Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי מתי 14:1-36

1כאשר שמע הורדוס (שר הרובע של המדינה) על ישוע, 2אמר לאנשיו: ”אין ספק שהאיש הזה הוא יוחנן המטביל! יוחנן קם לתחייה, ולכן הוא מסוגל לחולל את כל הנסים האלה.“ 3הורדוס אמר דברים אלה משום שזמן מה קודם לכן אסר את יוחנן וכבל אותו בכלא, על־פי דרישת אשתו הורודיה שהייתה בעבר אשת אחיו פיליפוס, 4משום שיוחנן אמר להורדוס שאסור לו להתחתן אתה. 5הורדוס רצה להרוג את יוחנן, אולם פחד ממהומות ומרידות, כי העם חשב את יוחנן לנביא.

6אולם במסיבת יום הולדתו של הורדוס רקדה לפניו בת הורודיה ריקוד שמצא־חן בעיניו מאוד, 7והוא הבטיח בשבועה לתת לה כל מה שתרצה. 8לפי דרישת אמה ביקשה הנערה שיביאו לפניה על מגש את ראשו של יוחנן המטביל.

9המלך הצטער, אולם לא רצה להפר את שבועתו, ולא רצה לאבד את יוקרתו בעיני אורחיו. משום כך נתן הורדוס את ההוראות הדרושות, 10וראשו של יוחנן נכרת בבית הסוהר 11והובא על מגש לבתה של הורודיה, אשר נתנה אותו לאמה.

12תלמידי יוחנן באו וביקשו את גופתו, ולאחר שקברו אותו הלכו לישוע וסיפרו לו מה שקרה.

13כששמע ישוע מה שקרה, הפליג לבדו בסירה למקום מבודד, אולם ההמונים גילו אותו, ולכן עזבו את כפריהם והלכו אחריו לאורך חוף הים. 14ישוע ירד מהסירה, וכשראה את האנשים הרבים שחיכו לו, ריחם עליהם וריפא את החולים שביניהם.

15לפנות ערב ניגשו אליו תלמידיו ואמרו: ”אמור לכל האנשים האלה שילכו לקנות אוכל בכפרים שבאזור, כי השעה מאוחרת ובמקום השומם הזה אין מה לאכול.“

16אולם ישוע השיב להם: ”אין צורך. אתם תאכילו אותם.“

17”מה?“ קראו התלמידים בתמיהה. ”יש לנו רק חמש ככרות לחם ושני דגים.“

18”הביאו אותם לכאן“, הורה ישוע. 19הוא ציווה על האנשים לשבת על הדשא, לאחר מכן לקח את חמש ככרות הלחם ואת שני הדגים, הביט לשמים, ביקש מאלוהים שיברך את האוכל, פרס את הלחם ונתן לתלמידיו שיחלקו לעם. 20כולם אכלו עד ששבעו, וכשאספו לבסוף את הפירורים שנשארו, מילאו שנים־עשר סלים. 21באותו ערב היו שם כחמשת־אלפים גברים מלבד הנשים והילדים!

22לאחר מכן אמר ישוע לתלמידיו להיכנס לסירה ולחצות את הים, בעוד שהוא עצמו נשאר להיפרד מהקהל ולפזר אותם הביתה. 23‏-24לאחר ששלח ישוע את האנשים עלה על גבעה להתפלל. עם רדת הלילה, כשהתלמידים היו בסירה וישוע היה לבדו על החוף, פרצה סערה עזה והתלמידים נאבקו נגד הרוח החזקה והגלים הגבוהים.

25בערך בשעה ארבע לפנות בוקר בא ישוע לקראתם, כשהוא פוסע על־פני המים. 26התלמידים המבוהלים צעקו מפחד, כי חשבו שהוא רוח רפאים.

27ישוע דיבר אליהם מיד והרגיע אותם: ”אל תפחדו, זה אני!“

28”אדון, אם זה באמת אתה,“ קרא אליו שמעון פטרוס, ”צווה עלי ללכת לקראתך על־פני המים!“

29”בסדר“, ענה ישוע. ”בוא!“ ופטרוס ירד מן הסירה והחל ללכת על־פני המים לקראת ישוע. 30אולם כשהביט פטרוס בגלים הגבוהים שסבבוהו נבהל והחל לטבוע. ”הצל אותי, אדון!“ צעק פטרוס.

31מיד הושיט ישוע את ידו וחילץ את פטרוס. ”חסר־אמונה אתה!“ הוכיח אותו ישוע. ”מדוע פקפקת?“ 32כשעלו ישוע ופטרוס לסירה פסקה הרוח.

33התלמידים האחרים ישבו שם המומים ונדהמים. ”אתה באמת בן האלוהים!“ קראו.

34הם המשיכו בדרכם ועגנו בחוף גניסרת. 35אנשי המקום הכירו אותו מיד, והפיצו את דבר בואו בכל האזור. תוך זמן קצר הובאו אליו חולים רבים כדי שירפא אותם. 36החולים ביקשו מישוע שירשה להם רק לגעת בכנף בגדו, וכל מי שנגע בו נרפא.

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 14:1-36

Yohane Osubɔni Kum

1Ɛberɛ no mu ara na Herode a na ɔdi ɔhene wɔ Galilea no tee Yesu nka. 2Ɔtee Yesu nka no, deɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ ne sɛ, “Ɛnyɛ obiara sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu. Yei enti na wanya tumi foforɔ de reyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ yi.”

3Saa ɛberɛ no na Herode ama wɔakyere Yohane Osubɔni ato afiase, ɛfiri sɛ, na wakasa atia Herodia ne Herode awadeɛ no 4sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere. 5Herode pɛɛ sɛ ɔkum Yohane. Nanso na ɔsuro sɛ, sɛ ɔkum no a, basabasa bɛba ɔman no mu. Ɛfiri sɛ, na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.

6Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase Herodia babaa bɛsa ma ɛyɛɛ Herode fɛ. 7Yei maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ sɛ, ɔmmisa deɛ ɔpɛ biara na ɔde bɛma no. 8Ababaawa yi maame Herodia tuu no fo sɛ, “Mmisa biribiara, gye sɛ Yohane ti a wɔatwa ato prɛte mu.” 9Herode tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya, ma ɛhaa no. Nanso, ɛsiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no enti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ deɛ ababaawa no hwehwɛ no maa no. 10Herode soma ma wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ. 11Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame. 12Yohane asuafoɔ no bɛfaa nʼamu no kɔsiee no. Yei akyi, wɔkɔbɔɔ Yohane wuo no ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu.

Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane

13Yesu tee Yohane Osubɔni wuo no, ɔtee ne ho kɔtenaa baabi a obiara nni hɔ. Nnipa tee ne nka maa wɔnam fam firi wɔn nkuro ne wɔn nkuraaseɛ tii no kɔɔ deɛ ɔwɔ hɔ. 14Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no wɔ hɔ no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ.

15Anim rebiribiri no, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ asa awie. Aduane biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kuro biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduane ntɔ nni wɔ nkuro no bi so.”

16Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduane nni!”

17Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ yɛwɔ nyinaa yɛ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ.”

18Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mmrɛ me.” 19Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. 20Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. 21Mmarima a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnum a mmaa ne mmɔfra nka ho.

Yesu Nante Nsuo Ani

22Nnipadɔm no didi wieeɛ pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntena kodoɔ no mu nni ɛkan ntwa nkɔ asuogya nohoa na ɔno deɛ, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan. 23Ɔgyaa wɔn ɛkwan wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ. Onwunu dwoeɛ no, na aka Yesu nko ara wɔ deɛ ɔwɔ hɔ. 24Saa ɛberɛ no, na kodoɔ a na asuafoɔ no te mu no aduru akyiri. Mframa hyɛɛ aseɛ bɔɔ denden maa ɛpo no bɔɔ asorɔkye dweradweraa kodoɔ no a na asuafoɔ no te mu no.

25Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan berɛ mu no, Yesu nam ɛpo no ani baa asuafoɔ no nkyɛn. 26Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani reba wɔn nkyɛn no wɔsuroeɛ, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. Ɛmaa wɔde ehu teateaam.

27Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”

28Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka kyerɛ me, na me nso memfa nsuo no ani mmra wo nkyɛn.”

29Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Bra!”

Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, gye me na meremem!”

31Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?”

32Yesu ne Petro kɔtenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee bɔ. 33Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa sɛ, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”

Genesaret Ayaresa

34Wɔtwaa asuo no baa Genesaret. 35Yesu duruu hɔ no, ankyɛre na nkuro a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefoɔ nyinaa brɛɛ no. 36Ayarefoɔ no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.