הבשורה על-פי לוקס 23 – HHH & AKCB

Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי לוקס 23:1-56

1ראשי הכוהנים, הסופרים, זקני העם וחברי הסנהדרין הוליכו את ישוע אל פילטוס, 2ומיד החלו להאשים אותו: ”האיש הזה מסית את העם לא לשלם מס לקיסר הרומאי, וטוען שהוא המשיח, כלומר מלך!“

3”האם אתה מלך היהודים?“ שאל פילטוס את ישוע. ”אתה אומר“, ענה ישוע.

4פילטוס פנה אל ראשי הכוהנים ואל ההמון וקרא: ”מה אתם רוצים ממנו? הוא לא עבר על שום חוק!“

5אולם הם התעקשו: ”אבל הוא מסית את העם בכל אזור יהודה נגד השלטון. הוא החל בכך בגליל, ועכשיו הוא בא לירושלים.“

6”האם הוא תושב הגליל?“ שאל פילטוס.

7”כן“, השיבו לו. מאחר שהגליל היה במחוז שיפוטו של הורדוס, החליט פילטוס לשלוח את ישוע אליו. מלבד זאת, באותה העת היה הורדוס בירושלים.

8הורדוס שמח מאוד לראות את ישוע, מכיוון ששמע עליו ניסים ונפלאות, ומזה זמן רב השתוקק לפגוש אותו פנים אל פנים ולחזות בניסים שחולל.

9הורדוס שאל את ישוע שאלות רבות, אולם ישוע לא השיב דבר. 10בינתיים ראשי הכוהנים והסופרים הטיחו את האשמותיהם בישוע.

11גם הורדוס וחייליו בזו לישוע וצחקו לו; הם הלבישו אותו גלימת פאר ושלחוהו חזרה אל פילטוס. 12הורדוס ופילטוס, שהיו עד אז אויבים, הפכו באותו יום לידידים.

13פילטוס אסף את ראשי הכוהנים, ומנהיגים אחרים ואת העם, 14והודיע להם: ”הבאתם לפני את האיש הזה וטענתם שהוא מסית את העם למרוד בשלטון. חקרתי אותו היטב בנוכחותכם ולא מצאתי כל יסוד להאשמותיכם! 15גם הורדוס לא מצא כל אשמה בישוע, ולכן שלח אותו אלינו. האיש הזה לא עשה כל מעשה שדינו מוות! 16משום כך אלקה אותו בשוט ואשחרר אותו.“ 17מדי שנה בחג הפסח, נהג פילטוס לשחרר אסיר יהודי אחד.

18אך כולם צעקו פה אחד: ”קחו אותו מכאן! שחרר לנו את בר־אבא!“ 19(בר־אבא היה במאסר באשמת רצח והסתה למרד בירושלים). 20פילטוס רצה לשחרר את ישוע, ולכן ניסה להתווכח עם הקהל. 21אבל הקהל התעקש: ”צלוב אותו! צלוב אותו!“

22פילטוס שאל אותם פעם שלישית: ”מדוע? מה הוא עשה? לא מצאתי כל סיבה להוציאו להורג. אלקה אותו בשוט ואשחרר אותו.“ 23אבל הם המשיכו לצעוק ולהפציר בו לצלוב את ישוע, וצעקותיהם הכריעו את הנידון.

24פילטוס נכנע לדרישתם ודן את ישוע למוות. 25על־פי בקשתם שחרר את בר־אבא, שהיה אסור באשמת רצח ומרידה, ומסר לידיהם את ישוע כדי שיעשו בו כרצונם.

26בהוליכם את ישוע אל מקום הצליבה פגשו בדרך את שמעון הקוריני, שחזר מן השדה, ואילצוהו ללכת אחרי ישוע ולשאת את צלבו. 27בין הקהל הרב שהלך אחרי ישוע היו גם נשים רבות שספדו עליו. 28ישוע פנה אליהן ואמר: ”בנות ירושלים, אל תבכינה עלי, כי אם על עצמכן ועל ילדיכן, 29כי תבוא העת שבה נשים שאין להן ילדים תיחשבנה לבנות מזל.23‏.29 כג 29 כלשונו: ”הנה ימים באים ויאמרו: ’אשרי העקרות ואשרי המעיים אשר לא ילדו ואשרי השדיים אשר לא הניקו‘.“ 30בעת ההיא יתחננו בני־האדם לפני ההרים שיפלו עליהם ויכסו אותם, ולפני הגבעות – שתקבורנה אותם. 31שהרי אם זהו גורלו של אדם חף מפשע, מה נורא יהיה גורלם של האשמים באמת!“23‏.31 כג 31 כלשונו: ”אם ככה יעשו בעץ הלח, מה ייעשה ביבש?“

32יחד עם ישוע הובלו למוות גם שני פושעים. 33בהגיעם אל המקום שנקרא ”מקום הגולגולת“ – הם צלבו את השלושה: את ישוע במרכז, ואת שני הפושעים לימינו ולשמאלו.

34”אבי, סלח להם,“ קרא ישוע, ”כי אינם יודעים מה הם עושים!“ בינתיים ערכו החיילים הגרלה וחילקו ביניהם את בגדי ישוע. 35ההמון עמד והביט במתרחש, ואילו מנהיגי העם לעגו לו וקראו: ”הוא ’הושיע‘ כל־כך הרבה אנשים? אם הוא באמת המשיח בחיר האלוהים, הבה נראה כיצד יושיע את עצמו!“

36גם החיילים התלו בו; הם נתנו לו לשתות חומץ 37וקראו: ”אם אתה באמת מלך היהודים, הושע את עצמך!“

38מעל ראשו של ישוע תלו שלט: ”זהו מלך היהודים“.

39אחד הפושעים שהיה תלוי לצידו של ישוע לעג לו ואמר: ”אם אתה באמת המשיח, מדוע אינך מציל את עצמך ואותנו לפני שיהיה מאוחר מדי?“

40הפושע השני גער בחברו ואמר: ”האם גם במותך אינך ירא את האלוהים? 41אנחנו נענשים בעונש שמגיע לנו על מעשינו הרעים, אולם האדם הזה חף מפשע!“ 42הוא פנה אל ישוע ואמר: ”ישוע, זכור אותי כשתבוא אל מלכותך.“

43”עוד היום אתה תהיה איתי בגן־עדן“, ענה לו ישוע.

44בשעה שתים־עשרה בצהריים כיסה חושך את כל הארץ למשך שלוש שעות. 45אור השמש חשך, והפרוכת התלויה לפני קודש הקודשים בבית־המקדש נקרעה לשניים.

46לאחר מכן קרא ישוע בקול גדול: ”אבי, אני מפקיד את רוחי בידך.“ ונפח את נשמתו.

47קצין רומאי אחד, אשר ראה את המתרחש, נמלא יראת אלוהים וקרא: ”האיש הזה באמת היה צדיק!“

48משנוכחו האנשים שבאו לחזות בצליבה כי ישוע מת, הצטערו צער רב והלכו לבתיהם. 49כל חבריו וידידיו של ישוע, וביניהם הנשים שהלכו אחריו מהגליל, עמדו במרחק מה והביטו במתרחש.

50‏-51בין ידידיו של ישוע היה גם אדם בשם יוסף מהעיירה היהודית רמתיים. יוסף היה איש טוב וישר והאמין בביאת המשיח. למרות שהיה חבר הסנהדרין לא הסכים עם החלטתם ופעולתם.

52יוסף הלך אל פילטוס וביקש ממנו את גופתו של ישוע. 53לאחר שהוריד את הגופה מן הצלב עטף אותה יוסף בסדין, וקבר אותה בקבר חדש חצוב בסלע, שטרם נקבר בו איש. 54כל זה התרחש ביום שישי בערב, לפני כניסת השבת.

55הנשים אשר באו עם ישוע מהגליל הלכו אחרי יוסף וראו היכן שקבר את הגופה. 56לאחר מכן הלכו והכינו מרקחת בשמים, אולם לא שבו מיד אל הקבר, כי בינתיים נכנסה השבת והן לא רצו לחלל אותה.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 23:1-56

Wɔde Yesu Kɔ Pilato Anim

1Afei baguafo no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim. 2Wofii ase totoo nʼano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”

3Eyi maa Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?”

Yesu buaa no se, “Ɛno ara na woaka no.”

4Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.”

5Nanso wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kae se, “Baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi fi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abedu Yerusalem ha.”

6Pilato tee asɛm no, obisae se, “Onipa yi yɛ Galileani ana?” 7Bere a wɔka kyerɛɛ Pilato se Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, sɛ ɛte saa de a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, efisɛ Galilea hyɛ nʼase. Saa bere no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem.

8Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na osusuw nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwonwade akyerɛ no no nti, bere a ohuu no no, nʼani gyee yiye, efisɛ na ɔpɛe sɛ obehu no no akyɛ. 9Wobisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a oyii ano. 10Asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kɔɔ so ara kaa nsɛm a enni mu guu ne so. 11Herode ne nʼasomfo no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene san de no kɔmaa Pilato. 12Da no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu.

Pilato Di Ma Yesu

13Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne nnipadɔm no, 14ka kyerɛɛ wɔn se, “Mode onipa yi brɛɛ me se, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so no mu wɔ mo anim, nanso minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no fɔ. 15Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno nti, wasan de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ migyina so bu no kumfɔ. 16Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” 17Twam Afahyɛ biara du a Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn.

18Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so se, “Kum no, na gyaa Baraba ma yɛn.” 19Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyan ɔman na ɔsan dii awu nti, wɔde no too afiase.

20Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ogyaa no. 21Nanso wɔsan bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!”

22Obisaa wɔn ne mprɛnsa so se, “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ? Minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”

23Nanso wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato de no so se ɔmmɔ no asennua mu. 24Enti Pilato penee wɔn abisade no so maa wɔn. 25Ogyaa Baraba a esiane sɛ ɔhwanyan ɔman san dii awu no nti ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ no.

Yesu Asennuambɔ

26Wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asennua mu no, wohyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ofi afum reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no wɔ ne kɔn ho dii nʼakyi. 27Nnipadɔm a mmea a wɔresu retwa agyaadwo fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi. 28Yesu dan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, “Yerusalem mmea, munnsu me na munsu mo ho ne mo mma. 29Na mmere bi reba a wɔbɛka se, ‘Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoo da ne nufu a wonnum da.’ 30Saa bere no

“ ‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”

ne nkoko nso se, “Monkata yɛn so!” ’

31Na sɛ wɔde eyi yɛ me a meyɛ dummono no a, dɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ duwui?”

32Bere a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfo baanu bi kaa ne ho se wonkokum wɔn. 33Woduu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asennua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum. 34Yesu kae se, “Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.” Asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae.

35Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, “Ogyee ebinom nkwa; sɛ ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.”

36Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no 37kae se, “Sɛ wone Yudafo hene no a gye wo ho nkwa.”

38Wɔkyerɛw saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asennua no so se,

“YUDAFO HENE NO NI.”

39Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asennua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”

40Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, “Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbu koro no ara mu. 41Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.”

42Ɔsan kae se, “Yesu, wudu wʼahenni mu a kae me.”

43Yesu buaa no se, “Merehyɛ wo bɔ se nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.”

Yesu Wu

44Eduu owigyinae no, asase no so nyinaa duruu sum kabii kosii nnɔnabiɛsa. 45Owia duruu sum na ntama a etwa asɔredan no mu nso mu tewee abien. 46Yesu teɛɛ mu dennen se, “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ!” Ɔkaa eyi no, ogyaa mu.

47Asraafo panyin a na ogyina hɔ no huu nea asi no, oyii Onyankopɔn ayɛ se, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔtreneeni.” 48Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asennuambɔ no huu sɛ wawu no, wɔde awerɛhow fii hɔ kɔe. 49Saa bere no na Yesu nnamfo ne mmea bi a wodii nʼakyi fi Galilea baa no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa.

Wosie Yesu

50Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Na saa ɔbarima yi yɛ onipa pa a ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no. 51Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Yudafo baguafo no mu baako de, nanso wampene gyinae a wosisii ne nea wɔyɛɛ no so. 52Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.23.52 Wonsie ɔdebɔneyɛni a wɔakum no no amu. Mmom wotumi gyaw wɔ faako a wosie ahiafo. Na obusuani te sɛ ɛna tumi kɔsrɛ ɔdebɔneyɛni no amu no. Ɛyɛ akokodurusɛm kɛse sɛ Yosef a ɔka Sanhedrin ho no kɔsrɛɛ sɛ wɔmfa Yesu amu no mma no. 53Ɔma woyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu. 54Wosiee Yesu Fida a na Yudafo resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no.23.54 Fida ne da a edi homeda anim a wɔyɛ ahoboa de twɛn homeda no di. Ahosiesie Da no tumi yɛ da a edi Twam Afahyɛ anim. Ɛha no, wobetumi afa no sɛ Twam ahosiesie da. Esiane sɛ edi homeda no anim nti; ɛyɛ Fida.

55Wosiee amu no wiee no, mmea a wodi Yesu akyi fi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toe ne sɛnea wosiee no fae. 56Saa mmea yi san wɔn akyi kɔɔ fie kɔhwehwɛɛ nnuhuam ne ngo a wɔde besiesie Yesu amu no,23.56 Ntama basafa kakra ne ngo huamhuam bebree na wɔde siesie funu ansa na wɔasie. Nnuhuam nsania ani nkaribo 75 na wɔde yɛɛ adwuma anwummere a edi kan no (Yoh 19.39). Wɔtɔɔ nnuhuam no bi kaa ho de twɛn sɛ mmea no bɛsan aba homeda no akyi. nanso esiane sɛ na Homeda no adu nti wɔtenaa ase komm sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.