Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי מתי 7:1-29

1”אל תשפטו אחרים, ולא ישפטו אתכם. 2כי יתייחסו אליכם לפי איך שאתם מתייחסים לאחרים. ישפטו אתכם במידה שאתם שופטים אחרים. 3כיצד יכול אתה לראות שביב־עץ קטן בעין חברך, ולא להבחין בקרש הגדול שבעינך?

4”איך אתה יכול לומר לחברך: ’תן לי לסלק את השביב מעינך‘ בזמן שבעינך יש קרש כזה גדול? הרי כלל לא תוכל לראות את השביב! 5צבוע שכמותך! סלק תחילה את הקרש מעינך, ורק לאחר מכן תוכל לסלק את שביב העץ מעין חברך!

6”אל תתנו דברים קדושים לאנשים מושחתים, אל תתנו פנינים לחזירים. הם ירמסו את הפנינים, ולאחר מכן יפנו לתקוף אתכם.

7”אם תבקשו – תקבלו; אם תחפשו – תמצאו; ואם תדפקו תיפתח לפניכם הדלת. 8כי כל המבקש מקבל, כל המחפש מוצא, ולפני כל דופק נפתחת הדלת. 9אם ילד מבקש מאביו פרוסת לחם, האם האב ייתן לו אבן במקום לחם? 10אם הילד מבקש דג, האם אתם חושבים שיקבל נחש? 11ואם אנשים רעים וחוטאים כמוכם נותנים לילדיכם מתנות טובות, האם לא ייתן אביכם שבשמים מתנות הרבה יותר טובות למבקשים ממנו?

12”עשו לאחרים את מה שהייתם רוצים שיעשו לכם – זאת תמצית התורה ודברי הנביאים.

13”הלכו דרך הפתח הצר, כי השביל המוביל לאבדון הוא רחב, ושער הכניסה רחב גם הוא. 14אולם שער החיים הוא קטן, השביל צר, ורק מעטים מוצאים אותו.

15”היזהרו לכם מהמורים המפיצים תורות שקר. הם מתחפשים לכבשים תמימים, בעוד שלמעשה הם זאבים רעים הרוצים לטרוף אתכם. 16תוכלו לזהות אותם על־פי התנהגותם, כשם שאפשר לזהות עץ על־פי פירותיו. הלא יודעים אתם להבחין בין גפן ענבים לבין ברקנים, בין תאנים לבין קוצים! 17עץ משובח נותן פרי משובח, ועץ רקוב נותן פרי רקוב. 18עץ טוב לא ייתן פרי רקוב, ועץ רקוב לא ייתן פרי טוב. 19משום כך יש לכרות ולשרוף כל עץ שאינו נותן פרי טוב. 20אכן, גם עצים וגם בני־אדם אפשר לזהות על־פי פירותיהם.

21”לא כל מי שמדבר כאיש דתי ואדוק הוא באמת מאמין. הם יכולים לקרוא לי: ’אדוני, אדוני‘, אבל אין זה מספיק כדי להכניסם לשמים. החשוב הוא אם הם שומעים לקול אבי שבשמים. 22ביום־הדין יאמרו לי אנשים רבים: ’אדון, אדון, הלא בשמך ניבאנו, ובשמך גירשנו שדים וחוללנו נסים רבים‘. 23אולם אני אענה: ’מעולם לא הכרתי אתכם. הסתלקו מכאן, פושעים שכמותכם!‘

24”כל מי שמקשיב לדברי ומקיים אותם, דומה לאדם חכם הבונה את ביתו על סלע איתן. 25שכן גם אם ירד גשם שוטף ותתחולל סערה, לא ייפול הבית ולא יתמוטט, כי נבנה על הסלע. 26לעומתו, מי שמקשיב לדברי ואינו מקיים אותו דומה לאדם טיפש הבונה את ביתו על החול. 27שהרי בבוא שיטפון וסערה יתמוטט הבית וייהרס כליל.“

28ההמונים נדהמו מאוד כששמעו את הדרשות של ישוע, 29כי הוא דיבר אליהם בסמכות רבה ולא כמו הסופרים.

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 7:1-29

Atɛnyie

1“Mommmu ntɛn, na afoforɔ ammu mo ntɛn. 2Deɛ mode yɛ afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.

3“Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so? 4Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so. 5Nyaatwomni! Di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahunu aboseaa a ɛda wo nua ani so ayi ama no.

6“Mommfa deɛ ɛho te mma nkraman. Saa ara nso na monnto mo nhwene pa ngu mprako anim! Wɔbɛtiatia so, na woadane wɔn ho ato ahyɛ mo so.

Bisa, Hwehwɛ, Pem

7“Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo. 8Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.

9“Na hwan na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ? 10Anaasɛ ɔbisa no nsuomnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da! 11Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no. 12Enti, sɛdeɛ mmara no ne adiyifoɔ no ka no, adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.

Ɛkwan Teateaa No

13“Ɛkwan teateaa no nko ara so na wobɛtumi afa akɔ ɔsoro! Ɛkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛ, na nʼapono nso mu baeɛ ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛeɛ mu. 14Ɛpono a wɔwura mu de kɔ nkwa mu no yɛ ketewa na ɛkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakra bi na wɔhunu fa so.

15“Monhwɛ mo ho yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu sɛ nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho. 16Wɔn nneyɛeɛ na mode bɛhunu wɔn, sɛdeɛ motumi de dua bi aba hunu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so; saa ara nso na worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so. 17Dua a ɛwɔ nnyinasoɔ pa no tumi so aba pa; na dua a ɛnni nnyinasoɔ pa no nso so aba bɔne. 18Dua pa ntumi nso aba bɔne saa ara nso na dua bɔne ntumi nso aba pa. 19Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa de gu ogya mu hye no. 20Onipa nneyɛeɛ na ɛma yɛhunu ne suban.

21“Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu. 22Atemmuo da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, sane yɛɛ anwanwadeɛ, ahodoɔ’. 23Na mabua wɔn sɛ, ‘mennim mo da. Momfiri me so nkɔ, nnebɔneyɛfoɔ!’

24“Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te sɛ onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so. 25Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛremmu da ɛfiri sɛ, wɔsi sii ɔbotan so. 26Nanso, wɔn a wɔtie deɛ meka na wɔnni soɔ no te sɛ ɔkwasea bi a ɔsii ne dan sii anwea so. 27Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛbɛdwiri agu fam, abubu pasaa.”

28Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wɔtiee no no nyinaa ho dwirii wɔn, 29ɛfiri sɛ, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ obi a ɔkura tumi na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kyerɛ no.