen die in Jeruzalem aanwezig waren, namen deel aan de Pesachviering, die werd gevolgd door de viering van het Feest van de Ongezuurde Broden. Zo bleef het zeven dagen achterelkaar feest. 18Sinds de tijd van de profeet Samuël was Pesach niet meer zo gevierd, geen enkele koning van Israël kon in dit opzicht met koning Josia wedijveren. Nog nooit eerder hadden zoveel priesters, Levieten en inwoners van Jeruzalem, Juda en Israël aan de viering deelgenomen. 19Dit alles gebeurde in het achttiende regeringsjaar van koning Josia.

20Korte tijd later, nadat Josia orde op zaken had gesteld in de tempel, trok koning Necho van Egypte met zijn leger naar het plaatsje Karkemis aan de rivier de Eufraat om de strijd aan te binden met de Assyriërs. Daarop verklaarde koning Josia hem de oorlog. 21Maar koning Necho stuurde boodschappers naar Josia met de mededeling: ‘Ik wil niet tegen u vechten, koning van Juda! Ik ben uitsluitend gekomen om de strijd aan te binden met de koning van Assyrië. Laat mij met rust! God heeft gezegd dat ik mij moest haasten. Meng u niet in de zaken van God, anders zal Hij u vernietigen, want Hij staat aan mijn kant.’ 22Maar Josia weigerde zich terug te trekken en in het dal van Megiddo raakten de beide legers slaags. Josia had zijn koninklijke gewaad uitgetrokken en zich vermomd, zodat de vijand hem niet kon herkennen. Josia wilde niet geloven dat Necho in opdracht van God handelde. 23Tijdens de slag raakten de vijandelijke boogschutters koning Josia echter met hun pijlen en verwondden hem dodelijk. ‘Ik ben gewond, breng mij van het slagveld,’ riep hij zijn mannen toe. 24-25 Zij tilden hem uit zijn eigen strijdwagen en legden hem in een andere wagen die hem terugbracht naar Jeruzalem. Het mocht echter niet meer baten. In de stad aangekomen, overleed hij. Hij werd daar op de koninklijke begraafplaats begraven en heel Juda en Jeruzalem rouwden om hem. De profeet Jeremia schreef speciaal een rouwlied over hem. De tempelzangers zingen nu nog steeds rouwliederen over Josia, want deze liederen werden opgenomen in de officiële bundel van Klaagliederen.

26Alle andere daden van Josia, zijn goede verrichtingen en zijn trouw aan de wetten van de Here, 27staan beschreven in het Boek over de Koningen van Israël en Juda.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 35:1-27

Yosia Di Twam Afahyɛ

1Afei, Yosia bɔɔ dawuro sɛ, wɔbɛdi Awurade Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem wɔ bosome a ɛdi ɛkan no da a ɛtɔ so dunan. Wɔkunkumm Twam Afahyɛ nnwammaa no da no wɔ ɛberɛ a owia rekɔtɔ. 2Yosia maa asɔfoɔ no kɔɔ wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn dwumadie mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. 3Ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Awurade, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ wɔ Israel no sɛ, “Esiane sɛ seesei Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa no mo mmati so de adi akɔneaba enti, momfa mo mmerɛ nsom Awurade, mo Onyankopɔn ne ne nkurɔfoɔ Israel. 4Monkɔ mo nnwuma so sɛdeɛ mo agyanom mmusua nkyekyɛmu teɛ, ne sɛdeɛ Israelhene Dawid ne ne babarima Salomo ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no kyerɛ.

5“Afei, monnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no wɔ ɛberɛ a wɔde wɔn afɔdeɛ aba Asɔredan mu no. 6Monkum Twam Afahyɛ nnwammaa no, na monnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛdeɛ biara a Awurade nam Mose so de maeɛ no, monni so.”

7Na Yosia firii deɛ ɔwɔ mu, maa nnwammaa ne mmirekyie mma ɔpeduasa ne anantwinini mpem mmiɛnsa sɛ nnipa no Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ.

8Ɔhene no mpanimfoɔ nso firi wɔn pɛ mu, boaa ɔmanfoɔ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanimfoɔ nso maa asɔfoɔ no nnwammaa ne mmirekyie mma mpem mmienu ne ahansia ne anantwinini ahasa sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ. 9Lewifoɔ ntuanofoɔ Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifoɔ nnwammaa ne mmirekyie mma mpem enum ne anantwinini ahanum sɛ wɔn Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ.

10Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awieeɛ no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no gyinagyinaa wɔn afa sɛdeɛ ɔhene no ahyehyɛ ama akuakuo no. 11Lewifoɔ no kunkumm Twam Afahyɛ nnwammaa no, na wɔde mogya no maa asɔfoɔ no, na wɔde petee afɔrebukyia no so wɔ ɛberɛ a na Lewifoɔ no redwa mmoa no. 12Wɔkyekyɛɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no maa ɔmanfoɔ no sɛdeɛ wɔn mmusua nkyekyɛmu no teɛ, na wɔatumi de abɔ afɔdeɛ ama Awurade, sɛdeɛ mmara a wɔatwerɛ agu Mose nwoma no mu kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso. 13Afei, wɔtotoo Twam Afahyɛ nnwammaa no sɛdeɛ wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔdeɛ kronkron no wɔ nkukuo, nnadesɛn ne nkyɛnsee mu, de baa ntɛm so sɛdeɛ ɔmanfoɔ no bɛtumi awe. 14Akyire yi, Lewifoɔ yɛɛ wɔn ne asɔfoɔ no aduane, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ no ayɛ adwuma firi anɔpa kɔsi anadwo a wɔrebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔrehye sradeɛ no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifoɔ no na wɔgye too wɔn ho so yɛeɛ.

15Asaf asefoɔ nnwom ho nimdefoɔ no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunumuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponoanohwɛfoɔ no wɛnee apono no a na ɛho nhia sɛ wɔfiri wɔn nnwuma so, ɛfiri sɛ, na wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no de wɔn nnuane kɔma wɔn wɔ hɔ.

16Awurade Twam Afahyɛ no baa awieeɛ da no. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa wɔ Awurade afɔrebukyia no so, sɛdeɛ ɔhene Yosia hyɛeɛ no. 17Israelfoɔ a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam Afahyɛ ne Apiti Afahyɛ no. 18Ɛfiri odiyifoɔ Samuel berɛ so no, wɔnnii Twam Afahyɛ sei da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam Afahyɛ sɛdeɛ Yosia yɛeɛ a ɔmaa asɔfoɔ, Lewifoɔ, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔfiri Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho. 19Wɔdii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahennie mfirinhyia dunwɔtwe so.35.19 Afe a ɛtɔ so dunwɔtwe. Afe korɔ no ara mu na wɔhunuu Mmara Nwoma no (34.8,14).

Yosia Wu Wɔ Akono

20Yosia siesiee Asɔredan no wieeɛ no, Misraimhene Neko dii nʼakodɔm anim firii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asuo Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakodɔm nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko. 21Nanso, ɔhene Neko tuu ananmusifoɔ, de nkra yi kɔmaa Yosia sɛ, “Ɛdeɛn na wo Yudahene hwehwɛ afiri me nkyɛn? Me ne wo nni akasakasa ɛnnɛ! Deɛ mehwehwɛ ne sɛ, me ne ɔman a matu ne so sa no bɛko. Na Onyankopɔn aka akyerɛ me sɛ, menyɛ no ntɛm. Ntwintwane Onyankopɔn a ɔka me ho no anan mu, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.”

22Nanso, Yosia antie Neko a Onyankopɔn akasa akyerɛ no ampa ara no, annane nʼani. Mmom, ɔdii nʼakodɔm anim, kɔkoo wɔ Megido tata so. Ɔworɔɔ nʼahentadeɛ no guu nkyɛn baabi sɛdeɛ atamfoɔ no renhunu no.

23Nanso, atamfoɔ agyantofoɔ no too bɛmma ma ɛwɔɔ ɔhene Yosia, piraa no. Ɔteaam frɛɛ ne mmarima sɛ, “Momfa me mfiri akono ha, ɛfiri sɛ, mapira pira bɔne.” 24Enti, wɔyii Yosia firi ne teaseɛnam mu, de no too teaseɛnam foforɔ mu. Na wɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɛhɔ na ɔwuiɛ. Wɔsiee no hɔ wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa yɛɛ no ayie.

25Odiyifoɔ Yeremia too kwadwom maa Yosia, na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, nnwomtofoɔ to saa kwadwom a ɛfa ne owuo no ho no. Saa kwadwom yi abɛyɛ amanneɛ a wɔatwerɛ ahyɛ Kwadwom Nwoma mu.

26Yosia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne nʼahofama sɛdeɛ Awurade mmara teɛ no, 27firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu.