Knijga O Kristu

Djela Apostolska 10:1-48

Kornelije poziva Petra

1U Cezareji je živio čovjek imenom Kornelije, stotnik takozvane italske čete. 2I on i njegovi ukućani bili su pobožni i bojali su se Izraelova Boga. Velikodušno je dijelio narodu milodare i stalno se molio Bogu. 3On oko tri ure popodne10:3 U grčkome: oko devete ure dana. u viđenju jasno ugleda kako mu prilazi Božji anđeo. “Kornelije!” pozove ga anđeo.

4Kornelije se prestrašeno zagleda u njega. “Tko si ti, gospodine?” upita anđela.

Anđeo odgovori: “Tvoje su molitve i milodari siromašnima uzišli pred Boga kao podsjetnik. 5Pošalji zato ljude u Jopu po Šimuna nazvanoga Petar. 6On je gost u kući kožara Šimuna, koja se nalazi uz more.”

7Čim je anđeo otišao, Kornelije pošalje dvojicu slugu i pobožnoga, odanog vojnika 8i sve im ispriča te ih pošalje u Jopu.

Petrovo viđenje

9Sutradan oko podneva,10:9 U grčkome: oko šeste ure. dok su se Kornelijevi ljudi približavali gradu, Petar se popne na krov da se moli. 10Bio je gladan. Dok su mu pripremali jelo, on padne u zanos. 11Vidio je kako se nebo otvara i kako se na zemlju spušta nešto poput velikog platna zavezanoga na četiri kraja. 12U njemu je bilo svakakvih četveronožnih životinja, gmazova i ptica nebeskih. 13Neki mu glas reče: “Ustani, Petre! Zakolji i jedi!”

14“Nipošto, Gospodine”, odgovori Petar. “Nikad još nisam okusio ništa zabranjeno židovskim zakonom.”

15“Ne nazivaj nečistim ono što Bog proglasi čistim!” opet se javi glas. 16To se triput ponovilo, a platno se zatim uzdigne u nebo.

Kornelijevi ljudi kod Petra

17Dok se Petar dvoumio što bi to viđenje moglo značiti, dođu Kornelijevi ljudi. Raspitali su se gdje je Šimunova kuća i pojavili se na vratima. 18Upitaju je li ondje u gostima neki Šimun Petar. 19Dok je Petar još razmišljao o viđenju, Sveti Duh mu reče: “Traže te trojica ljudi. 20Ustani i pođi s njima ne dvoumeći se jer sam ih ja poslao.”

21Petar siđe k njima i reče: “Evo me. Ja sam taj kojega tražite. Zašto ste došli?”

22“Poslao nas je rimski stotnik Kornelije, pravedan čovjek koji se boji Boga Izraelova”, odgovore oni. “Svi ga Židovi cijene. Njemu je anđeo rekao da pošalje po tebe, da mu dođeš govoriti.” 23Petar ih tada pozove da uđu i ugosti ih.

Petar posjećuje Kornelija

Sutradan ustane i pođe s njima. Pratila su ga još neka braća iz Jope. 24Drugoga dana stignu u Cezareju. Kornelije ih je čekao okupivši rodbinu i prisne prijatelje. 25Kad je Petar kročio u kuću, Kornelije mu pohrli u susret i padne mu pred noge klanjajući mu se. 26“Ustani! I ja sam samo čovjek!” reče mu Petar 27te razgovarajući s njim uđe u kuću gdje je bilo okupljeno mnogo ljudi.

28Petar im reče: “Znate da Zakon Židovima zabranjuje družiti se s poganima ili ulaziti k njima u kuću. Ali meni je Bog pokazao da nikoga ne smatram nečistim. 29Zato sam bez pogovora došao kad ste me pozvali. Sada mi dakle recite zašto ste me zvali.”

30Kornelije odgovori: “Prije četiri dana molio sam se u svojem domu baš u ovo doba, u tri ure poslije podne. Odjednom se preda mnom pojavi neki čovjek u sjajnoj odjeći 31i reče mi: ‘Kornelije, molitve su ti uslišane i Bog je vidio tvoje milodare siromašnima. 32Pošalji ljude u Jopu da dovedu Šimuna Petra. On je gost u kući kožara Šimuna, koja se nalazi uz more.’ 33Zato sam smjesta poslao po tebe i dobro je da si došao. Evo nas dakle ovdje pred Bogom, da čujemo što ti je Gospodin zapovjedio da nam kažeš!”

Pogani slušaju Radosnu vijest

34Petar reče: “Sada uistinu shvaćam: Bog nije pristran. 35U svakomu narodu prihvaća one koji ga se boje i koji čine što je pravedno. 36Izraelskome je narodu poslao svoju Riječ, navijestio im evanđelje: mir s Bogom po Isusu Kristu koji je Gospodar svih. 37Znate što se događalo po svoj Judeji. Sve je to započelo u Galileji, otkad je Ivan propovijedao krštenje. 38Znate da je Bog pomazao Isusa iz Nazareta svojim Svetim Duhom i silom. Isus je, zato što je Bog bio s njim, hodio čineći dobro i iscjeljujući sve koje je đavao držao u svojoj vlasti.

39Mi apostoli svjedoci smo svega što je činio u Izraelu i u Jeruzalemu. Smaknuli su ga i raspeli, 40ali ga je Bog treći dan podignuo od mrtvih i dopustio mu da se pokaže— 41ne svemu narodu nego nama koje je još prije izabrao da budemo njegovim svjedocima. Jeli smo i pili s njim pošto je uskrsnuo od mrtvih. 42Zapovjedio nam je da posvuda propovijedamo i svjedočimo da je Bog Isusa postavio sucem svima: i živima i mrtvima. 43On je taj o kojemu su svjedočili proroci kad su rekli da svatko tko u njega vjeruje u njegovu imenu prima oproštenje grijeha.”

Pogani primaju Svetoga Duha

44Dok je Petar još govorio, Sveti Duh siđe na sve koji su slušali. 45Židovski vjernici koji su došli s Petrom čudili su se daru Svetoga Duha koji se izlio i na pogane 46jer su ih čuli kako govore u drugim jezicima i slave Boga.

Petar tada reče: 47“Može li tko uskratiti krštenje ovima koji su primili Svetoga Duha baš kao i mi?” 48Zapovjedi zato da se krste u ime Isusa Krista. Zamole ga zatim da pri Korneliju ostane još nekoliko dana.

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 10:1-48

Petro Ne Kornelio

1Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafoɔ bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panin. 2Na ɔne ne efiefoɔ nyinaa yɛ Nyamesurofoɔ. Ɔyɛ obi nso a na ɔboa ahiafoɔ na daa ɔbɔ mpaeɛ. 3Ɛda bi awia bɛyɛ nnɔnmiɛnsa no, ɔhunuu Onyankopɔn ɔbɔfoɔ wɔ anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛn abɛfrɛ no sɛ, “Kornelio!”

4Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Ɔbisaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn Awurade?”

Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Wo mpaeɛ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ. 5Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. 6Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn.”

7Ɔbɔfoɔ no kasa kyerɛɛ no wieeɛ a ɔkɔeɛ no, Kornelio frɛɛ nʼasomfoɔ baanu, sane frɛɛ nʼasraafoɔ no mu baako a ɔyɛ Nyamesuroni kaa wɔn ho, 8kaa biribiara a wahunu no kyerɛɛ wɔn, somaa wɔn Yopa.

9Adeɛ kyeeɛ a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a wɔrebɛn kuro no no, Petro kɔɔ ɛdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpaeɛ. 10Saa ɛberɛ no, ɛkɔm dee no; na wɔgu so reyɛ aduane ama no no, ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeɛso mu. 11Ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan firi ɔsoro resiane ba fam. 12Na ntɔteboa ahodoɔ ne mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa ahyɛ saa ntoma no ma. 13Afei, nne bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, sɔre na kum bi we!”

14Petro buaa sɛ, “Dabi, Awurade, mennii biribiara a ɛho nteɛ da.”

15Nne no ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.”

16Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa. Afei, ntoma no sane kɔɔ soro.

17Saa ɛberɛ a na Petro redwennwene anisoadehunu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no kɔduruu Petro aboboano. 18Wɔfrɛ bisaeɛ sɛ, “Saa efie yi mu na Simon Petro te no anaa?”

19Petro gu so redwennwene anisoadehunu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. 20Siane si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, ɛfiri sɛ, me na masoma wɔn.”

21Petro siane kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amaneɛ?”

22Nnipa no buaa no sɛ, “Yɛfiri asraafoɔ panin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔteneneeni ne Onyamesuroni a Yudafoɔ nyinaa bu no. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fie na ɔntie asɛm bi mfiri wo nkyɛn.” 23Petro gyee nnipa no, somm wɔn hɔhoɔ.

Petro Kɔ Kornelio Efie

Adeɛ kyeeɛ no, Petro ne nnipa no ne agyidifoɔ bi a wɔfiri Yopa bɔɔ anan kɔeɛ. 24Adeɛ kyeeɛ a ɔduruu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafoɔ ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no. 25Petro reyɛ awura efie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe. 26Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, ɛfiri sɛ, me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.”

27Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wɔwuraa efie no mu kɔtoo nnipa bebree. 28Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara monim pefee sɛ Yudafoɔ mmara mma Yudani ɛkwan sɛ ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho nte. 29Yei enti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei, kyerɛ me deɛ enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”

30Kornelio kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne nna ɛnan awia nnɔnmiɛnsa a merebɔ mpaeɛ wɔ me fie no, mehunuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhyerɛn gyina mʼanim. 31Ɔkaa sɛ, ‘Kornelio, wo mpaeɛbɔ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ. 32Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn’. 33Mesoma maa wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ adeɛ sɛ woaba. Seesei, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebɛtie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.”

Petro Asɛnka

34Petro firii aseɛ kasaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ, ɛyɛ nokorɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, 35na mmom, ɔman biara mu, deɛ ɔyɛ ade tenenee no, ɔgye no. 36Monim asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfoɔ no. 37Monim nsɛm a ɛsisii wɔ Yudea, a ɛfirii aseɛ wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi. 38Monim sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no enti, ɔkɔɔ mmeammea, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yadeɛ.

39“Yɛyɛ dwuma a ɔdii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho adansefoɔ. Wɔbɔɔ no asɛnnua mu, kumm no. 40Nanso, ne nnansa so no, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu maa ɔkɔyii ne ho adi. 41Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ adansefoɔ a Onyankopɔn ayi yɛn dada no. Ɔsɔre firii awufoɔ mu no, yɛne no didi nomee. 42Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yɛnni ne ho adanseɛ sɛ, ɔno ne deɛ Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ɔmmu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. 43Adiyifoɔ nyinaa kaa ne ho asɛm sɛ, wɔnam ne din so de obiara a ɔgye no di no bɔne bɛkyɛ no.”

Amanamanmufoɔ Nya Honhom Kronkron

44Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. 45Yudafoɔ agyidifoɔ a wɔne Petro firi Yopa baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufoɔ no nso so. 46Ɛfiri sɛ, wɔtee sɛ wɔreka kasa foforɔ reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho.

Petro kaa sɛ, 47“Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛdeɛ yɛn nso yɛnyaa bi no. Obi bɛtumi asi wɔn asubɔ ho ɛkwan anaa?” 48Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu. Afei, wɔsrɛɛ no sɛ ɔnni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn.