Het Boek

1 Corinthiërs 1

Christus is de kracht en de wijsheid van God

1Van: Paulus, die door God geroepen is om een apostel, een reizend gezant van Christus Jezus te zijn en van broeder Sosthenes.

Aan: Gods gemeente in Korinthe, die voor Jezus Christus is afgezonderd. U hoort bij Hem omdat Hij u heeft geroepen, net als alle gelovigen over de hele wereld. Hij is zowel hun Here als de onze. Ik wens u de genade en de vrede van God, onze Vader, en van onze Here Jezus Christus toe.

Ik dank God telkens weer voor u omdat Hij u door Jezus Christus zijn genade heeft gegeven. Door uw verbondenheid met Christus heeft Hij uw leven in alle opzichten verrijkt, bij alles wat u zegt en met uw volledige begrip van de waarheid. Want wat wij u over Christus hebben verteld, is ook in uw leven bevestigd, zozeer dat het u aan geen enkele gave ontbreekt. Daarbij kijkt u ook met spanning uit naar de terugkomst van de Here Jezus Christus. Hij zal u tot het einde toe staande houden, zodat er op zijn grote dag niets op u zal zijn aan te merken.

God is trouw. Hij heeft u geroepen om samen een te zijn met zijn Zoon, onze Here Jezus Christus. 10 Maar, broeders en zusters, in de naam van de Here Jezus Christus smeek ik u eensgezind te zijn. Maak het met elkaar in orde, zodat u weer een van hart en ziel bent. 11 Ik heb namelijk van de huisgenoten van Chloë gehoord dat u het niet met elkaar kunt vinden. 12 De een zegt: ‘Ik hoor bij Paulus.’ De ander: ‘Ik bij Apollos.’ Weer een ander: ‘Maar ik bij Petrus.’ Sommigen zeggen zelfs: ‘Wij zijn de echte volgelingen van Jezus Christus!’ 13 Is Christus dan in stukken verdeeld? Ben ík soms voor u aan het kruis gestorven of bent u in mijn naam gedoopt? 14 Ik ben dankbaar dat ik niemand van u gedoopt heb, behalve Crispus en Gajus. 15 Nu kan dus niemand zeggen dat hij in mijn naam gedoopt is en bij mij hoort. 16 O ja, ik heb ook nog het gezin van Stefanas gedoopt. Maar ik kan me niet herinneren verder nog iemand gedoopt te hebben. 17 Christus heeft mij niet de opdracht gegeven om te dopen, maar om het goede nieuws te vertellen en dat zonder hoogdravende woorden, omdat ik daarmee zou afdoen van Christusʼ dood aan het kruis.

18 Het bericht dat Christus voor ons aan het kruis gestorven is, klinkt de mensen die verloren gaan als onzin in de oren. Maar voor ons die gered worden, is het de kracht van God. 19 Want er staat in de Boeken: ‘Ik zal de wijsheid van de wijze mensen en het inzicht van de verstandigen vernietigen.’ 20 Waar blijven dan de grote denkers, de godsdienstige leiders en de beroemde redenaars van deze tijd? Heeft God niet alle wijsheid van deze wereld als dwaasheid aan de kaak gesteld? 21 In zijn grote wijsheid wist God dat de wereld Hem door haar eigen wijsheid niet kan vinden en besloot Hij die mensen te redden die de ‘onzinnige boodschap’ geloven dat Christus voor hen aan het kruis is gestorven. 22 Al vragen Joden wonderen als bewijs en zoeken Grieken naar wijsheid, 23 wij vertellen over Christus, die voor ons aan het kruis gestorven is! De Joden ergeren zich daaraan en de andere volken vinden dat een grote dwaasheid. 24 Maar voor degenen die door God geroepen zijn, is Christus de kracht en de wijsheid van God. 25 Want het ‘dwaze’ van God is wijzer dan wat mensen kunnen bedenken, en het ‘zwakke’ van God heeft meer kracht dan de mensen.

26 Kijk maar eens naar uzelf, vrienden. Naar de mens gesproken zijn er onder u niet veel grote denkers, niet veel invloedrijke en vooraanstaande personen. Toch heeft God u geroepen. 27 God heeft juist wat voor de wereld dwaas is, uitgekozen om hen die zichzelf zo wijs vinden, terecht te wijzen. Hij heeft de zwakken van de wereld uitgekozen om de sterken te beschamen. 28 God heeft het onaanzienlijke en verachtelijke van de wereld uitgekozen. Dat gebruikt Hij om wat in de wereld belangrijk is, buitenspel te zetten. 29 Dus zal geen mens zich ooit voor God op iets kunnen beroemen. 30 Dankzij God hebt u nu uw leven in Christus Jezus. Daardoor is Christus zelf wijsheid voor u geworden: door Hem staat u rechtvaardig tegenover God en Hij heeft u apart gezet en bevrijd. 31 Zo staat het ook in de Boeken: ‘Als iemand zich toch op iets wil beroemen, laat hij zich dan beroemen op de Here!’

Nkwa Asem

Korintofo I 1

Nkyia

1Saa krataa yi fi me, Paulo, a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafo no ne onua Sostene nkyɛn.

Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifo kronkron no ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no.

Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛnam no so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu, ɛno nti, esiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no nti, nhyira biara, munya bi. Ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomso biara. Onyankopɔn a wafrɛ mo ne ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo.

Asafo no mpaepaemu

10 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo tumi so mitu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaepae. Munso adwene ne botae baako mu na ama moayɛ baako. 11 Anuanom, nnipa bi a wofi Kloe fi apae mu aka akyerɛ me se, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. 12 Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Oyi ka se, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforo se, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ose, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.” 13 Wɔakyekyɛ Kristo mu akuwakuw! Paulo na owui wɔ asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu sɛ Paulo asuafo anaa?

14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. 15 Obiara rentumi nka se wɔbɔɔ mo asu sɛ m’asuafo. 16 Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fifo asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforo asu bio. 17 Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka Asɛmpa a emfi nnipa nyansa mu na obi antumi annyina so amma Kristo wu a owuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ ohunu.

Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn tumi

18 Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. 19 Kyerɛwsɛm no ka se, “Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”

20 Enti onyansafo wɔ he? Onimdefo nso wɔ he? Wiase yi mu akyinnegyefo wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase yi mu nyansa yɛ ohunu.

21 Enti Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hu no no, renhu no da. Na mmom Onyankopɔn yɛɛ n’adwene sɛ wɔn a wogye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, obegye wɔn nkwa. 22 Yudafo hwehwɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne, ɛnna Helafo nso hwehwɛ nyansa. 23 Nanso yɛn de, yɛka Kristo wu a owui wɔ asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafo abufuw ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma Amanamanmufo; 24 nanso Yudafo ne Amanamanmufo a Onyankopɔn afrɛ wɔn no saa asɛm yi yɛ Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn tumi ne ne nyansa no. 25 Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sen nnipa nyansa, na saa ara nso na nea ɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sen nnipa ahoɔden.

26 Afei, anuanom, monkae bere a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Na mo mu bi yɛ anyansafo a wɔwɔ tumi a nnipa fam no nso na wɔn dibea kɔ soro. 27 Nanso Onyankopɔn faa wiase yi mu nsɛm a aba nni mu no nam so guu anyansafo anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛw wɔ wiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. 28 Ɔfaa nea wiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee nea wiase susuw sɛ ɛho hia no. 29 Eyi kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim.

30 Nanso Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn ama Kristo ayɛ yɛn nyansa; ɛnam no so ma yɛateɛ wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefo a wama yɛade yɛn ho. 31 Enti sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ nea Awurade ayɛ mu.”