הבשורה על-פי מרקוס 6 – HHH & ASCB

Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי מרקוס 6:1-56

1זמן קצר לאחר מכן חזרו ישוע ותלמידיו לנצרת – עירו של ישוע. 2‏-3בשבת הלך ישוע לבית הכנסת ולימד את הקהל. אנשים רבים התפלאו מאוד על חוכמתו ועל הניסים שחולל. אך הם ידעו שהוא אחד מהם ושהוא גר בסביבה וקראו: ”הוא אינו טוב מאתנו. הוא סך הכול נגר פשוט, בנה של מרים ואחיהם של יעקב, יוסף, יהודה ושמעון; ואחיותיו גרות כאן בינינו.“ הדבר גרם להם עלבון.

4”הנביא הוא מכובד רק בקרב אנשים זרים“, השיב להם ישוע. ”בני עירו, בני משפחתו וחבריו לעולם אינם מכבדים אותו.“ 5בגלל חוסר אמונתם לא יכול היה ישוע לעשות שם מעשי גבורה גדולים. הוא רק הניח את ידיו על מספר חולים וריפא אותם. 6חוסר אמונתם הדהים אותו מאוד.

לאחר מכן עבר ישוע מכפר לכפר ולימד את האנשים. 7הוא קרא אליו את שנים־עשר התלמידים, נתן להם סמכות וכוח לגרש רוחות רעות ושדים, ושלח אותם בזוגות אל הכפרים והערים. 8‏-9הוא אמר להם שלא ייקחו איתם דבר מלבד מקל הליכה; לא מזון, לא שמיכות, לא כסף ולא בגדים נוספים או זוג נעליים נוסף.

10”בכל כפר הישארו אצל מארח אחד בלבד; אל תעברו ממקום למקום“, הורה להם ישוע. 11”אם במקום כלשהו לא יקבלו אתכם ולא יקשיבו לכם, לכו משם. אך לפני שתלכו נקו את האבק מרגליכם, כדי שהאנשים יראו שמילאתם את חובתכם ועתה הנכם עוזבים אותם לגורלם.“

12וכך יצאו השליחים לדרך. לכל מי שפגשו בדרך קראו לחזור בתשובה ולהפסיק לחטוא. 13הם גרשו שדים רבים, ריפאו הרבה חולים ומשחו אותם בשמן.

14גם המלך הורדוס שמע על אודות ישוע, משום שכולם דיברו על הניסים שחולל. המלך חשב את ישוע ליוחנן המטביל שקם לתחייה, ולכן אמר: ”איני מתפלא על כך שהוא יכול לעשות ניסים ונפלאות.“ 15אנשים אחרים חשבו את ישוע לאליהו הנביא שקם לתחייה; היו שטענו כי ישוע הוא נביא חדש בדומה לנביאים שחיו בעבר.

16”לא“, אמר המלך הורדוס בהחלטיות. ”אני בטוח שזהו יוחנן, האיש שאת ראשו כרתי. הוא קם לתחייה!“

17‏-18זמן מה קודם לכן שלח הורדוס חיילים לאסור את יוחנן, כי יוחנן אמר שאסור להורדוס להתחתן עם הורודיה – אשת אחיו פיליפוס. 19הורודיה שנאה את יוחנן בשל כך ורצתה במותו כנקמה, אולם לשם כך היה עליה לקבל את רשותו של הורדוס. 20ואילו הורדוס כיבד את יוחנן ולא הרשה להורודיה לפגוע בו, כי ידע שיוחנן הוא אדם ישר וקדוש. הורדוס אהב מאוד להקשיב לדברי יוחנן אף כי גרמו לו מבוכה.

21ביום הולדתו של הורדוס הייתה להורודיה הזדמנות מצוינת להשיג את מבוקשה. המלך ערך מסיבה גדולה לכל האנשים החשובים, לקציני הצבא ולמושלי הגליל. 22‏-23בתה של הורודיה נכנסה לאולם ושעשעה את האורחים בריקודים. הורדוס נהנה כל־כך מריקודיה עד שנשבע בפזיזות: ”חי נפשי, את יכולה לבקש ממני כל מה שתרצי ואני מבטיח שתקבלי זאת; עד חצי המלכות אתן לך!“

24הבת יצאה מהאולם בהתרגשות ומיהרה להתייעץ עם אמה. הורודיה הורתה לה מיד: ”בקשי ממנו את ראשו של יוחנן המטביל!“

25הבת מיהרה חזרה אל המלך וקראה: ”אני רוצה את ראשו של יוחנן המטביל על מגש ומיד!“ 26המלך נמלא צער רב, אך לא יכול היה להפר את שבועתו בנוכחות האורחים, 27‏-28אז שלח את אחד משומרי ראשו אל הכלא, כדי לכרות את ראשו של יוחנן. השומר כרת את ראשו של יוחנן והביאו חזרה על מגש. הוא מסר את המגש לבת, וזו מסרה אותו לאמה.

29כאשר שמעו תלמידי יוחנן מה שקרה, באו לקחת את גופתו וקברו אותה לפי הדת.

30בינתיים חזרו השליחים ממסעם וסיפרו לישוע כל מה שעשו ולימדו.

31”הבה ניקח חופשה קצרה מן הקהל הרב הזה וננוח במקום שקט – הרחק מכול המולה“, הציע ישוע, כי אנשים כה רבים באו אליהם, כך שלא היה להם זמן לאכול. 32ישוע ותלמידיו הפליגו בסירה למקום שבו קיוו לנוח. 33אך אנשים רבים ראו אותם בעת שעזבו ורצו לפניהם לאורך החוף; הם כבר המתינו לישוע ותלמידיו במקום שבו עגנה הסירה. 34כאשר ירד ישוע מהסירה וראה את הקהל שחיכה לו על החוף, נמלא חמלה, כי הם נראו בעיניו כעדר ללא רועה. הוא לימד אותם דברים רבים שהיה עליהם לדעת. 35‏-36עם רדת הערב באו התלמידים לישוע וביקשוהו: ”אמור לכל האנשים האלה שילכו לקנות מזון בכפרי הסביבה, כי השעה מאוחרת ובמקום השומם הזה אין דבר לאכול.“

37”אתם בעצמכם תאכילו אותם.“ השיב ישוע.

”במה נאכיל אותם?“ שאלו התלמידים בתמיהה. ”נצטרך הון תועפות כדי לקנות אוכל לכל האנשים האלה!“

38”לכו לראות כמה ככרות לחם יש לנו“, אמר ישוע.

הם חזרו ואמרו: ”יש בידינו חמש ככרות לחם ושני דגים.“ 39‏-40ישוע ביקש מהקהל לשבת על הדשא, ולשבת בשורות של חמישים או מאה איש. 41הוא לקח את חמש ככרות הלחם ואת שני הדגים, הביט לשמים, ביקש מאלוהים שיברך את האוכל. לאחר מכן פרס את הלחם ונתן לכל אחד מתלמידיו פרוסת לחם וחתיכת דג, כדי שיגישו לקהל. 42והאנשים אכלו עד ששבעו לחלוטין!

43‏-44כחמשת־אלפים גברים (לא כולל נשים וילדים) השתתפו בארוחה, ולבסוף כשנאספו הפירורים והשאריות מהארץ הם מילאו שנים־עשר סלים. 45בתום הארוחה ביקש ישוע מתלמידיו לעלות לסירה ולשוט לבית־צידה, שם יפגוש אותם מאוחר יותר. ישוע עצמו נשאר להיפרד מהקהל ולשלח אותו הביתה.

46לאחר שעזבו כולם עלה ישוע על אחד ההרים להתפלל. 47בלילה, בזמן שהתלמידים היו בסירה באמצע הים וישוע היה על החוף, 48הוא ראה שתלמידיו בצרה – שהם חותרים בחוזקה ונאבקים עם הרוח והגלים.

בערך בשעה שלוש בבוקר הלך אליהם ישוע כשהוא פוסע על־פני המים, 49אולם כשראו התלמידים אדם הולך על־פני המים, נבהלו מאוד וצרחו מפחד, כי חשבו שראו רוח רפאים.

50ישוע דיבר אליהם מיד והרגיע אותם: ”אל תפחדו; זה אני!“ 51הוא עלה לסירה והרוח פסקה.

התלמידים ישבו שם נבוכים לגמרי ולא הבינו כיצד זה קרה, 52כי למרות הפלא של הערב הקודם הם עדיין לא הפנימו את מה שקרה.

53‏-54ישוע ותלמידיו הגיעו לגינוסר, קשרו את הסירה ועלו לחוף. אנשי המקום הכירו מיד את ישוע, 55ומיהרו לספר לכל אנשי הסביבה את דבר בואו. האנשים החלו להביא אליו חולים רבים על מיטות ואלונקות. 56הם נשאו את החולים לכל מקום שישוע הלך – לכפר, לעיר או לשדה – והתחננו לפניו שירשה להם לפחות לגעת בכנף בגדו; וכל מי שנגע בו נרפא.

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 6:1-56

Odiyifoɔ A Ɔnni Animuonyam

1Yesu firi baabi a ɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafoɔ no ka ne ho. 2Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ, maa dodoɔ a wɔbɛtiee no ho dwirii wɔn.

Wobisaa sɛ, “Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, ɛdeɛn nyansa na wɔde ama no a enti ɔtumi yɛ anwanwadeɛ yi? 3Ɛnyɛ dua dwumfoɔ ba no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no nie? Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuu no.

4Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ kurom, nʼabusuafoɔ mu, ne ne fie na ɔnni animuonyam.” 5Wantumi anyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ, gye ayarefoɔ kakra bi na ɔde ne nsa guu wɔn so, saa wɔn yadeɛ. 6Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwanwa.

Yesu Soma Asuafoɔ Dumienu No

Na Yesu kyinkyinii nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ. 7Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn tumi wɔ ahonhommɔne so.

8Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn nie, “Mommfa biribiara nkura gye mo poma nko ara; mommfa aduane anaa kotokuo anaa sika. 9Bio, mommfa mpaboa foforɔ anaa atadeɛ foforɔ nka deɛ ɛhyɛ mo yi ho. 10Baabiara a mobɛkɔ no, montena efie baako pɛ mu. Monnsesa mo atenaeɛ. 11Na sɛ morefiri kuro bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase tutuo, mfa nni adanseɛ.”

12Asuafoɔ no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wɔhyiaa no no sɛ ɔnnu ne ho, ntwe ne ho mfiri ne bɔne ho. 13Na wɔtutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ.

Yohane Osubɔni No Kum

14Ɔhene Herode tee yei, ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ. Ebinom kaa sɛ, “Yohane Osubɔni no na wasane aba nkwa mu bio, enti na ɔtumi yɛ anwanwadeɛ a ɔyɛ yi.”

15Ebinom nso susuu sɛ, Yesu yɛ Odiyifoɔ Elia na wasane aba.

Afoforɔ nso kaa sɛ, odiyifoɔ foforɔ bi a ɔte sɛ tete adiyifoɔ akɛseɛ no bi na waba.

16Herode kaa sɛ, “Dabi, ɛyɛ Yohane Osubɔni a metwaa ne ti no. Wanyane afiri owuo mu.”

17Saa ɛberɛ no, na Herode asoma asraafoɔ ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, ɛfiri sɛ, na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no awadeɛ. 18Yohane Osubɔni ka kyerɛɛ Herode sɛ, “Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo nua yere.” 19Asɛm a Yohane kaeɛ no anyɛ Herodia nso dɛ, ma ɔnyaa ne ho menasepɔ kaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum Yohane. Nanso, ɔrentumi nku no gye sɛ Herode ama no tumi. 20Na Herode de obuo ma Yohane, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee. Yei enti, ɔbɔɔ ne ho ban. Ɛberɛ biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yera no, nanso yei nyinaa akyi no, ɔde ntoboaseɛ tiee no.

21Deɛ Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo ɛpono wɔ nʼahemfie maa ne mpanimfoɔ, nʼasafohene ne Galilea mpanimfoɔ. 22-23Herodia babaa bɛsa kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa fɛ. Herode de ntamka kyerɛɛ ababaawa no sɛ, “Bisa me biribiara a wopɛ; sɛ mʼahemman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!”

24Ababaawa yi kɔɔ ne maame nkyɛn kɔbisaa no deɛ ɔmmisa, ma ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bisa no Yohane Osubɔni ti!”

25Ababaawa yi de ahoɔherɛ sane baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mepɛ sɛ wode Yohane Osubɔni tiri to prɛte mu ma me seesei ara!”

26Yei maa ɔhene no werɛ hoeɛ, nanso ɛsiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no enti, wammu ɛbɔ a ɔhyɛɛ ne babaa no so. 27Herode somaa nʼasraafoɔ no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkɔtwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kɔtwaa Yohane Osubɔni ti, 28na ɔde too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame. 29Ɛberɛ a Yohane asuafoɔ no tee deɛ asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kɔsiee no wɔ ɔboda bi mu.

Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane

30Asomafoɔ no sane baa Yesu nkyɛn bɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 31Yesu tiee wɔn amaneɛ no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwe yɛn ho mfiri nnipakuo yi ho, na yɛnkɔhome kakra.” Deɛ ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wɔnnya ɛkwan mpo na wɔadidi.

32Yesu ne nʼasuafoɔ no tenaa kodoɔ mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ. 33Nanso, ɛberɛ a wɔrekɔ no, nnipa pii hunuu wɔn, na wɔtuu mmirika faa mpoano hɔ kɔhyiaa wɔn. 34Yei enti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia wɔ hɔ. Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, na wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wɔhunu.

35Onwunu reyɛ adwo no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn, bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ resa. Aduane biara nso nni ha. 36Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduane bi nni.”

37Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma wɔn aduane nni.”

Wɔbisaa no sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua. Sɛ yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!”

38Yesu bisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.”

Wɔsane ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔwɔ burodo enum ne mpataa mmienu.”

39Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuakuo wɔ ɛserɛ no so. 40Enti, wɔtenatenaa ase akuakuo a ebi yɛ ɔha na ebi yɛ aduonum. 41Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! 43Nnipa a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum; 44na wɔtasee aseɛ nkaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.

Yesu Nante Nsuo Ani

45Adidie no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔnkɔtena kodoɔ no mu, na wɔnni ɛkan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuo no ɛkwan na wati wɔn. 46Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ no so kɔbɔɔ mpaeɛ.

47Anadwo no a asuafoɔ no te kodoɔ mu aduru nsuo no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. 48Ɔhunuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dweradweraa kodoɔ no, enti na wɔrebrɛ ɔkodoɔ no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, ɔnantee nsuo no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho. 49Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani no, wɔde ehu teateaam ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. 50Wɔn nyinaa hunuu no.

Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Monnsuro!” 51Afei, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ! Asuafoɔ no ho dwirii wɔn, 52ɛfiri sɛ, na wɔnnte aduanema no ase, na wɔapirim wɔn akoma.

Genesaret Ayaresa

53Wɔtwaa asuo no baa Genesaret na wɔduruu hɔ no, wɔde kodoɔ no baa mpoano. 54Na wɔsi firii kodoɔ no mu no, nnipa a wɔgyina hɔ no hunuu no. 55Wɔtuu mmirika kyinii nkuro a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare da wɔn kɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. 56Na nkuraa ase anaa nkuro so baabiara a ɔkɔreɛ no, wɔde ayarefoɔ bɛguu mmɔntene so, srɛɛ no sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.