Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי מתי 13:1-58

1באותו יום, בשעה מאוחרת יותר, עזב ישוע את הבית וירד אל החוף. 2תוך זמן קצר התאסף שם קהל כה רב, עד שישוע נאלץ להיכנס לסירה, ואילו כל העם נשאר על החוף. 3ישוע הרבה ללמד את העם במשלים, והנה אחד מהם:

”איכר יצא לזרוע בשדה. 4כשפיזר את הזרעים נפלו אחדים מהם בצד הדרך, והציפורים באו ואכלו אותם. 5זרעים אחדים נפלו על אדמה סַלעִית, במקום שבו לא הייתה אדמה רבה. הנבטים צמחו במהירות באדמה הרדודה, 6אולם השמש הלוהטת צרבה אותם והם התייבשו ומתו, כי השורשים לא היו עמוקים. 7זרעים אחדים נפלו בין הקוצים, ואלה חנקו את הצמחים הרכים. 8אולם זרעים אחדים נפלו על אדמה טובה ופורייה, ונשאו פרי מבורך ורב פי שלושים, פי שישים ואפילו פי מאה. 9מי שמסוגל לשמוע, שיקשיב!“

10תלמידיו של ישוע באו אליו ושאלו: ”מדוע אתה משתמש תמיד בדוגמאות קשות כל כך?“

11הסביר להם ישוע: ”רק לכם מותר לדעת את סודות מלכות השמים; לאחרים לא ניתן לדעת אותם. 12כי מי שיש לו – יינתן לו עוד ויהיה לו שפע רב; ומי שאין – גם המעט שיש לו יילקח ממנו. 13אני מדבר אל בני אדם במשלים מכיוון שכאשר מראים להם משהו הם לא רואים, וכאשר אומרים להם משהו הם לא שומעים וגם לא מבינים. 14כך התקיימה נבואתו של ישעיהו:13‏.14 יג 14 ישעיהו ו 9‏-10

’שמעו שמוע ואל תבינו,

וראו ראו ואל תדעו.

15כי השמן לב העם הזה

ואזניו הכבד ועיניו השע,

פן יראה בעיניו ובאזניו ישמע,

ולבבו יבין ושב ורפא לו‘.

16”אולם אשרי עיניכם כי הן רואות, ואשרי אוזניכם כי הן שומעות. 17הרבה נביאים וצדיקים השתוקקו לראות את מה שאתם רואים ולשמוע את מה שאתם שומעים, אך לא זכו.

18”זהו פירוש המשל: 19השביל הקשה שעליו נפלו חלק מהזרעים מסמל את לבו של האדם השומע את הבשורה, אך אינו מבין אותה; ואז בא השטן וחוטף את מה שנזרע בלבו. 20האדמה הסלעית מסמלת את לבו של האדם השומע את הבשורה ומקבל אותה בשמחה. 21אולם לאמונתו אין עומק, והזרעים אינם מכים שורשים עמוקים. משום כך, ברגע של קושי ומבחן נעלמת התלהבותו והוא נובל. 22האדמה המכוסה קוצים מסמלת את האדם ששמע את הבשורה, אולם דאגות החיים ורצונו להתעשר חונקים את דבר האלוהים, והוא הולך ומפחית בעבודת אלוהים. 23האדמה הטובה מסמלת את לבו של אדם המקשיב לבשורה, מבין אותה ומביא פרי רב, פי מאה, פי שישים ופי שלושים ממה שנזרע בלבם.“

24ישוע סיפר להם משל נוסף: ”מלכות השמים דומה לאיכר שזרע בשדה שלו זרעים טובים. 25אולם לילה אחד, בזמן שהאיכר ישן, בא אויבו וזרע עשבי בר13‏.25 יג 25 זונין בין החיטה. 26כשהחלה החיטה לנבוט, נבטו גם עשבי הבר.

27”משרתיו של האיכר באו אליו ואמרו: ’אדוננו, השדה שבו זרעת זרעים משובחים מלא עשבים!‘

28” ’אחד מאויבי עשה זאת‘, אמר האיכר.

” ’האם אתה רוצה שנעקור את העשבים השוטים?‘ שאלו המשרתים.

29” ’לא‘, השיב האיכר. ’אתם עלולים לעקור בטעות גם את החיטה. 30הניחו להם לגדול יחד עד הקציר, ואז אומר לקוצרים לאסוף תחילה את העשבים השוטים ולשרוף אותם, ולאחר מכן לאסוף את החיטה ולהכניסה לאסם‘. “

31‏-32ישוע סיפר להם עוד משל: ”מלכות השמים דומה לגרגר זעיר של צמח החרדל אשר נזרע בשדה. למרות שגרגר זה קטן ביותר, הוא גדל להיות אחד הצמחים הגדולים ביותר, והציפורים יכולות לבנות להן קן בין ענפיו.“

33ישוע נתן להם דוגמה נוספת: ”אפשר להמשיל את מלכות השמים לאישה המתכוננת לאפות לחם. היא לוקחת את כמות הקמח הדרושה ושמה מעט שמרים, עד שהבצק כולו תופח.“

34את כל אלה דיבר ישוע אל הקהל במשלים; ובלי משל לא דיבר אליהם. 35כך הוא קיים את הנבואה:13‏.35 יג 35 תהלים עח 2 ”אפתחה במשל פי, אביעה חידות מני־קדם“.

36לאחר מכן עזב ישוע את ההמון ונכנס הביתה. תלמידיו ביקשו ממנו שיסביר להם את משל העשבים בשדה החיטה.

37”בן־האדם הוא האיכר הזורע את הזרעים הטובים“, הסביר להם ישוע. 38”השדה מסמל את העולם, הזרעים מסמלים את בני מלכות האלוהים, והעשבים מסמלים את האנשים השייכים לשטן. 39האויב שזרע את עשבי־הבר בשדה החיטה הוא השטן, הקציר הוא סוף העולם והקוצרים הם המלאכים.“

40”כשם שבמשל זה נאספו העשבים ונשרפו, כך יהיה גם בסוף העולם. 41בן־האדם ישלח את מלאכיו, והם ידרשו מתוך המלכות את כל עושי הרע ואת כל אלה שמכשילים את האחרים, 42וישליכו אותם לכבשן שישרוף אותם. שם הם יבכו ויחרקו שיניים 43ואילו הצדיקים יזרחו כשמש במלכות אביהם. מי שמסוגל לשמוע, שיקשיב!

44”מלכות השמים דומה לאוצר שאיש גילה בתוך שדה. בהתלהבותו הרבה מכר האיש את כל אשר היה לו, כדי שיוכל לקנות את השדה עם האוצר שמצא בו.“

45”מלכות השמים דומה לפנינה נהדרת שמצא סוחר בעת שחיפש פנינים מובחרות. 46כשגילה הסוחר את הפנינה היקרה, שהייתה ממש ’מציאה‘, הלך ומכר את כל רכושו, כדי שיוכל לקנות אותה.“

47”אפשר לתאר את מלכות השמים גם בסיפור על דייג שהשליך את רשתו לים, ונלכדו בה כל מיני דגים. 48כשנמלאה הרשת, הדייג הוציא אותה אל החוף והחל למיין את הדגים: את הטובים שם בסלים, ואת האחרים השליך. 49כך יהיה גם בסוף העולם: המלאכים יבואו ויפרידו בין הרשעים ובין הצדיקים. 50את הרשעים ישליכו המלאכים לאש – שם הם יבכו ויחרקו שיניים.“

51”האם אתם מבינים?“ שאל אותם ישוע.

”כן,“ ענו התלמידים, ”אנחנו מבינים.“

52וישוע הוסיף: ”תלמיד שלמד והבין את מלכות השמים דומה לאיש עשיר שמוציא מאוצרו דברים עתיקים וגם חדשים.“

53כשסיים ישוע לספר להם את המשלים האלה, המשיך בדרכו. 54כשהגיע אל ביתו (בנצרת שבגליל) לימד את האנשים בבתי־הכנסת, והפליא את כולם בחכמתו ובניסים.

55”כיצד ייתכן הדבר?“ תמהו האנשים. ”הלא הוא בנו של הנגר, ואנחנו מכירים את מרים אמו ואת אחיו – יעקב, יוסף, שמעון ויהודה! 56גם את אחיותיו אנחנו מכירים – הרי כולן גרות כאן. כיצד הוא יכול להיות גדול כל כך?“ 57והם רגזו מאוד על ישוע.

”אין נביא בעירו!“ אמר להם ישוע. ”את הנביא מכבדים בכל מקום, מלבד בביתו ובקרב בני־עמו.“ 58ומאחר שלא האמינו בו הוא חולל שם נסים מעטים בלבד.

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 13:1-58

Okuafoɔ Ho Ɛbɛ

1Ɛda no ara Yesu firii adi kɔtenaa mpoano. 2Nnipakuo kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. Ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu a na nnipakuo no nso gyinagyina mpoano hɔ. 3Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. 4Ɔgu so reguo no, aba no bi guu ɛkwan mu maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa. 5Ebi nso kɔguu abotan so. Ankyɛre na aba no fifiriiɛ. 6Esiane sɛ na dɔteɛ a ɛwɔ abotan no so sua no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ. 7Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyiniiɛ no ɛmiaa no. 8Aba no bi guu asase pa mu. Ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho aduasa; ebi aduosia ɛnna afoforɔ nso ɔha. 9Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!”

Deɛ Enti A Yesu Kasa Abɛbuo Mu

10Ɔwiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn na daa wonam abɛbuo so kasa kyerɛ nnipa no?”

11Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Ɔsoro Ahennie ho ahintasɛm ama mo na wɔn deɛ, wɔmmfa mmaa wɔn. 12Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ma abu ne so. Na deɛ ɔnni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. 13Deɛ enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu no ne sɛ:

“Wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu;

wɔte deɛ, na wɔnte aseɛ.

14Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ:

“ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;

ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu.

15Ɛfiri sɛ, ɔman yi akoma apirim.

Wɔyɛ asoɔden;

wɔakatakata wɔn ani.

Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ,

na wɔn aso ate asɛm,

na wɔn akoma ate asɛm ase,

na wɔanu wɔn ho asane aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.’

16Na mo deɛ, wɔahyira mo ani sɛ ɛnhunu adeɛ; wɔahyira mo aso sɛ ɛnte asɛm. 17Na me deɛ mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ mohunu no, nanso wɔanhunu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte deɛ mote no, nanso wɔante.

Okuafoɔ Ho Ɛbɛ No Asekyerɛ

18“Afei, montie ɛbɛ a ɛfa okuafoɔ a ɔkɔguu aba wɔ nʼafuom no ho no asekyerɛ. 19Wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte aseɛ no te sɛ aba a ɛguu ɛkwan mu no. Ɔbɔnefoɔ no ba, bɛhwim deɛ wɔadua wɔ wɔn akoma mu no. 20Aba a ɛguu abotan soɔ no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigyeɛ sɔ mu. 21Nanso, asɛm no ntim wɔ wɔn mu. Yei enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awuo enti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa aba. 22Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, nanso ewiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapadeɛ ho dwene enti, ɛmma asɛm no ntumi nnyɛ wɔn mu adwuma. 23Na aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, na wɔte aseɛ. Wɔso aba mmɔho aduasa; ebi aduosia; ɛnna afoforɔ nso, ɔha.”

Ewira Ne Aburoo Ho Ɛbɛ

24Yesu de ɛbɛ foforɔ kaa asɛm sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ okuafoɔ bi a ɔdua aba wɔ nʼafuom. 25Ɛda koro anadwo a wada no, ne ɔtamfoɔ nso bɛduaa wira fraa aburoo a wadua no. 26Aburoo no renyini no, na wira no nso renyini.

27“Okuafoɔ no apaafoɔ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, aba a woduaeɛ no, wira bi afifiri wɔ aseɛ!’

28“Okuafoɔ no buaa sɛ, ‘Ɔtamfoɔ bi na ɔduaeɛ!’

“Apaafoɔ no bisaa no sɛ, ‘Wopɛ sɛ yɛkɔtutu saa wira no anaa?’

29“Ɔbuaa wɔn sɛ, ‘Dabi! Anhwɛ a na moatutu aburoo no bi afra wira no. 30Momma ne nyinaa nyini nkɔsi otwa berɛ na mama atwafoɔ ayiyi wira no afiri aburoo no mu ahye no, na wɔde aburoo no nso agu asan so.’ ”

Onyina Aba Ho Ɛbɛ

31Yesu buu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ onyina aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuom. 32Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ ɛnyini a, ɛyɛ dutan kɛseɛ ma nnomaa kɔsisi ne mman so.”

Mmɔka Ho Ɛbɛ

33Ɔbuu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.”

34Yesu nam abɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no. 35Esiane sɛ na adiyifoɔ ahyɛ nkɔm sɛ ɔnam abɛbuo so bɛkasa enti, wanka asɛm a wamfa abɛbuo amfra mu. Nkɔm a adiyifoɔ no hyɛeɛ ne sɛ,

“Mɛkasa abɛbuo mu,

na maka anwanwadeɛ mu ahintasɛm a ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ.”

Ewira Ne Aburoo Ho Ɛbɛ No Asekyerɛ

36Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ efie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aba ho no ase.

37Yesu buaa wɔn sɛ, “Me Onipa Ba no, mene okuafoɔ a ɔduaa aba no. 38Afuo no ne ewiase, na aba no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahennie no mma; ewira no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma. 39Ɔtamfoɔ a ɔduaa ewira fraa aburoo no ne ɔbɔnefoɔ no. Otwa berɛ no yɛ ewiase awieeɛ; atwafoɔ no ne abɔfoɔ.

40“Sɛdeɛ asɛnka no mu, wɔtutuu wira no firi aburoo no mu kɔhyee no no, saa ara na ɛbɛyɛ ewiase awieeɛ. 41Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfoɔ, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifoɔ nyinaa ano afiri Ahennie no mu, 42na wɔato wɔn agu ogyatannaa no mu, ahye wɔn. Ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ. 43Na ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahennie no mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!”

Ademudeɛ Ne Ahwene Pa Ho Ɛbɛ

44Yesu toaa abɛbuo no so sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ademudeɛ bi a obi kɔhunuu wɔ afuo bi mu.13.44 Tete no, ɛsiane sɛ na sikakorabea biara nni baabi enti, na wɔde ademudeɛ sie fam. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa, de kɔtɔɔ afuo no.

45“Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ obi a ɔdi ahwene pa ho edwa a ɔrepɛ ahwene pa atɔ. 46Ɔkɔnyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa de kɔtɔeɛ!”

Asauguo Ho Ɛbɛ

47Yesu toaa so bio sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ obi a ɔkɔguu asau wɔ asuo bi mu yii nsuomnam ahodoɔ bebree. 48Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei, ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu ɛnna ɔtoo deɛ ɛnyɛ no guiɛ. 49Saa ara na ewiase awieeɛ bɛyɛ. Abɔfoɔ no bɛba abɛpa abɔnefoɔ no afiri ateneneefoɔ no mu, 50na wɔato abɔnefoɔ no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.

51“Mote aseɛ?”

Nʼasuafoɔ no buaa no sɛ, “Aane.”

52Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so sɛ, “Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔabɛyɛ mʼasuafoɔ no te sɛ efiewura a wada nʼagyapadeɛ foforɔ ne dada nyinaa adi.”

Wɔpo Yesu Wɔ Nasaret

53Yesu wiee nʼabɛbuo no, ɔfiri baabi a ɔwɔ hɔ. 54Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wɔtiee no no ho dwirii wɔn. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhe na saa ɔbarima yi kɔnyaa nyansa a ɔde yɛ anwanwadeɛ sɛɛ yi? 55Ɛnyɛ dua dwumfoɔ no ba no ni? Ɛnyɛ ne maame ne Maria? Ɛnyɛ ne nua mmarimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? 56Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na ɔkɔnyaa yeinom nyinaa yi?” 57Wɔn bo fuu no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ wɔ animuonyam baabiara, agye ne ɔman mu anaa ne nkurɔfoɔ mu.”

58Esiane sɛ wɔannye no annie no enti, wanyɛ anwanwadeɛ bebree wɔ hɔ.