雅歌 6 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

雅歌 6:1-13

耶路撒冷的少女:

1絕色的佳人啊,

你的良人去了何處?

你的良人轉往何方?

我們好幫你尋找他。

女子:

2我的良人下到自己的園中,

在香草花圃中牧放他的羊群,

採集百合花。

3我屬於我的良人,

我的良人也屬於我。

他在百合花間牧放羊群。

男子:

4我的愛人啊,

你像得撒一樣秀麗,

耶路撒冷一樣佳美,

像旌旗飄揚的軍隊一樣威嚴。

5求你把視線移開吧,

因為你的眼波使我迷亂。

你的秀髮像從基列山坡下來的山羊群。

6你的牙齒白得像一群洗乾淨的母羊,

成雙成對,

一顆也沒有脫落。

7你面紗下的雙頰如兩瓣石榴。

8雖有六十個王后,

八十個妃嬪和無數的宮女,

9但我完美無瑕的小鴿子獨一無二,

她是她母親的獨女和最愛。

眾女子看見她都誇她有福,

王后和妃嬪見了也連連稱讚她,說:

10「這位燦爛似晨光,

皎潔如明月,耀眼如太陽,

亮麗如佈滿天際之星辰6·10 佈滿天際之星辰」希伯來文是「威嚴如旌旗飄揚的軍隊」,希伯來人常把星星比作天上的軍隊。的是誰呢?」

11我下到核桃園中,

要看看谷中嫩綠的植物,

看看葡萄樹是否已發芽,

石榴樹是否正在開花。

12不知不覺,

我的心把我帶到我尊長的車上。

耶路撒冷的少女:

13回來吧,回來吧,

書拉密的少女!

回來吧,回來吧,

好讓我們再看看你!

男子:

你們為何目不轉睛地看著書拉密的少女,

好像觀看瑪哈念的舞蹈呢?

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom Mu Dwom 6:1-13

Nnamfonom:

1Ɛhe na wo dɔfo no kɔ

mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ?

Ɛhe na wo dɔfo man fae,

na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?

Ababaa:

2Me dɔfo kɔ ne turo mu,

faako a woduadua nnua ahorow,

okokyinkyin turo no mu

akɔboaboa sukooko ano.

3Me dɔfo yɛ me de, na me nso meyɛ ne de;

okyinkyin sukooko no mu.

Aberante:

4Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,6.4 Tirsa yɛ Kanaan tete kurow bi a Yeroboam de yɛɛ nʼahenkurow wɔ afe 930 AWK (ansa na wɔrewo Kristo) kosi afe 909 AWK wɔ atifi fam ahemman mu.

wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem,

wusi pi te sɛ asraafo a wɔretu frankaa.

5Nhwɛ me saa;

wobunkam me so.

Wo ti nwi te sɛ mpapokuw a

wɔresian afi Gilead.

6Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo,

a wofi aguaree.

Baako mpo nyeraa ɛ.

7Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu

te sɛ ntunkum aduaba fa.

8Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia,

mpenanom bɛyɛ aduɔwɔtwe,

ne mmabaa dodow a wontumi nkan wɔn;

9nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm yɛ sononko;

ɔno nko ara ne ne na babea,

ɔno na nea ɔwoo no no pɛ nʼasɛm.

Mmabaa huu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;

ahemmea ne mpenanom kamfoo no.

Nnamfonom:

10Hena na wapue sɛ ahemadakye yi,

ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ ɔsram, na ɔhyerɛn sɛ owia,

nʼanuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.

Aberante:

11Misian kɔɔ nnuaba pɔw mu hɔ

sɛ merekɔhwehwɛ afifide foforo a ɛwɔ obon no mu,

sɛ bobe no agu nhwiren,

anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.

12Mʼani baa me ho so no

na mʼadwene de me abesi me nkurɔfo adehye nteaseɛnam so.

Nnamfonom:

13San wʼakyi, san wʼakyi, Sulamit babea;

San bra, san bra ma yɛnhwɛ wo!

Aberante:

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abeawa

sɛnea mohwɛ Mahanaim asaw no?