雅歌 2 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

雅歌 2:1-17

女子:

1我是沙崙平原的玫瑰花,

是谷中的百合花。

男子:

2我的愛人在眾少女中,

就像荊棘中的一朵百合花。

女子:

3我的良人在眾男子中,

好像林中的一棵蘋果樹。

我歡歡喜喜地坐在他的樹蔭下,

輕嚐他香甜無比的果子。

4他帶我走進宴席大廳,

眾人都看見他對我充滿柔情愛意。

5請用葡萄乾來補充我的力氣,

用蘋果來提振我的精神,

因為我思愛成病。

6他的左手扶著我的頭,

他的右手緊抱著我。

7耶路撒冷的少女啊!

我指著羚羊和田野的母鹿2·7 羚羊和田野的母鹿」在希伯來文中與「萬軍之全能上帝」發音相似。吩咐你們,

不要叫醒或驚動愛情,

等它自發吧。

8聽啊!是我良人的聲音,

他攀過高崗,躍過山丘,

終於來了!

9我的良人好像羚羊和幼鹿。

看啊,他就在牆外,

正從窗戶往裡觀看,

從窗櫺間往裡窺視。

10他對我說:

「我的愛人,起來吧!

我的佳偶,跟我來!

11你看!冬天過去了,

雨水止住了。

12大地百花盛開,

百鳥爭鳴的季節已經來臨,

田野也傳來斑鳩的叫聲。

13無花果快成熟了,

葡萄樹也開滿了花,

散發著陣陣芬芳。

我的愛人,起來吧;

我的佳偶,跟我來。」

男子:

14我的鴿子啊,

你在岩石縫中,

在懸崖的隱秘處。

讓我看看你的臉,

聽聽你的聲音吧,

因為你的聲音溫柔,

你的臉龐秀麗。

15為我們抓住那些狐狸,

抓住那些破壞葡萄園的小狐狸吧,

因為我們的葡萄樹正在開花。

女子:

16我的良人屬於我,我也屬於他。

他在百合花間牧放羊群。

17我的良人啊,

涼風吹起、日影飛逝的時候,

但願你像比特山的羚羊和小鹿一樣快快回來。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom Mu Dwom 2:1-17

Ababaa:

1Meyɛ Saron nhwiren2.1 Yehu Saron nhwiren wɔ Karmel mpoano anafo fam.

ne abon mu sukooko.

Aberante:

2Sɛnea sukooko a ɛwɔ nsɔe mu te no,

saa ara na me dɔfo te wɔ mmabaa mu.

Ababaa:

3Sɛnea aprɛ te wɔ kwae mu nnua mu no,

saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu.

Sɛ metena ne nwini mu a minya ahomeka

na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.

4Ɔde me akɔ aponto ase,

na mʼagyiraehyɛde yɛ ɔdɔ.

5Momma me bobe aba na minya ahoɔden,

momma me aprɛ na ennwudwo me,

efisɛ ɔdɔ ama matɔ beraw.

6Ne nsa benkum da mʼatiko,

na ne nsa nifa aka me afam ne bo.

7Yerusalem mmabea, mede atwewa

ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ:

Monnkanyan na munnyan ɔdɔ

kosi bere a ɛsɛ mu.

8Tie! me dɔfo!

Hwɛ! ɔno na ɔreba no,

ɔrehuruhuruw wɔ mmepɔw no so

na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkoko no so.

9Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforote.

Hwɛ! ogyina yɛn fasu akyi,

ɔhwɛ mfɛnsere no mu,

wagyen nʼani rehwɛ mfɛnsere no mu.

10Me dɔfo kasa kyerɛɛ me se,

“Sɔre, me dɔfo ne mʼahoɔfɛ

na bra me nkyɛn.

11Hwɛ! awɔwbere atwa mu;

na asusow atwa mu kɔ.

12Nhwiren afifi asase ani:

nnwonto bere aso.

Wɔte mmorɔnoma su

wɔ yɛn asase so.

13Borɔdɔma agu nhwiren;

na bobe hua agye baabiara.

Sɔre bra, me dɔfo;

mʼahoɔfɛ, bra me nkyɛn.”

Aberante:

14Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuru mu,

ahintaw wɔ mmepɔw so,

ma minhu wʼanim;

ma mente wo nne;

wo nne yɛ dɛ,

na wʼanim yɛ fɛ.

15Monkyekyere sakraman no mma yɛn,

sakraman nketewa no

a wɔsɛe bobe nturo,

yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmfrɔm no.

Ababaa:

16Me dɔfo yɛ me dea, na mewɔ no;

ɔhwehwɛ sukooko no mu.

17Enkosi sɛ ade bɛkyɛ

na sunsuma bɛsen akɔ no,

dan wo ho, me dɔfo,

na yɛ sɛ ɔtwewa

anaa ɔforote a

ɔwɔ nkoko mmonkyi mmonka no so.