Het Boek

2 Corinthiërs 1

De troost en redding van God

1Van: Paulus, die door de wil van God is aangewezen als apostel van Christus Jezus, en broeder Timotheüs.

Aan: de gemeente in Korinthe en alle gelovigen in Achaje.

De genade en de vrede van God, onze Vader, en van de Here Jezus Christus wens ik u toe. Alle eer en lof is voor God, de Vader van onze Here Jezus Christus en de bron van alle liefdevolle hulp. Hij troost ons en geeft ons nieuwe moed in alle ontberingen en beproevingen. Hij doet dat, opdat wij anderen kunnen troosten en bemoedigen. Hoe meer wij lijden, omdat wij voor Christus leven, des te meer zal Hij ons troosten en bemoedigen. Wanneer wij veel doorstaan, dan is dat om u Gods troost en redding te brengen. Maar God heeft ons in onze moeilijkheden bijgestaan. En dit is ook ter wille van u: om u uit onze ervaring te verzekeren dat God u zal troosten als u hetzelfde moet doormaken. Hij zal u kracht geven om vol te houden.

Broeders en zusters, ik wil dat u weet wat wij in Asia allemaal hebben doorgemaakt. We zijn er bijna onderdoor gegaan en waren bang het niet te overleven. Wij hadden het gevoel ten dode opgeschreven te zijn en konden er zelf niets tegen doen. Maar dat was goed, want toen hebben wij alles aan God overgegeven. Alleen Hij kon ons nog redden, Hij, die zelfs doden levend maakt. 10 Hij heeft ons inderdaad geholpen en ons leven gered. Ja, wij weten zeker dat Hij dat telkens weer zal doen. 11 Maar u moet ons ook helpen door voor ons te bidden. Als men dan ziet hoe God uw gebeden verhoort, zal Hij lof en dank van vele mensen ontvangen.

12 Wij kunnen eerlijk zeggen dat wij altijd zuiver en oprecht geweest zijn. Wij hebben rustig op de Here vertrouwd en niet op ons eigen kunnen. Dat geldt in het bijzonder voor onze omgang met u. 13 Mijn brieven zijn rechttoe, rechtaan geweest. Er is niets onduidelijks bij. 14 Ik zou het fijn vinden als u begreep, zoals u ten dele ook doet, dat u trots op ons kunt zijn, net zoals wij op u trots zullen zijn op de grote dag als onze Here Jezus terugkomt.

15 Omdat ik zo zeker was van uw begrip en vertrouwen, had ik besloten op weg naar Macedonië bij u langs te komen en op de terugweg nog eens. Dan kon ik u twee keer tot zegen zijn 16 en zou u mij kunnen voorthelpen op mijn reis naar Judea. 17 U zult zich wel afvragen waarom ik van gedachten veranderd ben. Weet ik soms niet wat ik wil? Of ben ik onbetrouwbaar en zeg ik ja, maar doe ik nee? Zeker niet! 18 Net zoals God betrouwbaar is, is ook mijn woord betrouwbaar. 19 Timotheüs, Silvanus en ik hebben u verteld over Jezus Christus, de Zoon van God. Hij zegt niet ja als Hij nee bedoelt. 20 Wat Hij zegt, doet Hij. Hij maakt al Gods beloften waar, hoeveel het er ook zijn. En omdat Hij Gods ‘ja’ is, worden wij gedrongen daar ‘amen’ op te zeggen, tot eer van God. 21 God heeft u en ons door Christus vaste grond onder de voeten gegeven en wij, als apostelen, zijn door Hem aangesteld. 22 Hij heeft zijn stempel op ons gezet door ons zijn Heilige Geest in het hart te geven. Daardoor zijn wij verzekerd dat wij bij Hem horen.

23 Ik roep God op als mijn getuige dat ik de waarheid spreek: de reden dat ik niet naar Korinthe kwam, is dat ik u wilde sparen. 24 Niet dat ik iets over uw geloof te zeggen heb, dat is sterk genoeg. Nee, ik wil met u meewerken aan uw blijdschap.

Nkwa Asem

Korintofo II 1

Nkyia

1Efi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ ɔyɛ Kristo Yesu somafo no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no baako a wɔde rekɔto Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa anim no nkyɛn. Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Onyankopɔn boa yɛn

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no a ɔyɛ adom Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a mmoa nyinaa fi no no ase. Ɔboa yɛn wɔ yɛn amane nyinaa mu na yɛnam mmoa a yɛn ankasa anya afi Onyankopɔn nkyɛn no so atumi aboa afoforo a wɔwɔ amane ahorow mu no. Sɛnea yɛwɔ Kristo amanehunu mu kyɛfa no, saa ara nso na yenya Kristo mmoa a ɛdɔɔso no. Sɛ yehu amane a, efi mo mmoa ne mo nkwagye nti. Sɛ wɔboa yɛn a, na mo nso wɔaboa mo ama mo ahoɔden a monam boasetɔ so betumi agyina amane a yehu na yetumi gyina ano no ano bi. Enti gyidi a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim. Yenim sɛ, sɛnea mo ne yɛn hu amane no, saa ara nso na mmoa a yenya no, munya bi.

Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu yɛ duru enti yɛn asetena mu anidaso nyinaa yerae. Yɛtee nka sɛ wɔabu yɛn kumfɔ. Saa asɛm yi sii sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so na mmom, yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufo sɔre no so. 10 Wayi yɛn afi saa owu amanehunu yi mu na obegye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpae ma yɛn a, 11 obegye yɛn bio. Eyi kyerɛ sɛ, wobebua mpae dodow biara a mobɔ ma yɛn no na Onyankopɔn behyira yɛn, na dodow no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn.

Paulo sesa ne nhyehyɛe

12 Nea yɛhoahoa yɛn ho wɔ mu ne sɛ: yɛn ahonim kyerɛ yɛn sɛ, yɛn asetena wɔ wiase ha, ne titiriw no, ayɔnkofa a ɛda yɛne mo ntam no, fi Onyankopɔn nokware turodoo a efi tumi a efi n’adom mu na emfi onipa nimdeɛ mu. 13 Nsɛm a mubetumi akenkan, ate ase nko na yɛkyerɛw de brɛ mo. Mewɔ anidaso sɛ, mobɛte biribiara a 14 monte ase yiye no ase daakye sɛnea ɛbɛyɛ a da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho.

15 Na minim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno nti na mehyehyɛe sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mpɛn abien. 16 Meyɛɛ m’adwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na meresan nso a, mafa mo hɔ bio na mabisa mmoa afi mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea.

17 Midwen ho yiye na meyɛɛ saa nhyehyɛe yi anaa? Anaasɛ menam wiase kwan so na meyɛɛ saa nhyehyɛe no na matwa me ho aka se, “Yiw, Yiw,” ne “Dabi, Dabi,” wɔ bere koro no ara mu? 18 Sɛnea Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo no, me bɔ a mehyɛɛ mo no nyɛ “Yiw” anaa “Dabi” asɛm.

19 Efisɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a Silas ne Timoteo ne m’ankasa kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nyɛ “Yiw” ne “Dabi” Nyankopɔn Ba. Yesu yɛ “Yiw” ma Onyankopɔn 20 na ɔno na ɔyɛ “Yiw” ma Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa. Eyi nti na ɛnam Yesu Kristo so nti yɛka yɛn “Amen” de hyɛ Onyankopɔn anuonyam no. 21 Afei Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn 22 faa yɛn sɛ ne de, ɛnna ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii nea ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.

23 Mefrɛ Onyankopɔn sɛ m’adanse. Onim me koma mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya kwan agye mo ahome nti na mankɔ Korinto no. 24 Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama mo agye biribi adi, efisɛ mugyina pintinn wɔ gyidi mu. Na mmom, mo ahotɔ nti na yɛne mo yɛ adwuma.