路加福音 21 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

路加福音 21:1-38

窮寡婦的奉獻

1耶穌抬頭觀看,見有錢人正把捐項投進奉獻箱裡, 2又見一個窮寡婦投進兩個小銅錢, 3就說:「我實在告訴你們,這位窮寡婦奉獻的比其他人都多。 4因為他們不過奉獻了自己剩餘的,但這窮寡婦卻奉獻了她賴以為生的一切。」

預言將來的事

5有些人正在談論由精美的石頭和珍貴的供物所裝飾的聖殿, 6耶穌說:「你們現在所見到的,將來有一天要被完全拆毀,找不到兩塊疊在一起的石頭。」

7他們問:「老師,這些事什麼時候會發生呢?發生的時候有什麼預兆呢?」

8耶穌回答說:「你們要小心提防,不要被迷惑。因為將來會有許多人冒我的名來,說,『我就是基督』,或說,『時候到了』,你們切勿跟從他們。 9你們聽見打仗和叛亂的事,不要害怕,因為這些事一定會先發生,但末日將不會立刻來臨。」

10耶穌接著說:「民族將與民族互鬥,國家將與國家相爭, 11將有大地震,各處將有饑荒和瘟疫,天上也將出現恐怖的景象和大異兆。

12「這些事情出現之前,人們要拘捕你們,迫害你們,把你們押到會堂和監牢,你們將為了我的名而被君王和官長審問。 13那時,正是你們為我做見證的好機會。 14你們要立定心志,不要為怎樣申辯而憂慮, 15因為我會賜給你們口才、智慧,使你們的仇敵全無反駁的餘地。 16你們將被父母、弟兄、親戚、朋友出賣,你們有些人會被他們害死。 17你們將為我的名而被眾人憎恨, 18但你們連一根頭髮也不會失落。 19你們只要堅忍到底,必能保全自己的靈魂。

20「你們看見耶路撒冷被重兵包圍時,就知道它被毀滅的日子快到了。 21那時,住在猶太地區的人要趕快逃到山上去,住在城裡的人要跑到城外,住在鄉村的人不要進城, 22因為那是報應的日子,要應驗聖經的全部記載。 23那時,孕婦和哺育嬰兒的母親們可就遭殃了!因為將有大災難降在這地方,烈怒要臨到這些人民。 24他們要死在刀劍之下,要被擄到外國去。耶路撒冷要被外族人蹂躪,直到外族人肆虐的日期滿了為止。

25「日月星辰必顯出異兆,怒海洶湧、波濤翻騰,令各國驚恐不安。 26天體必震動,人類想到世界要面臨的事都嚇得魂不附體。 27那時,他們要看見人子駕著雲、帶著能力和極大的榮耀降臨。 28當這些事發生時,你們要昂首挺胸,因為你們蒙救贖的日子近了。」

警醒禱告

29耶穌又講了一個比喻:「看看無花果樹和其他樹木吧。 30當你們看見樹木發芽長葉時,就知道夏天近了。 31同樣,當你們看見這些事情發生時,就知道上帝的國近了。

32「我實在告訴你們,這個世代還沒有過去,這一切都要發生。 33天地都要消逝,但我的話永不消逝。

34「你們要小心,不要被宴樂、醉酒和人生的掛慮所拖累,免得那日子像網羅般突然臨到你們, 35因為那日子將要這樣臨到世上每一個人。 36你們要時刻警醒,常常禱告,使你們能逃過這一切將要發生的災難,並能站在人子面前。」

37耶穌每天在聖殿裡講道,晚上則到城外的橄欖山上過夜。 38百姓一早都趕去聖殿聽祂的教導。

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 21:1-38

Okunafoɔ Bi Afɔrebɔ

1Yesu te asɔredan mu hɔ no, ɔhunuu asikafoɔ bi a wɔde wɔn afɔrebɔdeɛ akɛseakɛseɛ regu afɔrebɔ adaka no mu. 2Ɔhunuu okunafoɔ hiani bi nso sɛ ɔde sika kakra bi too afɔdeɛ adaka no mu. 3Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no sɛ, “Nokorɛ mu, afɔdeɛ a okunafoɔ hiani yi bɛbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa. 4Wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔdeɛ, na yei deɛ, ɔfiri ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu yi.”

Asɔredansɛeɛ Ho Nkɔmhyɛ

5Yesu akyidifoɔ no bi kamfoo aboɔ fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinneɛ ahodoɔ a wɔadi agu ɛdan no ho no. Nanso, Yesu kaa sɛ, 6“Ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛdwiri nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”

Nsɛm A Ɛbɛsisi Ansa Na Awieeɛ Abɛn

7Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na asɛm a woreka yi bɛsi, na ɛho nsɛnkyerɛnneɛ bɛyɛ sɛn?”

8Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni! 9Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, monnsuro ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di ɛkan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awieeɛ no abɛn.”

10Ɔkaa bio sɛ, “Aman bɛsɔre aman so na ahennie asɔre ahennie so. 11Asasewosoɔ a ɛyɛ hu bɛba, ɛkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu bɛfiri ewiem asisi.

12“Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛsisi no, me din enti, wɔbɛtaa mo akyekye mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfoɔ anim. 13Yei bɛma moanya ɛkwan adi me ho adanseɛ. 14Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho; 15Ɛfiri sɛ, mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode bɛyi mo ho ano a mo atamfoɔ rentumi nnyina mo anim. 16Mo awofoɔ, mo nuanom, mo abusuafoɔ ne mo nnamfonom bɛyi mo ama na wɔbɛkum mo mu bi. 17Na me enti, nnipa bɛtan mo. 18Nanso, mo tirinwi baako pɛ mpo renyera. 19Na sɛ motumi gyina pintinn a, mobɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.”

Yerusalem Sɛeɛ

20“Sɛ mohunu sɛ asraafoɔ atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛeɛ abɛn. 21Saa ɛberɛ no wɔn a wɔte Yudea nnwane nkɔ mmepɔ no so; wɔn a wɔwɔ kuro no mu no nnwane mfiri mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraase ne mfuom no ntena hɔ ara. 22Saa ɛberɛ yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Atwerɛsɛm no mu no bɛba mu. 23Wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue. Amanehunu a ɛnni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuhyeɛ nso aba nnipa no so. 24Ebinom bɛtotɔ wɔ sekan ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no bɛtwam.”

Onipa Ba No Ba A Ɔbɛsane Aba

25“Nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia, ɔsrane ne nsoromma mu na ɛpo asorɔkye bɛbobom, aworo so ama ne nnyegyeeɛ denden no de ahoyera aba aman nyinaa so. 26Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no enti, nnipa pii bɛtotɔ bera na abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem nso awoso ahoɔden so. 27Saa ɛberɛ no na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam a ɛso nam omununkum mu reba. 28Sɛ saa asɛm yi firi aseɛ sisi a, momfa gyidie nnyina pintinn, ɛfiri sɛ, na mo nkwagyeberɛ abɛn.”

Nnua Bi Ho Ɛbɛ

29Yesu buu wɔn ɛbɛ bi sɛ, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa. 30Sɛ ɛyiyi nhahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ osutɔberɛ aduru. 31Saa ara nso na sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ a moreka ho asɛm yi a, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn.

32“Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 33Ɔsoro ne asase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

34“Monhwɛ mo ho so yie! Mommma adiditrasoɔ ne nsãborɔ ne asetena mu dadwene nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no bɛfu mo mu. 35Ɛfiri sɛ, me ba a mɛba no bɛfu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu. 36Monwɛn. Ɛberɛ biara mommɔ mpaeɛ na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano, na Onipa Ba no sane ba bio a, moatumi agyina nʼanim.”

37Ɛda biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ ɛduru anwummerɛ biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔ no so kɔhome. 38Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kɔtie no wɔ asɔredan mu.