Nehemia 7 – HOF & ASCB

Hoffnung für Alle

Nehemia 7:1-72

1Als die Stadtmauer wieder ganz aufgebaut war, ließ ich die Torflügel einsetzen. Dann bestimmte ich einige Männer zu Torwächtern am Tempel und wies den Sängern und Leviten ihren Dienst zu. 2Zu Befehlshabern über Jerusalem ernannte ich meinen Bruder Hanani sowie Hananja, den Kommandanten der Festung. Hananja war ein zuverlässiger Mann und ging den anderen in seiner Liebe zu Gott mit gutem Beispiel voran. 3Ich sagte zu den beiden: »Die Tore von Jerusalem dürfen erst geöffnet werden, wenn die Sonne schon hoch am Himmel steht. Und sie sollen noch vor Sonnenuntergang wieder geschlossen und verriegelt werden. Stellt einige Einwohner von Jerusalem als Wachposten auf, die einen zum Schutz der Stadtmauer, die anderen für die Häuser in der Stadt!«

Verzeichnis der aus Babylonien Heimgekehrten

(Esra 2)

4Jerusalem war sehr groß, doch es lebten erst wenige Menschen dort, und die zerstörten Häuser waren noch nicht wieder aufgebaut. 5Da gab Gott mir in den Sinn, eine Versammlung der führenden Männer und des ganzen Volkes einzuberufen, um ein Verzeichnis der Sippen anzulegen. Dabei fand ich die Schriftrolle mit dem Verzeichnis der ersten Judäer, die aus der Verbannung zurückgekehrt waren. Darin hieß es:

6»Die hier Eingetragenen kommen aus der persischen Provinz Juda. Nebukadnezar, der König von Babylonien, hatte ihre Vorfahren in sein Land verschleppt. Sie kehrten in Sippenverbänden nach Jerusalem und Juda zurück, jeder an den Ort, aus dem seine Familie ursprünglich stammte.

7Sie wurden angeführt von Serubbabel, Jeschua, Nehemja, Asarja, Raamja, Nahamani, Mordochai, Bilschan, Misperet, Bigwai, Rehum und Baana.«

Es folgt ein Verzeichnis der heimkehrenden Sippen mit der Zahl der zu ihnen gehörenden Männer:

8von der Sippe Parosch 2172;

9von Schefatja 372;

10von Arach 652;

11von Pahat-Moab 2818, sie waren Nachkommen von Jeschua und Joab;

12von Elam 1254;

13von Sattu 845;

14von Sakkai 760;

15von Binnui 648;

16von Bebai 628;

17von Asgad 2322;

18von Adonikam 667;

19von Bigwai 2067;

20von Adin 655;

21von Ater 98, sie waren Nachkommen von Hiskia;

22von Haschum 328;

23von Bezai 324;

24von Harif 112;

25von Gibeon 95;

26aus Bethlehem und Netofa 188;

27aus Anatot 128;

28aus Bet-Asmawet 42;

29aus Kirjat-Jearim, Kefira und Beerot 743;

30aus Rama und Geba 621;

31aus Michmas 122;

32aus Bethel und Ai 123;

33aus dem anderen Nebo 52;

34von der Sippe des anderen Elam 1254;

35von Harim 320;

36aus Jericho 345;

37aus Lod, Hadid und Ono 721;

38von der Sippe Senaa 3930.

39Aus den Sippen der Priester kehrten zurück:

von der Sippe Jedaja 973 Männer mit ihren Familien, sie waren Nachkommen von Jeschua;

40von Immer 1052;

41von Paschhur 1247;

42von Harim 1017.

43Von den Leviten:

aus den Sippen Jeschua und Kadmiël 74, sie waren Nachkommen von Hodawja;7,43 So nach Esra 2,40. Der hebräische Text lautet: Jeschua (Nachkommen von Kadmiël und Hodawja).

44von den Tempelsängern:

aus der Sippe Asaf 148;

45von den Wächtern an den Tempeltoren:

aus den Sippen Schallum, Ater, Talmon, Akkub, Hatita und Schobai 138;

46von den Tempeldienern:

die Sippen von Ziha, Hasufa, Tabbaot, 47Keros, Sia, Padon, 48Lebana, Hagaba, Salmai, 49Hanan, Giddel, Gahar, 50Reaja, Rezin, Nekoda, 51Gasam, Usa, Paseach, 52Besai, die Mëuniter und die Nefusiter 53sowie die Sippen von Bakbuk, Hakufa, Harhur, 54Bazlut, Mehida, Harscha, 55Barkos, Sisera, Temach, 56Neziach und Hatifa.

57Von den Nachkommen der Diener Salomos kamen zurück:

die Sippen von Sotai, Soferet, Peruda, 58Jaala, Darkon, Giddel, 59Schefatja, Hattil, Pocheret-Zebajim und Amon.

60Insgesamt kehrten 392 Tempeldiener und Nachkommen von Salomos Dienern nach Israel zurück.

61-62Von den heimkehrenden Familien stammten 642 aus den Orten Tel-Melach, Tel-Harscha, Kerub-Addon und Immer. Sie gehörten zu den Sippen Delaja, Tobija und Nekoda, konnten jedoch ihre israelitische Abstammung nicht nachweisen.

63-64Einige der Priester durften keinen Tempeldienst ausüben, denn ihre Abstammungsregister waren nicht aufzufinden. Sie kamen aus den Sippen von Habaja, Hakkoz und Barsillai. Der Stammvater der Sippe Barsillai hatte eine Tochter des Gileaditers Barsillai geheiratet und den Namen seines Schwiegervaters angenommen. 65Der persische Statthalter verbot den Priestern aus diesen drei Sippen, von den geweihten Opfergaben zu essen, bis wieder ein Hoherpriester im Amt wäre, der das heilige Los werfen durfte, um über ihren Fall zu entscheiden.

66Insgesamt kehrten 42.360 Israeliten in ihre Heimat zurück, 67dazu kamen 7337 Sklaven und Sklavinnen und 245 Sänger und Sängerinnen.

68Die Israeliten brachten 435 Kamele und 6720 Esel mit.

69Einige Sippenoberhäupter stifteten freiwillige Gaben für den Wiederaufbau des Tempels. Der Statthalter gab 1000 Goldmünzen, 50 Opferschalen und 530 Priestergewänder. 70Die Sippenoberhäupter legten 20.000 Goldmünzen und 1500 Kilogramm Silber zusammen. 71Das übrige Volk spendete 20.000 Goldmünzen, 1400 Kilogramm Silber und 67 Priestergewänder.

72Die Priester, die Leviten, die Torwächter, Sänger und Tempeldiener ließen sich wie die übrigen Israeliten in ihren früheren Heimatorten nieder.

Asante Twi Contemporary Bible

Nehemia 7:1-73

1Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ. 2Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree. 3Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.”

Nehemia Twerɛ Nnipa No Edin

4Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu. 5Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:

6Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 7Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.

Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:

8Abusuafoɔ dodoɔ nie:  Paros 2,1729Sefatia 37210Arah 65211Pahat-Moab (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,81812Elam 1,25413Satu 84514Sakai 76015Bani 64816Bebai 62817Asgad 2,32218Adonikam 66719Bigwai 2,06720Adin 65521Ater (Hesekia asefoɔ) 9822Hasum 32823Besai 32424Harif 11225Gibar 9526Mmarima a wɔfiri  Betlehem ne Netofa 18827Anatot 12828Bet-Asmawet 4229Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 74330Rama ne Geba 62131Mikmas 12232Bet-El ne Ai 12333Nebo 5234Elam 1,25435Harim 32036Yeriko 34537Lod, Hadid ne Ono 72138Senaa 3,930

39Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

Yedaia (Yesua fie mufoɔ) asefoɔ 97340Imer asefoɔ 1,05241Pashur asefoɔ 1,24742Harim asefoɔ 1,017

43Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

Yesua (Kadmiel ne Hodewa fiefoɔ) asefoɔ 74

44Nnwontofoɔ:

Asaf asefoɔ 148

45Asɔredan Aponoanohwɛfoɔ:

Salum, Ater, Talmon asefoɔ,Akub, Hatita ne Sobai asefoɔ 138

46Asɔredan mu asomfoɔ:

Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,47Keros, Siaha, Padon asefoɔ,48Lebana, Hagaba, Salmai asefoɔ,49Hanan, Gidel, Gahar asefoɔ,50Reaia, Resin, Nekoda asefoɔ,51Gasam, Usa, Paseah asefoɔ,52Besai, Meunim, Nefusim asefoɔ,53Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,54Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,55Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,56Nesia ne Hatifa asefoɔ

57Ɔhene Salomo asefoɔ asomfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:

Sotai, Soferet, Perida asefoɔ,58Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,59Sefatia, Hatil,Pokeret-Hasebaim ne Ami asefoɔ,60Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no nyinaa na wɔn dodoɔ yɛ 392

61Ekuo foforɔ bi a saa ɛberɛ yi wɔfiri Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer sane baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yie sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ no ase firi Israel:

62Delaia, Tobia ne Nekoda asefoɔ no ka saa kuo yi ho, na wɔn dodoɔ yɛ 642

63Asɔfoɔ baasa a wɔn din de

Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.)

64Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho ɛkwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 65Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.

66Enti nnipa a wɔsane baa Yuda no nyinaa dodoɔ yɛ (42,360), 67a ɛno akyi, asomfoɔ (7,337) a wɔyɛ mmaa ne mmarima a ɛmu (245) yɛ nnwomtofoɔ. 68Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa nsia (736) mfunumpɔnkɔ ahanu ne aduanan enum (245). 69Nyoma ahanan ne aduasa enum (435) ne mfunumu mpem nsia ahanson ne aduonu (6,720).

70Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530). 71Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no. 72Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson (67).

73Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔ wɔn ankasa nkuro so.

Ɛsra Kenkan Mmara No

Ɔbosome Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfoɔ akokɔ wɔn nkuro so no,