Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי מתי 10:1-42

1ישוע קרא אליו את שנים־עשר תלמידיו ונתן להם כוח לגרש רוחות רעות ולרפא כל מיני מחלות.

2אלה שמותיהם של שנים־עשר התלמידים: שמעון (הנקרא גם פטרוס), ‎אַנְדְּרֵי (אחיו של שמעון), יעקב (בנו של זבדי), יוחנן (אחיו של יעקב), 3פיליפוס, בר־תלמי, תומא, מתתיהו (גובה המכס), יעקב (בן־חלפי), תדי, 4שמעון (מחבורת ”הקנאים“), ויהודה איש קריות (זה שהסגיר את ישוע).

5ישוע נתן להם את ההוראות הבאות: ”אל תלכו אל הגויים או אל השומרונים, 6כי אם אל הצאן התועה של עם ישראל בלבד. 7לכו וספרו להם שמלכות השמים קרובה. 8רפאו את החולים, הקימו את המתים לתחייה, רפאו את המצורעים וגרשו את השדים. אתם קיבלתם הכול חינם אין כסף, לכן אל תדרשו תמורה בעד שירותכם!

9”אל תיקחו איתכם זהב, כסף או נחושת. 10אל תיקחו תרמיל עם בגדים להחלפה, לא נעלים ואף לא מקל הליכה. האנשים שתעזרו להם ידאגו לכם ויטפלו בכם. 11בבואכם לעיר או לכפר, חפשו שם בן אדם טוב והישארו בביתו עד שיגיע הזמן ללכת לעיר אחרת. 12כשתכנסו אל הבית, קודם כל ברכו אותו בשלום. 13אם זהו ביתם של אנשים טובים, הברכה תתקיים; ואם אין אלה אנשים טובים, הברכה תשוב אליכם. 14בכל עיר או בית שבהם לא יקבלו אתכם, נערו את אבק המקום מעל רגליכם ולכו לדרככם. 15אני אומר לכם: אף לסדום ועמורה יהיה קל יותר ביום־הדין מאשר לערים אלה.

16”אני שולח אתכם כמו כבשים בין זאבים. לכן היו ערמומיים כנחשים ותמימים כיונים. 17אולם היזהרו! כי עלולים לאסור ולשפוט אתכם ולהלקות אתכם בשוטים בבתי־הכנסת. 18כן, יהיה עליכם להישפט לפני מלכים ומושלים בגללי, אולם זאת תהיה לכם הזדמנות לספר להם ולעולם כולו על אודותיי.

19”כשיאסרו אתכם, אל תדאגו למה שתגידו במשפט, כי אני אשים בפיכם את המילים הנכונות בזמן הנכון, 20וכך לא אתם תדברו, כי אם רוח אביכם שבשמים ידבר בפיכם.

21”אח יבגוד באחיו ויסגירו למוות; אבות ימסרו את בניהם למוות; ילדים יקומו נגד הוריהם וייגרמו למותם. 22כולם ישנאו אתכם משום שאתם שייכים לי, אולם כל מי שיחזיק מעמד עד הסוף – ייוושע!

23”אם רודפים אתכם ומציקים לכם בעיר אחת – ברחו לעיר אחרת. לא תספיקו לעבור בין כל הערים עד שבן־האדם יחזור. 24תלמיד איננו גדול ממורו, ועבד אינו מכובד מאדוניו. 25התלמיד משתתף בגורל מורו, ומה שיקרה לאדון יקרה גם לעבד. ואם לי, האדון, קראו ’בעל־זבוב‘ (אדון השדים), אין ספק שכך יקראו גם לכם. 26אולם אל תפחדו מאלה שמאיימים עליכם, כי יבוא הזמן שהאמת תצא לאור, וכולם יוכלו לראות את מזימות הסתר שלהם.

27”מה שאני אומר לכם בחושך, לכו והכריזו אותו באור היום. ומה שאני לוחש באוזניכם, השמיעו בקול מעל גגות הבתים.

28”אל תפחדו מאלה היכולים להרוג את גופכם בלבד, אולם אינם מסוגלים לפגוע בנפשכם! עליכם לפחוד רק מאלוהים היכול להשמיד גם את הגוף וגם את הנפש בגיהינום. 29אף ציפור דרור (הנמכרת בזול) לא תיפול על הארץ בלי שאביכם שבשמים ידע זאת. 30אלוהים יודע אף את מספר השערות שעל ראשכם! 31לכן אל תפחדו! אתם יקרים לאלוהים יותר מציפורים רבות.

32”כל המודה בי לפני בני־אדם, גם אני אודה בו לפני אבי שבשמים. 33אולם אם מישהו טוען שאינו מכיר אותי, גם אני לא אכיר בו לפני אבי שבשמים.

34”אל תחשבו שבאתי להשכין שלום בארץ! לא שלום, כי אם חרב. 35באתי להמריד בן באביו ובת באמה, ולגרום לכלה למרוד בחמותה. 36אויביו הגדולים של האדם יהיו דווקא בני־ביתו. 37אם אתה אוהב את אביך ואת אמך יותר ממני, אינך ראוי להיות תלמידי. ואם אתה אוהב את בנך או את בתך יותר ממני, אינך ראוי לי. 38אם אינך מוכן לשאת את צלבך וללכת אחרי, אינך ראוי לי.

39”מי שרוצה לשמור על חייו – יאבד אותם, ואם יהיה מוכן לוותר על חייו למעני – ימצא אותם.

40”מי שמקבל אתכם בשמחה – מקבל אותי. ומי שמקבל אותי – מקבל גם את האלוהים ששלח אותי. 41אם תקבלו בשמחה נביא, משום שהוא איש אלוהים – תקבלו אותו שכר בשמים שמקבל הנביא. ואם תקבלו אנשים טובים וצדיקים, משום שהם אוהבים את ה׳ – תקבלו אותו השכר שהם מקבלים. 42ואם בתור תלמידי תתנו לילד קטן כוס מים קרים, אני מבטיח לכם שתקבלו שכר משמעותי על כך.“

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 10:1-42

Asuafoɔ Dumienu No

1Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔntu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

2Yesu asuafoɔ dumienu no din nie:

Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea;

Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,

3Filipo ne Bartolomeo,

Toma ne ɔtogyefoɔ Mateo,

Yakobo, Alfeo ba ɛne Tadeo,

4Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a akyire yi, ɔyii Yesu maeɛ no.

5Yesu somaa asuafoɔ dumienu no hyɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔ deɛ amanamanmufoɔ wɔ anaa Samariafoɔ kuro biara mu, 6na mmom, monkɔ Onyankopɔn nnwan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn. 7Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn!’ 8Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa.

9“Mommfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho. 10Mommfa akwantubɔtɔ anaa ntadeɛ anaa mpaboa anaa poma mmienu. Ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ didi. 11Kuro biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ aseɛ no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyiri kwan na montena ne nkyɛn kɔsi da a mobɛfiri hɔ akɔ baabi foforɔ. 12Sɛ mokɔ efie bi mu a, monkyea wɔn sɛ, ‘Asomdwoeɛ nka mo!’ 13Sɛ saa efie no mufoɔ gye mo fɛ so a, monhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo deɛ a, monnhyira wɔn. 14Sɛ morefiri efie anaa kuro biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporo efie no anaa kuro no mu mfuturo a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ.10.14 Yei yɛ deɛ Farisifoɔ yɛ ɛberɛ a wɔfiri beaeɛ biara a wɔbu sɛ aman amanmufoɔ atena hɔ enti ɛhɔ agu fi. Ɛyɛ kɔkɔbɔ a emu yɛ dene ma wɔn a wɔpo Awurade asɛm. 15Nokorɛ nie, Atemmuo da no, Sodom ne Gomora mpo bɛnya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sene saa kuro no.

16“Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma. 17Nanso, monhwɛ yie wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo, adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu. 18Me enti, wɔde mo bɛkɔ atumfoɔ ne ahene anim. Yei bɛma mo anya ɛkwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufoɔ no. 19Sɛ wɔkyere mo a, monnnwene asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo ɛberɛ a ɛsɛ mu. 20Asɛm a mobɛka no remfiri mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa.

21“Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn. 22Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa. 23Sɛ wɔtaa mo kuro baako mu a, monnwane nkɔ kuro foforɔ mu. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.

24“Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso nsene ne wura. 25Osuani sua ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso sua ne wura. Enti, sɛ me a meyɛ efie no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, ɛdeɛn din na wɔremfa mfrɛ mo!

26“Monnsuro wɔn a wɔbɛhunahuna mo. Mmerɛ bi bɛba a nokorɛ no bɛda adi. Deɛ wɔyɛ no kɔkoam no nyinaa bɛda adi. 27Deɛ mereka makyerɛ mo wɔ esum mu yi, monka wɔ hann mu. Deɛ mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi. 28Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na monsuro no. 29Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Mmienu boɔ nyɛ sika bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a ɔbɛwu a mo Agya no nnim ho biribi. 30Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. 31Enti, monnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sene nkasanoma.

32“Obiara a ɔbɛka sɛ ɔnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ menim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 33Nanso, obiara a ɔbɛka sɛ ɔnnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ mennim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.

Ɛnyɛ Asomdwoeɛ, Ɛyɛ Ɔko

34“Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mmom akofena na mede baeɛ. 35Maba sɛ mɛma

“ ‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya,

na ɔbabaa asɔre atia ne maame,

na ɔbaa warefoɔ nso asɔre atia nʼasebaa.

36Obiara ɔtamfoɔ a ne ho yɛ hu no bɛfiri nʼankasa ne fie.’

37“Deɛ ɔdɔ nʼagya anaa ne maame kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ. Saa ara na deɛ ɔdɔ ne babarima anaa ne babaa kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ ara no no. 38Sɛ obi amfa nʼasɛnnua na wammɛdi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me deɛ. 39Sɛ woma wo ɔkra som wo bo a, wobɛhwere wo ɔkra no, nanso sɛ me enti wohwere wo ɔkra a, wo nsa bɛka.

40“Obiara a ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 41Sɛ wogye odiyifoɔ bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn onipa enti a, wɔbɛtua wo so ka sɛ odiyifoɔ no ara pɛ. Na sɛ wogye nnipa tenenee a, wobɛnya akatua sɛ onipa tenenee. 42Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifoɔ yi mu akumaa bi nsuo anom no, onii no akatua remmɔ no da.”