Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי מתי 5:1‏-48

1‏-2יום אחד, כשהתאסף סביבו קהל גדול, עלה ישוע עם תלמידיו על מדרון הגבעה, התיישב שם והחל ללמד:

3”אשרי האנשים המודים בעניותם הרוחנית, כי להם שייכת מלכות השמים.

4אשרי הבוכים והמתאבלים, כי הם ינוחמו.

5אשרי הצנועים והענווים, כי העולם כולו שייך להם.

6אשרי השואפים בכל לבם לעשות את הטוב והישר, כי אלוהים ימלא את שאיפתם.

7אשרי האדיבים והרחמנים, כי אלוהים יגלה כלפיהם רחמים.

8אשרי האנשים שלבם טהור, כי הם יראו את אלוהים.

9אשרי האנשים הרודפים שלום, כי הם ייקראו ’בני־אלוהים‘.

10אשרי הסובלים והנרדפים בגלל עשותם את רצון ה׳, כי להם שייכת מלכות השמיים.

11”אם יקללו אתכם, יעלילו עליכם שקרים וירדפו אתכם בגלל אמונתכם בי, 12שמחו מאוד! כן, שמחו מאוד, כי שכר רב לכם בשמים, וזכרו שכך רדפו גם את הנביאים!

13”אתם מלח הארץ. מה יקרה לעולם אם תאבדו את המליחות שלכם? מלח תפל הוא חסר תועלת, ואינו ראוי אלא שיזרקו וירמסו אותו.

14”אתם אור העולם – בדומה לעיר הבנויה על הר, אשר כל אחד יכול לראות את אורותיה בלילה. 15‏-16אל תסתירו את אורכם! הניחו לו להאיר לכולם! תנו לכל אדם לראות את התנהגותכם הטובה, ואז יודו כולם לאביכם שבשמים.

17”אל תחשבו שבאתי לבטל את תורת משה או את אזהרותיהם של הנביאים; באתי לקיים ולמלא אותן! 18אני אומר לכם בכל הכנות והרצינות: מצוות התורה תישארנה בתוקף עד שיתקיים הכול. 19מי שיעבור על המצווה הקטנה ביותר או שיעודד אחרים לעשות זאת, הוא יהיה קטן במלכות השמים. ואילו מי שילמד את תורת ה׳ ואף יקיים את מצוותיה, יהיה גדול במלכות השמים.

20”אולם אני מזהיר אתכם: אם לא תהיו טובים יותר מהפרושים והסופרים, לא תוכלו להיכנס למלכות השמיים.

21”תורת משה אומרת: ’לא תרצח‘, והרוצח יחויב לדין. 22אולם אני אומר לכם שאם אדם אף כועס על אחיו, עליו לעמוד לדין. גם מי שיקרא לחברו ’אידיוט!‘ עליו לעמוד לדין, ואם יקלל את חברו הריהו בסכנת גיהינום! 23לכן אם אתה עומד לפני המזבח בבית־המקדש ומביא קורבן לה׳, ולפתע אתה נזכר שלאחד מחבריך יש דבר מה נגדך, 24השאר את קורבנך לפני המזבח, מהר אל חברך ובקש את סליחתו. לאחר מכן חזור לבית־המקדש והקרב את הקרבן לה׳. 25התפייס מהר עם אויבך, אחרת יהיה מאוחר מדי והוא יסגירך לידי החוק, ואז ישליכו אותך לכלא – 26שם תישאר עד שתשלם את האגורה האחרונה!

27”תורת משה אומרת: ’לא תנאף‘. 28אולם אני אומר לכם: כל מי שמסתכל על אישה בתאווה, כאילו נאף אותה בלבו. 29משום כך, אם עינך גורמת לך לחשוק ולחמוד, עקור והשלך אותה. מוטב שתאבד חלק מגופך, מאשר שיושלך כל גופך לגיהינום. 30ואם ידך – ולו גם הימנית – גורמת לך לחטוא, קצץ והשלך אותה! מוטב כך, מאשר למצוא את עצמך בגיהינום.

31”תורת משה אומרת שאם איש רוצה לגרש את אשתו, עליו לתת לה ספר כריתות, וזה הכל. 32אולם אני אומר שאיש המגרש את אשתו מלבד במקרה שבגדה בו, גורם לכך שתנאף אם תינשא בשנית. גם מי שיתחתן איתה לאישה נחשב לנואף!

33”התורה אומרת שאם נשבעת, עליך לקיים את שבועתך. 34ואילו אני אומר: אל תישבע כלל! אל תאמר: ’אני נשבע בשמים‘, כי כסא ה׳ נמצא בשמים. 35אם אתה נשבע ’בארץ‘, אתה נשבע למעשה בהדום רגליו של אלוהים. כמו כן אל תישבע ’בירושלים‘, כי היא ’קרית מלך רב‘.5‏.35 ה 35 תהלים מח 3 36גם אל תישבע על ראשך, כי אפילו שערה אחת אין ביכולתך לשנות ללבן או שחור. 37אמור פשוט: ’כן‘, או ’לא‘. יותר מזה מן הרע הוא.

38”התורה אומרת ’עין תחת עין, שן תחת שן‘.5‏.38 ה 38 שמות כא 24, ויקרא כד 20 39ואילו אני אומר לכם: אל תתקוממו נגד מי שעושה רע נגדכם. אם מישהו סוטר לך על הלחי, הושט לו גם את הלחי השנייה. 40אם דורשים ממך בבית המשפט לתת את חולצתך, תן להם גם את מעילך. 41אם חייל כופה עליך לשאת את תרמילו קילומטר אחד, שא אותו שני קילומטרים. 42תן למי שמבקש ממך, ואל תדחה את מי שרוצה ללוות ממך כסף.

43”שמעתם שנאמר: ’ואהבת לרעך, ושנאת את אויבך‘. 44אולם אני אומר: אהבו את אויביכם והתפללו בעד אלה שרודפים אתכם, 45כי כך תהיו בנים לאביכם שבשמים. שהרי אלוהים נותן את אור השמש גם לטובים וגם לרעים, ואף את הגשם הוא מוריד על צדיקים ועל רשעים כאחד. 46אם אתם אוהבים רק את אלה שאוהבים אתכם, מה מיוחד בכך? גם הפושעים נוהגים כך! 47ואם אתם חברים רק לחבריכם, במה שונים אתם מכל האחרים? הלא גם עובדי אלילים נוהגים כך! 48שאפו להיות שלמים כשם שאביכם שבשמים שלם.“

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 5:1-48

Nhyira Nsɛm

1Ɔhunuu nnipakuo no saa no, ɔkɔɔ bepɔ bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafoɔ no kɔɔ ne nkyɛn. 2Na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ,

3“Nhyira ne wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ honhom mu,

na wɔn na ɔsoro ahennie yɛ wɔn dea.

4Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ.

5Nhyira ne ahobrɛasefoɔ,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

6Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn.

7Nhyira ne wɔn a wɔhunu mmɔbɔ,

na wɔn na Onyankopɔn bɛhunu wɔn mmɔbɔ.

8Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ,

na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.

9Nhyira ne apatafoɔ,

na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

10Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn,

na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.

11“Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so. 12Momma mo ani nnye na monsɛpɛ mo ho, ɛfiri sɛ, mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Monhunu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii mo ɛkan no.

Nkyene Ne Kanea

13“Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu na nnipa tiatia so.

14“Mone ewiase kanea. Kuro a ɛda bepɔ so no ntumi nhinta. 15Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa. 16Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam.

Mmara No Mu Den Hyɛ

17“Monnsusu sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom, maba sɛ merebɛhyɛ no ma sɛdeɛ ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 18Monhunu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kɔsi sɛ ne nyinaa bɛba mu. 19Yei enti, obiara a ɔbɛbu mmaransɛm no mu fa bi so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso abu mmaransɛm no mu fa bi so no, ɔbɛyɛ akumaa ɔsoro ahennie mu. Na obiara a ɔbɛdi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso adi mmara no soɔ no, ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie mu. 20Enti, merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahennie mu deɛ a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ sene deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ne Farisifoɔ no yɛ.

Abufuo Ho Mmara

21“Mose mmara no ka sɛ, ‘Deɛ ɔdi awuo no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wɔkum no bi.’ 22Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, obiara a ne bo bɛfu ne nua no, wɔbɛbu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛdi ne nua atɛm no, wɔbɛfrɛ no mpanin anim. Afei, obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua sɛ, ‘Ogyimifoɔ’ no, ɔbɛkɔ amanehunu ogya mu.

23“Enti, sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔdeɛ na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a, 24gyae afɔdeɛ no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom ansa na woakɔbɔ wʼafɔdeɛ no.

25“Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ ankɔma ɔtemmufoɔ, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfoɔ nsa, na afiasehwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase. 26Sɛ ɔde wo kɔ ɔtemmufoɔ anim a, kae sɛ, ansa na wobɛfiri asɛnniiɛ hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afiri wo hɔ no.

Adwamammɔ

27“Mose mmara no ka sɛ, ‘Nsɛe awadeɛ.’ 28Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Obiara a ɔhunu ɔbaa na ne kɔn dɔ no nʼakoma mu no, abɔ adwaman. 29Sɛ wʼani baako a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtu ato atwene. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua no nyinaa atwene amanehunu ogya mu. 30Saa ara nso na sɛ wo nsa a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtwa ato atwene ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua nyinaa atwene amanehunu ogya mu.

Awaregyaeɛ

31“Mose mmara no ka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa.’ 32Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbaa no sane kɔware bio a, na ɔbarima a ɔgyaee no no ama ɔbaa no asɛe awadeɛ. Ɔbarima foforɔ a ɔbɛware ɔbaa no nso asɛe awadeɛ saa ara.

Ɔkasa Mu Nokorɛdie

33“Bio, Mose mmara no ka sɛ, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom, di bɔ a woahyɛ no no so.’ 34Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Monnka ntam mfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa. 35Monnnɔ fam, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn nan ase adwa. Monnnɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuropɔn. 36Mfa wo tiri nka ntam, ɛfiri sɛ, worentumi nnane tirinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum. 37Momma mo nsɛm nyɛ ‘Aane’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ aane anaa dabi no firi ɔbonsam.

Aweretɔ

38“Mose mmara no ka sɛ, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne deɛ bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne deɛ bi.’ 39Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dane benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. 40Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatadeɛ nhyɛaseɛ a, worɔ wʼatadeɛ nkatasoɔ ka ho ma no. 41Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnante kwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansini mmienu. 42Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.

Dɔ Wʼatamfoɔ

43“Moate sɛ wɔaka sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko, na tane wʼatamfoɔ.’ 44Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo. 45Yei bɛma mo ayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, ɛfiri sɛ, ɔma nʼawia pue, ma ne nsuo tɔ ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa pɛ. 46Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mobɛnya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ? 47Sɛ mokyea wɔn a monim wɔn nko ara a, nsonsonoeɛ bɛn na ɛda mo ne afoforɔ ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ? 48Enti monyɛ pɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ pɛ no.