Habrit Hakhadasha/Haderekh

מעשי השליחים 16

1פולוס וסילא הלכו תחילה לדרבי ומשם ללוסטרה. בלוסטרה הם פגשו מאמין צעיר בשם טימותיוס. אמו הייתה יהודיה מאמינה, ואביו - יווני. מאחר שלטימותיוס היה שם טוב בין האחים בלוסטרה ובאיקניון, ביקש ממנו פולוס להילוות אליהם במסעם. מתוך התחשבות ברגשות יהודי הסביבה החליט פולוס למול את טימותיוס לפני צאתם לדרך, כי כולם ידעו שאביו יווני.

השלושה עברו מעיר לעיר ופרסמו את החלטת השליחים והזקנים בירושלים בנוגע למאמינים הגויים. והקהילה המשיחית גדלה והתפתחה מיום ליום באמונה ובמספר.

לאחר מכן עברו פולוס ומלוויו דרך פריגיה וגלטיה, כי רוח הקודש אמר להם שלא להיכנס לאסיה הקטנה באותו מסע. הם עברו לאורך גבולות מיסיה, והתכוננו ללכת צפונה - לביתיניה, אך רוח ישוע אמר להם שלא. לכן במקום ללכת לביתיניה הם עברו דרך מיסיה, והלכו לעיר טרואס. באותו לילה נראה לפולוס חזיון: הוא ראה בחלומו איש ממקדוניה (שביוון) מתחנן לפניו: "אנא, בוא אלינו למקדוניה ועזור לנו!" 10 מיד לאחר חלומו של פולוס עמדנו[a] לצאת למקדוניה, כי הגענו למסקנה שה' שולח אותנו לשם כדי לבשר את הבשורה.

11 עלינו על ספינה בטרואס והפלגנו לסמותרקיה, ולמחרת נסענו לנפוליס. 12 משם הגענו לפיליפי, שהייתה המושבה הרומאית הקרובה ביותר לגבול המקדוני, ונשארנו שם ימים אחדים.

13 בשבת יצאנו מחוץ לעיר והלכנו אל שפת הנהר, שם נהגה קבוצה אחת להתאסף לתפילה. התיישבנו שם ולימדנו את הנשים שנכחו במקום. 14 אחת מהן הייתה לידיה מהעיר תיאטירה, שהייתה סוחרת בבדי ארגמן. לידיה הייתה אישה יראת אלוהים, ועתה, כשהקשיבה לדבריו של פולוס, פתח אלוהים את לבה והיא האמינה לכל מה שאמר. 15 היא נטבלה יחד עם כל בני-ביתה, וביקשה מאיתנו להתארח אצלה. "אם אתם חושבים שאני באמת מאמינה באדון," אמרה, "בואו והתארחו בביתי." היא הפצירה בנו עד שהסכמנו.

16 יום אחד, כשבאנו למקום התפילה שעל שפת הנהר, פגשנו שפחה צעירה אחוזת-רוח ניחוש, שניבאה עתידות והרוויחה הרבה כסף לאדוניה. 17 היא רדפה אחרינו וצרחה: "אנשים אלה הם עבדי ה'; הם באו לספר לכם דרך ישועה!"

18 למורת רוחו של פולוס נמשך הדבר יום אחר יום, עד שלבסוף פנה אל השד שבתוכה וקרא: "בשם ישוע המשיח אני מצווה עליך לצאת ממנה!" והשד יצא מתוכה באותו רגע.

19 כשראו בעליה שאבדה תקוותם להרוויח כסף קל ומהיר, תפסו את פולוס וסילא וגררו אותם אל השופטים אשר בכיכר השוק.

20 "היהודים האלה משחיתים את העיר שלנו!" צרחו. 21 "הם מלמדים את האזרחים לעשות דברים המנוגדים לחוק הרומאי!"

22 לשמע דברים אלה התנפל ההמון על פולוס וסילא, והשופטים ציוו להפשיטם ולהלקותם בשוטים. 23 לאחר שהצליפו על גבם ללא רחמים, השליכו את השניים לכלא, והסוהר נצטווה לשמור עליהם כעל בבת-עינו (שאם לא כן יומת). 24 מאחר שהסוהר קיבל את הפקודה, השליך את השניים לצינוק ושם את רגליהם בסד.

25 בחצות הלילה התפללו פולוס וסילא ושרו לכבוד ה', וכל האסירים הקשיבו להם. 26 לפתע התחוללה רעידת אדמה חזקה שזעזעה את יסודות בית-הכלא. כל הדלתות נפתחו לרווחה, ואזיקיהם של כל האסירים ניתקו! 27 כשהתעורר הסוהר משנתו ומצא את כל דלתות הכלא פתוחות, היה בטוח שכל האסירים נמלטו, ולכן שלף מהר את חרבו כדי להתאבד. 28 אך פולוס צעק לעברו: "אל תהרוג את עצמך! כולנו כאן!"

29 בפחד וברעדה חיפש הסוהר נרות, רץ אל הצינוק ונפל לפני פולוס וסילא. 30 הוא הוציא אותם החוצה ושאל בתחינה: "רבותי, מה עלי לעשות כדי להיוושע?"

31 "עליך להאמין באדון ישוע," השיבו השניים, "ואז תיוושע - אתה וכל בני-ביתך בזכות האמונה!" 32 והם סיפרו לסוהר ולכל בני-ביתו את בשורת אלוהים. 33 באותה הזדמנות רחץ הסוהר את פצעיהם, ואחר כך נטבל עם כל בני ביתו. 34 לאחר מכן העלה אותם האיש לביתו וערך לפניהם סעודה גדולה. מה רבה הייתה שמחתו ושמחת כל בני-ביתו על שכולם האמינו עתה בה'. 35 למחרת בבוקר שלחו השופטים שוטרים אל הסוהר, ובפיהם הפקודה: שחרר את שני האסירים ותן להם ללכת!"

36 הסוהר מיהר אל פולוס ואמר: "השופטים ציוו עלי לשחרר אתכם; אתם חופשיים ללכת לדרככם!"

37 "בשום פנים ואופן לא!" השיב פולוס בהחלטיות. "למרות שאנחנו אזרחים רומאים ולא היינו אשמים בכל פשע, הכו אותנו בשוטים לעיני כל העם! לא די בכך שהכו אותנו בשוטים והשליכו אותנו לכלא ללא משפט, הם רוצים עתה לשלח אותנו מכאן בחשאי? שיבואו הנה בעצמם וישחררו אותנו!"

38 השוטרים מסרו לשופטים את דבריו של פולוס, וכשנודע להם שפולוס וסילא היו אזרחים רומאים, חששו לחייהם. 39 משום כך הזדרזו השופטים ללכת בעצמם לבית-הכלא, והתחננו לפני השניים שיואילו בטובם לעזוב את העיר. 40 פולוס וסילא יצאו מן הכלא וחזרו לביתה של לידיה. לאחר שעודדו את המאמינים שפגשו שם, הלכו השניים לדרכם.

Notas al pie

  1. מעשי השליחים 16:10 בשלב זה מצטרף מחבר הספר הזה, לוקס, אל פולוס, ומכאן ואילך נלווה אליו בכל מסעותיו.

Nkwa Asem

Asomafo 16

Timoteo kɔka Paulo ne Silas ho

1Paulo toaa n’akwantu no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na gyidini bi a ne din de Timoteo a ne na yɛ Yudani gyidini na n’agya nso yɛ Helani no te. Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikonium no nyinaa dii Timoteo ho adanse pa. Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ nti, otwaa no twetia. Efisɛ, Yudafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo n’agya yɛ Helani. Kurow biara a woduu so no, wɔkaa mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wonni so no kyerɛɛ wɔn. Asafo no nyinii gyidi mu na daa nnipa pii bɛkaa wɔn ho.

Twa bra Makedonia

Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn kwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no nti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia. Woduu Misia hye so no, wɔpɛe sɛ anka wɔkɔ Bitinia nanso Yesu Honhom no amma wɔn kwan. Enti wɔfaa Misia kosii Troa.

Da no anadwo Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no se, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!” 10 Anisoadehu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, efisɛ, yɛtee ase sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka Asɛmpa no wɔ hɔ.

Lidia adwensakra

11 Yɛde hyɛn fii Troa kɔɔ Samotrake na ade kyee no, yeduu Neapoli. 12 Yefii hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kurow titiriw a ɛwɔ Makedonia mansin a na Romafo di so no mu. Yedii nna kakra wɔ saa kurow yi mu.

13 Homeda dui no, yefii kurow no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafo taa hyia wɔ hɔ bɔ mpae. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmea bi a wɔbaa hɔ no Kyerɛwsɛm no. 14 Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamefɛrefo nti Awurade buee n’adwene mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no gye dii. 15 Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiei no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, “Sɛ mugye tom sɛ meyɛ Awurade mu gyidini ampa a, mommɛtena me fi.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii sɛ yɛpenee.

Paulo ne Silas da afiase

16 Da bi a yɛrekɔ baabi a yehyia bɔ mpae no, yehyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde n’akɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17 Odii yɛne Paulo akyi teɛteɛɛm se, “Saa nnipa yi yɛ ɔsorosoroni Nyankopɔn no asomfo a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagye ho asɛm akyerɛ mo.”

18 Eyi kɔɔ so ara kosii sɛ da bi Paulo de ahometew teɛteɛɛ hohommɔne no se, “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ, tu fi ne mu kɔ!” Amonom hɔ ara na hohommɔne no tu fii afenaa no mu.

19 Bere a afenaa no wuranom hui sɛ nea ɛma wɔn sika no afi wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanyin anim wɔ aguabɔe.

20 Wɔde wɔn brɛɛ mpanyin bɔɔ wɔn soboɔ se, “Saa nnipa yi yɛ Yudafo a wɔde wɔn nneyɛe ne wɔn kyerɛkyerɛ redan yɛn kurow yi ani. 21 Wɔrekyerɛkyerɛ amanne bi a esiane sɛ yɛyɛ Romafo nti, yɛn mmara mma yɛn ho kwan sɛ yegye tom.”

22 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no tow hyɛɛ wɔn so, na mpanyin no tetew Paulo ne Silas ntade mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wiei no, wɔde wɔn koguu afiase, na mpanyin no hyɛɛ afiase sohwɛfo no sɛ ɔnto wɔn mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenguan. 24 Afiase sohwɛfo no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn koguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfinimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu.

25 Ɔdasum a Paulo ne Silas rebɔ mpae reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ na nneduafo a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no, 26 prɛko pɛ, asase wosowee denneenen maa afiase no nnyinaso nso wosowee maa apon no nyinaa buebuei, na nneduafo no nyinaa nkɔsɔnkɔnsɔn tetewee. 27 Bere a afiase sohwɛfo no fi nna mu nyanee na ohui sɛ afiase no apon no abuebue no, osusuwii sɛ nneduafo no nyinaa aguan enti ɔtwee ne sekan pɛe sɛ anka ɔde kum ne ho.

28 Nanso Paulo kaw mu ka kyerɛɛ no se, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!”

29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfo no frɛ ma wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopo ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30 Afei ɔde wɔn fii adi bisaa wɔn se, “Awuranom, dɛn na menyɛ na manya nkwa?”

31 Wobuae se, “Gye Awurade Yesu di na obegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa.”

32 Afei wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfo no ne ne fifo nyinaa. 33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfo yi hohoroo Paulo ne Silas mmaa akuru no anim. Afei ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu. 34 Afiase sohwɛfo yi de Paulo ne Silas kɔɔ fie kɔmaa wɔn aduan dii na ɔne ne fifo nyinaa ho sanee wɔn, efisɛ, afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.

Wogyaa asomafo no

35 Ade kyee no, mpanyin no somaa asraafo kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfo no se, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.” 36 Afiase sohwɛfo no ka kyerɛɛ Paulo se, “Mpanyin no asoma abɛka se minnyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti monkɔ asomdwoee mu.”

37 Nanso Paulo ka kyerɛɛ asraafo no se, “Yɛyɛ Romafo. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa aguabɔe bɛbɔɔ yɛn mmaa de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ sɛ mugyaa yɛn sum ase? Dabida! Mpanyin no ankasa mmra ha mmegyaa yɛn.”

38 Asraafo no san kɔbɔɔ Roma mpanyin no amanneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafo no, wosuroe 39 enti wɔkɔmaa wɔn dibem yii wɔn fii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn se womfi kurow no mu. 40 Paulo ne Silas fi afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofii hɔ kɔe