Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי מרקוס 11:1-33

1כאשר התקרבו לירושלים והגיעו לבית־פגי ובית־עניה, שעל הר הזיתים, פנה ישוע אל שניים מתלמידיו ואמר:

2”לכו אל הכפר ממול, ובכניסה תראו עַיִר קשור שאיש עדיין לא רכב עליו. התירו את העיר והביאו אותו אלי. 3אם מישהו ישאל אתכם מה אתם עושים, אמרו לו, ’האדון זקוק לעיר, אך הוא ישיב אותו בהקדם‘. “

4‏-5שני התלמידים נכנסו אל הכפר ומצאו את העיר עומד על השביל, קשור לשער אחד הבתים. בהתירם את העיר שאלו מספר אנשים שעמדו שם: ”מה אתם עושים? לאן אתם לוקחים את העיר?“

6התלמידים השיבו שישוע ביקש מהם להביא לו את העיר, והאנשים לא התנגדו יותר.

7הם הביאו את העיר לישוע, וכל התלמידים הניחו את מעיליהם על גבו, כדי שישוע יוכל לשבת בנוח. 8רבים מן הקהל פרשו את מעיליהם על הדרך לפני ישוע, ואחרים כרתו ענפים והניחו אותם על הדרך.

9הקהל, שנמלא התלהבות, נדחף ונדחק אל ישוע מכל עבר וקרא: ”הושע־נא! ברוך הבא בשם ה׳! 10תבורך מלכות דוד הבאה עלינו! הושע־נא במרומים!“

11כל הקהל הזה ליווה את ישוע אל תוך העיר. מאוחר יותר נכנס ישוע לבית־המקדש והביט סביבו בתשומת לב מרובה, אולם מאחר שהשעה הייתה מאוחרת הוא עזב את המקום והלך עם תלמידיו לבית־עניה.

12למחרת בבוקר, בעזבם את בית־עניה, היה ישוע רעב. 13הוא ראה מרחוק עץ תאנה עם עלים ירוקים ורעננים. ישוע התקרב אל העץ וחיפש תאנים, אולם לא מצא דבר מלבד עלים, כי טרם הגיעה העונה.

14ישוע קילל את התאנה ואמר: ”מהיום והלאה איש לא יאכל תאנים ממך!“ והתלמידים שמעו זאת.

15הם חזרו לירושלים וישוע הלך ישר לבית־המקדש. הוא החל לגרש משם את הסוחרים והקונים, הפך את השולחנות של מחליפי הכספים ואת הדוכנים של סוחרי היונים, 16ולא הרשה לאיש לשאת כלים וסחורה דרך המקדש.

17ישוע פנה אל הקהל הנדהם: ”כתוב בכתבי־הקודש:11‏.17 יא 17 ישעיהו נו 7 ’ביתי בית־תפלה ייקרא לכל העמים‘. אולם אתם הפכתם אותו למאורת גנבים!“ 18ראשי הכוהנים והסופרים שמעו על מה שישוע עשה, והחלו לתכנן כיצד להיפטר ממנו. למעשה הם פחדו ממנו, מפני שכל העם העריץ אותו ואהב את מה שלימד.

19באותו ערב יצאו ישוע ותלמידיו אל מחוץ לעיר. 20בבוקר שוב עברו ליד עץ התאנה, ונדהמו לראות שהעץ יבש לגמרי. 21פטרוס נזכר במה שישוע עשה יום קודם ואמר: ”ראה, רבי – העץ שקיללת התייבש לגמרי!“

22”פשוט האמינו באלוהים“, אמר ישוע. 23”אילו באמת האמנתם בכוחו של אלוהים, יכולתם לצוות על ההר הזה לזוז ממקומו ולהיזרק לים. אם תאמינו ולא תטילו ספק יתקיים דברכם. 24דעו לכם, אתם יכולים להתפלל בעד כל דבר, ואם תאמינו שתקבלו את אשר ביקשתם, באמת תקבלו! 25אבל בשעה שאתם מתפללים עליכם לסלוח תמיד לכל מי שאתם שומרים לו טינה, כדי שאביכם שבשמים יסלח גם לכם על חטאיכם. 26אם לא תסלחו לאחרים – גם אביכם שבשמים לא יסלח לכם!“

27‏-28בינתיים ישוע ותלמידיו חזרו לירושלים, וישוע שב לבית־המקדש. אחדים מראשי הכוהנים הסופרים וזקנים באו אליו ושאלו בכעס: ”באיזו רשות אתה עושה את כל הדברים האלה?“

29”אני אענה לשאלתכם בתנאי שאתם תענו לשאלתי“, השיב ישוע. 30”אמרו לי, האם נשלח יוחנן המטביל על־ידי אלוהים או על־ידי בני־אדם?“ 31הם התייעצו ביניהם: ”אם נאמר שאלוהים שלח אותו, ישוע ישאל אותנו מדוע לא האמנו בו. 32אולם אם נאמר שלא אלוהים שלח אותו, כל העם יתנפל עלינו, כי כולם חושבים שיוחנן היה נביא שנשלח על־ידי אלוהים.“

33לבסוף השיבו: ”איננו יודעים.“

על כן השיב להם ישוע: ”אם כן, גם אני לא אענה לשאלתכם.“

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 11:1-33

Yesu Kɔ Yerusalem

1Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yerusalem, na wɔduruu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ no ho no, Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu, dii wɔn anim ɛkan. 2Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu ba bi a wɔntenaa ne so da ahoma. Monsane no, na momfa no mmrɛ me. 3Na sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka no tiawa sɛ, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsane de no aba seesei ara.’ ”

4Asuafoɔ baanu no siim. Wɔkɔhunuu sɛ aboa no sa efie bi aboboano. Enti, wɔsanee no. 5Wɔgu so resane no no, nnipa bi a wɔgyina nkyɛn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane afunumu ba no?” 6Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn aseɛ. 7Wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, maa asuafoɔ no de wɔn ntoma guu aboa no so, maa Yesu tenaa ne so. 8Nnipakuo a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. 9Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam sɛ,

“Hosiana!”11.9 Nkamfoɔ

“Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!”

10“Animuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahennie reba.”

“Hosiana wɔ ɔsorosoro!”

11Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefiri hɔ, ɛfiri sɛ, na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania.

Yesu Dome Ankaa Dua

12Adeɛ kyee anɔpa a wɔrefiri Betania hɔ no, ɛkɔm dee no. 13Wɔkɔɔ kakra no, ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so anaa. Nanso, ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Saa ɛberɛ no nso, na ɛnyɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no so. 14Nanso, Yesu domee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Asuafoɔ no tee asɛm a ɔkaeɛ no.

Yesu Kɔ Asɔrefie

15Yesu sane baa Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa, 16sii ɛkwan sɛ obiara mmɛdi dwa wɔ hɔ bio. 17Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ,’ nanso mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.”

18Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔ, pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ. Asɛm a na ɛha wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri sɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom.

19Sɛdeɛ na wɔtaa yɛ no, anwummerɛ no ara, wɔfirii kuro no mu.

Borɔdɔma Dua A Ɛwuiɛ No

20Anɔpa a asuafoɔ no retwam wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wohunuu sɛ awu. 21Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteaam sɛ, “Hwɛ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!”

22Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn mu a, 23anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu,’ na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. Monnye nni; mommma mo gyidie nhinhim. 24Montie deɛ mereka yi. Biribiara a mobɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, monnye nni sɛ mo nsa aka, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. 25Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, deɛ ɛdi ɛkan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a, momfa nkyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo. 26Na sɛ moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo.”

Yesu Tumi Ho Nsɛmmisa

27Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ asɔrefie hɔ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 28“Tumi bɛn na wogyinaa so pamoo adwadifoɔ no?”

29Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi na mommua me! 30Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni, anaa ɛnyɛ ɔno? Mommua me!”

31Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Onyankopɔn na ɔsomaa no a,’ wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no anni. 32Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a,’ ɛdɔm no bɛha yɛn. Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”

33Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yɛnnim.”

Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ monnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ!”