Habrit Hakhadasha/Haderekh

מעשי השליחים 13:1-52

1אלה האנשים שנמנו עם המורים והנביאים בקהילת אנטיוכיה: בר־נבא, שמעון (המכונה ”כושי“), לוקיוס (מקוריניה), מנחם (אחיו החורג של הורדוס) ושאול (פולוס). 2יום אחד בשעה שהתפללו לאלוהים וצמו, אמר להם רוח הקודש: ”הקדישו לי את בר־נבא ואת שאול לביצוע משימה מיוחדת!“ 3הם הוסיפו להתפלל ולצום, ולאחר מכן סמכו את ידיהם על ראשיהם של שאול ובר־נבא, ברכו אותם ושלחו אותם לדרכם.

4בהדרכת רוח הקודש ירדו השניים לסלוקיא, ומשם הפליגו לקפריסין. 5הם עגנו בעיר סלמיס, ובישרו את דבר אלוהים בבתי־הכנסת (יוחנן מרקוס היה העוזר שלהם).

6לאחר מכן המשיכו לבשר בכל רחבי האי, עד שהגיעו לעיר פפוס. בעיר זאת פגשו יהודי אחד, בר־ישוע שמו, שהיה נביא שקר ועסק בכישוף.

7בר־ישוע היה ידיד למושל המקומי, סרגיוס פולוס. המושל, שהיה אדם נבון מאוד, הזמין את בר־נבא ופולוס לבקר אותו, משום שרצה לשמוע מפיהם את דבר האלוהים. 8אולם המכשף הזה, שנקרא ”אלימס“, לא רצה שהמושל יגיע לאמונה, ולכן התערב בשיחה ודרש מהמושל לא לשים לב לדבריהם של שאול ובר־נבא.

9אך שאול (הנקרא גם ”פולוס“), אשר היה מלא ברוח הקודש, הביט בנביא השקר וקרא: 10”בן בלייעל שכמוך! אתה מלא מרמה ופשע, ואויב מושבע של כל דבר טוב! האם לעולם לא תפסיק לסלף את דרכי האלוהים הישרים? 11עתה שים לב כיצד יעניש אותך אלוהים: תוכה בעיוורון זמני, ולא תראה את אור השמש.“

באותו רגע כיסה ערפל את עיניו, והוא החל לגשש סביבו ולחפש מישהו שיוביל אותו בידו. 12כשראה המושל את הנעשה, האמין באדון והשתומם על הכוח העצום של בשורת האלוהים.

13פולוס ומלוויו עזבו את פפוס, והפליגו בספינה לעיר פרגי שבמדינת פמפוליה. יוחנן מרקוס עזב אותם שם וחזר לירושלים, 14ואילו פולוס ובר־נבא המשיכו לאנטיוכיה אשר בפיסידיה.

בשבת הלכו השניים לבית־הכנסת וישבו בין המתפללים. 15לאחר קריאת פרשת השבוע מן התורה, וההפטרה מהנביאים, שלחו אליהם ראשי בית־הכנסת הודעה: ”אחים, אם יש לכם דבר עידוד והדרכה בשבילנו, אתם מוזמנים לדבר!“

16פולוס קם על רגליו, סימן לקהל שהוא עומד לדבר, ואמר: ”אנשי ישראל, וכל הבוטחים בה׳ והמכבדים אותו, הרשו לי לפתוח בסקירה היסטורית קצרה. 17אלוהי העם הזה – אלוהי ישראל – בחר באבותינו וברך אותם מאוד בתקופת שהותם במצרים. ביד חזקה ובזרוע נטויה הוא הוציא אותם מעבדות לחירות, 18וטיפל בהם במשך ארבעים שנות נדודיהם במדבר. 19לאחר שהשמיד שבעה עמים בארץ כנען, הוא נתן לעם ישראל את הארץ לנחלה. כל זה ארך כ־450 שנה.

20”לאחר מכן מינה עליהם אלוהים שופטים עד ימיו של שמואל הנביא.

21”בימיו של שמואל ביקש העם מלך, וה׳ נתן לו את שאול בן־קיש משבט בנימין, שמלך ארבעים שנה. 22אולם ה׳ הוריד אותו מכסא מלכותו, והמליך תחתיו את דוד המלך, זה שה׳ אמר עליו: ’דוד בן־ישי הוא איש כלבבי, והוא יעשה את רצוני‘. 23ומזרעו של דוד הקים ה׳ לישראל את המושיע המובטח, את ישוע המשיח!

24”עוד לפני בואו של ישוע קרא יוחנן לעם ישראל לשוב מחטאיו, לפנות אל ה׳ ולהיטבל במים. 25כשסיים יוחנן את תפקידו, שאל את העם: ’האם אתם חושבים שאני המשיח? לא, אינני המשיח! אבל הוא עומד לבוא, ואיני ראוי אף להתיר את שרוכי נעליו!‘

26”אחי בני אברהם, ואחי הגויים היראים את האלוהים: ישועה זאת נועדה לכולנו! 27תושבי ירושלים ומנהיגיהם לא הכירו את המשיח, ולא הבינו את דברי הנביאים אשר נקראו מדי שבת בבית־הכנסת. אף־על־פי־כן, כשהרגו אותו הם קיימו למעשה את דברי הנביאים. 28למרות שלא הייתה להם כל סיבה מוצדקת להוציא את ישוע להורג, דרשו מפילטוס לצלוב אותו. 29לאחר שקיימו את כל הנבואות הקשורות במותו, בלי שידעו זאת, הורידו אותו מעל הצלב וקברוהו.

30”אולם אלוהים הקים את ישוע מן המתים, 31ובימים שלאחר מכן הוא נראה פעמים רבות לעיני האנשים שליוו אותו מן הגליל לירושלים. מאז ועד היום לא פסקו האנשים האלה להעיד על כך בפומבי.

32”בר־נבא ואני מבשרים לכם עתה את הבשורה הטובה הזאת: את אשר הבטיח אלוהים לאבותינו, 33הוא הגשים לנו, צאציהם, על ידי תקומת ישוע. לכך מתכוון המזמור השני בתהלים: ’בני אתה, אני היום ילדתיך‘.

34”אלוהים הבטיח להחזירו לחיים, כדי שלא ימות עוד לעולם. אלוהים ייתן לכם את הבטחותיו הנפלאים לדוד כמו שכתוב בישעיה.13‏.34 יג 34 ישעיה נה 3 35במזמור טז כתוב: ’לא תיתן חסידך לראות שחת‘. 36פסוק זה אינו מתייחס לדוד, שהרי לאחר שדוד שרת את בני דורו לפי רצון ה׳, הוא מת, נקבר וגופו נרקב. 37פסוק זה מתייחס למישהו אחר – למישהו שאלוהים החזירו לחיים ושגופו כלל לא ניזוק מריקבון המוות.

38”אחים, הקשיבו! באמצעות ישוע זה אתם יכולים לקבל סליחת חטאים. 39כל מי שמאמין ובוטח בו משתחרר מכל אשמה, ואלוהים מצדיק אותו. התורה מעולם לא יכלה לשחרר אתכם מחטא ולהצדיקכם בעיני אלוהים. 40היזהרו! אל תתנו לדברי הנביאים להתגשם בכם:

41’ראו בוגדים והביטו,

והתמהו תמהו,

כי פֹעַל פֹּעֵל בימיכם,

לא תאמינו כי יסופר‘.13‏.41 יג 41 חבקוק א 5

”כלומר, ראו והתפלאו, אתם הבזים לאמת! כי אלוהים עומד לעשות משהו בימיכם, אשר לא תאמינו בו כשיספרו לכם על כך.“

42כשיצאו פולוס ובר־נבא מבית־הכנסת, הזמינו אותם האנשים לשוב ולדבר אליהם בשבת הבאה. 43בתום האסיפה בבית־הכנסת הלכו אחרי פולוס ובר־נבא הרבה יהודים וגויים יראי אלוהים. השניים שוחחו איתם ועודדו אותם לבטוח בחסדו של אלוהים.

44בשבת שלאחר מכן התקהלה כמעט כל העיר בבית־הכנסת, כדי לשמוע את דבר ה׳ מפי פולוס ובר־נבא. 45אולם כשראו מנהיגי היהודים את ההמון, נמלאו קנאה והכחישו את דבריו של פולוס בקללות ובגידופים.

46אך פולוס ובר־נבא דיברו באומץ והצהירו: ”הרגשנו שמחובתנו לבשר את דבר ה׳ קודם כל לכם – היהודים, אולם מכיוון שדחיתם אותו והוכחתם שאינכם ראויים לחיי נצח, נציע אותו לגויים! 47כי כך ציווה עלינו אלוהים:13‏.47 יג 47 ישעיהו מט 6

’ונתתיך לאור גוים,

להיות ישועתי עד קצה הארץ‘. “

48הגויים שמחו מאוד לשמוע את בשורת ה׳ מפי פולוס, וכל מי שנבחר לחיי נצח האמין. 49וכך התפשט דבר ה׳ בכל הארץ.

50אולם מנהיגי היהודים קוממו את הנשים המכובדות ואצילות נגד פולוס ובר־נבא. הם עוררו את ההמון לרדוף את פולוס ובר־נבא ולגרשם מן העיר. 51השניים ניערו את אבק העיר מעל רגליהם והלכו לעיר איקניון, 52ותלמידיהם באנטיוכיה נמלאו שמחה ורוח הקודש.

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 13:1-52

1Adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ atipɛnfoɔ, ne Saulo. 2Ɛberɛ a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyi Barnaba ne Saulo na wɔnkɔdi dwuma a ɛno enti mafrɛ wɔn no mma me.” 3Wɔdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ, de wɔn nsa guu wɔn so, somaa wɔn.

Barnaba Ne Saulo Kɔ Kipro

4Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wɔfiri hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔduruu Kipro. 5Wɔduruu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Saa ɛberɛ no, na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.

6Wɔtwaam wɔ supɔ no so kɔduruu Pafo, na ɛhɔ na wɔhyiaa Yudani nkonyaayifoɔ bi a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ a na ne din de Bar-Yesu. 7Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔ no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na ɔnim nyansa yie no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ, na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie. 8Nanso, nkonyaayifoɔ Bar-Yesu a, Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ amrado yi bɛtie Onyankopɔn asɛm. 9Afei, Honhom Kronkron bɛhyɛɛ Saulo a ne din de Paulo no ma maa ɔhwɛɛ nkonyaayifoɔ Elima dinn kaa sɛ, 10“Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wommpɛ ade pa biara yie. Nnaadaa ahodoɔ ahyɛ wo ma. Ɛberɛ biara, wopɛ sɛ wodane Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm! 11Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afira a worenhunu adeɛ firi saa ɛberɛ yi de kɔsi berɛ bi.”

Ɛhɔ ara Elima ani firaeɛ a na ɔde ne nsa rekeka sɛ ɔbɛnya obi asɔ ne mu anaa. 12Amrado no hunuu asɛm a asi no, ɔgyee Awurade asɛm no diiɛ. Awurade ho asɛm a ɔteeɛ no maa ne ho dwirii no.

Asomafoɔ No Kɔduru Antiokia

13Paulo ne nʼahokafoɔ no tenaa ɛhyɛn mu firii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaa wɔn hɔ sane kɔɔ Yerusalem. 14Wɔfiri Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Ɛduruu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomeeɛ. 15Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifoɔ no nsɛm wieeɛ no, hyiadan no mu mpanimfoɔ no soma kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”

16Afei, Paulo sɔre gyinaeɛ, nyamaa ne nsa hyɛɛ aseɛ kasaa sɛ, “Me nuanom Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no, montie me! 17Israel Onyankopɔn yii yɛn nananom ma wɔyɛɛ ɔman kɛseɛ ɛberɛ a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛseɛ so yii wɔn firii Misraim, 18na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan. 19Ɔsɛee amanaman nson wɔ Kanaan asase so na ɔde asase no maa ne nkurɔfoɔ, 20maa wɔtenaa so mfeɛ ahanan ne aduonum. Yei akyi no, ɔmaa atemmufoɔ dii wɔn so kɔsii sɛ Odiyifoɔ Samuel baeɛ. 21Ɛberɛ a wɔpɛɛ sɛ wɔnya ɔhene ma ɔdi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ɔfiri Benyamin abusua mu no maa wɔn maa ɔdii wɔn so mfeɛ aduanan. 22Onyankopɔn tuu Saulo adeɛ so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahunu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.’

23“Sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfoɔ Agyenkwa. 24Ansa na Yesu rebɛfiri nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakyera ho asɛm kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔnsakyera mfiri wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu. 25Ansa na Yohane rebɛwie nʼasɛnka no, ɔbisaa nnipa no sɛ, ‘Mosusu sɛ meyɛ hwan? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛre biara, deɛ moretwɛn no no bɛba, na mensɛ sɛ mɛworɔ ne mpaboa afiri ne nan.’

26“Me nuanom Abraham asefoɔ ne amanamanmufoɔ a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn enti na Onyankopɔn soma maa wɔde saa nkwagyesɛm yi abrɛ yɛn. 27Esiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no enti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu. 28Ɛwom sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔnkum no. 29Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no. 30Nanso, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu, 31ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no.

32“Afei, yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre firii awufoɔ mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nananom no aba mu. 33Yei ne deɛ wɔatwerɛ wɔ Nnwom a ɛtɔ so mmienu mu no sɛ,

“ ‘Woyɛ me ba;

ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.’

34Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔmaa no sɔre firii awufoɔ mu na ɔrensane nkɔ porɔeɛ mu no ne sɛ,

“ ‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no bɛhyira wo.’

35Wɔaka no baabi nso sɛ,

“ ‘Woremma wo Kronkronni no mporɔ.’

36“Dawid ɛberɛ so, ɔsomm Onyankopɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ, na ɔporɔeɛ. 37Nanso, deɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no amporɔ.

38“Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te aseɛ sɛ, ɛnam Yesu so na wɔka bɔne fakyɛ ho asɛm kyerɛ mo. 39Ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, obiara a ɔgye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no. 40Monhwɛ yie na adiyifoɔ no nkɔm a wɔhyɛɛ yi amma no so:

41“ ‘Mo fɛdifoɔ!

Momma ɛnyɛ mo nwanwa na mo ho nnwiri mo!

Ɛfiri sɛ, merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so,

na sɛ obi ka kyerɛ mo a,

morennye nni!’ ”

42Paulo ne Barnaba refiri asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. 43Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree a wɔasakyera aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafoɔ no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu.

Asomafoɔ No Kɔ Amanamanmufoɔ Nkyɛn

44Homeda a ɛdi so no duruiɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kuro no mu no nyinaa bɛtiee Awurade asɛm. 45Yudafoɔ no hunuu nnipakuo no, wɔn ani bereeɛ, ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnyeɛ, kasa tiaa no.

46Nanso, Paulo ne Barnaba de akokoɔduru kɔɔ so kaa sɛ, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane. Na sɛ moapo, na mommu mo ho sɛ nkwa a ɛnni awieeɛ ho hia mo enti a, yɛbɛgya mo hɔ akɔ amanamanmufoɔ no nkyɛn. 47Ahyɛdeɛ a Awurade de ama yɛn ne sɛ,

“‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea;

ɛnam mo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.’ ”

48Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ agyidifoɔ.

49Na Awurade asɛm no trɛɛ ɔmantam no mu nyinaa. 50Nanso, Yudafoɔ no tuu nnipa atitire a wɔwɔ kuro no mu no ne mmaa Nyamesurofoɔ a na wɔwɔ hɔ bi a wɔdi mu no aso maa wɔtaa Paulo ne Barnaba, pamoo wɔn firii ɔman no mu. 51Nanso, asomafoɔ no poroporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn so firii hɔ kɔɔ Ikoniom. 52Anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafoɔ a na wɔwɔ Antiokia no ma.