路加福音 2 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

路加福音 2:1-52

耶穌降生伯利恆

1那時,凱撒奧古斯都頒下諭旨,命羅馬帝國的人民都辦理戶口登記。 2這是第一次戶口登記,正值居里紐敘利亞總督。 3大家都回到本鄉辦理戶口登記。 4約瑟因為是大衛家族的人,就從加利利拿撒勒鎮趕到猶太地區大衛的故鄉伯利恆5要和已許配給他、懷著身孕的瑪麗亞一起登記。 6他們抵達目的地時,瑪麗亞產期到了, 7便生下第一胎,是個兒子。她用布把孩子裹好,安放在馬槽裡,因為旅店沒有房間了。

牧羊人和天使

8當晚,伯利恆郊外有一群牧羊人正在看守羊群。 9忽然,主的天使向他們顯現,主的榮光四面照著他們,他們非常害怕。 10天使對他們說:「不要怕!我告訴你們一個有關萬民的大喜訊, 11今天在大衛的城裡有一位救主為你們降生了,祂就是主基督! 12你們將看見一個嬰孩包著布躺在馬槽裡,這就是給你們的記號。」

13忽然,有一大隊天軍出現,與那天使一同讚美上帝說:

14「在至高之處,

願榮耀歸於上帝!

在地上,

願平安臨到祂所喜悅的人!」

15眾天使離開他們升回天上之後,牧羊人便商議說:「我們現在去伯利恆,察看一下主剛才告訴我們的那件事吧!」 16他們就連忙進城,找到了瑪麗亞約瑟以及躺在馬槽裡的嬰孩。 17他們看過之後,就把天使告訴他們有關這嬰孩的事傳開了。 18聽見的人都對牧羊人的話感到驚訝。

19瑪麗亞把這些事牢記在心裡,反覆思想。 20牧羊人在歸途中不斷地將榮耀歸於上帝,讚美祂,因為他們的所見所聞跟天使告訴他們的一樣。

奉獻聖嬰

21在第八天,嬰孩接受了割禮,祂的名字叫耶穌,是瑪麗亞懷孕前天使取的。

22摩西律法規定的潔淨期滿後,約瑟瑪麗亞把嬰孩帶到耶路撒冷去獻給主, 23因為主的律法規定:必須把長子分別出來獻給主。 24他們又按照主的律法獻上祭物,即一對斑鳩或兩隻雛鴿。 25耶路撒冷有一位公義敬虔、有聖靈同在的人名叫希緬,他一直期待著以色列的安慰者到來。 26聖靈曾啟示他:他去世前必能親眼看見主所立的基督。

27一天,他受聖靈感動進入聖殿,看見約瑟瑪麗亞抱著嬰孩耶穌進來,要依照律法的規定為祂行奉獻禮, 28就把祂抱過來,稱頌上帝說:

29「主啊,現在你的話已經成就,

可以讓你的奴僕安然離世了,

30因為我已親眼看到你的救恩,

31就是你為萬民所預備的救恩。

32這救恩是啟示外族人的光,

也是你以色列子民的榮耀。」

33約瑟瑪麗亞聽見這番話,感到驚奇。 34希緬給他們祝福後,就對孩子的母親瑪麗亞說:「看啊,這孩子必使以色列許多人跌倒、許多人興起。祂將成為眾人攻擊的對象, 35好叫許多人的心思意念暴露出來,你自己則會心如刀割。」

36-37亞設支派中有一位八十四歲高齡的女先知名叫亞拿,是法內利的女兒,婚後七年便開始守寡,之後一直住在聖殿裡,禁食禱告,日夜事奉上帝。 38正在那時,她也前來感謝上帝,並把耶穌的事報告給所有盼望耶路撒冷蒙救贖的人。

39約瑟瑪麗亞辦完了主的律法規定的一切事之後,就回到他們的家鄉——加利利拿撒勒40耶穌漸漸長大,身心強健,充滿智慧,上帝的恩典與祂同在。

少年耶穌聖殿論道

41約瑟瑪麗亞每年都上耶路撒冷去過逾越節。 42耶穌十二歲那年,跟父母照例上去過節。 43節期完了,約瑟瑪麗亞便啟程回家,他們並不知道少年耶穌仍然留在耶路撒冷44還以為祂跟在同行的人中間。他們走了一天的路後,才開始在親戚朋友中找祂, 45結果沒有找到,只好回到耶路撒冷46三天後,他們才在聖殿裡找到耶穌,祂正和教師們坐在一起,一邊聽一邊問問題。 47祂的知識和對答令聽見的人感到驚奇。 48約瑟瑪麗亞看見耶穌在那裡,大為驚奇。

瑪麗亞對祂說:「兒子,你為什麼這樣對我們呢?你父親和我急得到處找你!」

49耶穌對他們說:「你們為什麼找我呢?難道你們不知道我應該在我父的家嗎?」 50但他們不明白祂在講什麼。

51於是,耶穌隨父母回到拿撒勒,並順從他們。瑪麗亞把這一切事牢記在心。 52耶穌漸漸長大,智慧與日俱增,越來越受上帝和人們的喜愛。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 2:1-52

Yesu Awo

1Saa bere no na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn no hyɛɛ mmara bi se wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa. 2Saa nnipakan yi ne nea edi kan wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no bere so. 3Obiara kɔɔ ne kurom ma wɔkyerɛw ne din.

4Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ sɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. 5Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe. 6Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria, 7na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.

8Anadwo no ara, na nguanhwɛfo bi nso wɔ sare so baabi rewɛn wɔn nguan. 9Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfo baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyia maa wɔn ho dwiriw wɔn. 10Ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. 11Nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. 12Eyi ne nsɛnkyerɛnne a mubehu. Mubehu akokoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.”

13Amono mu hɔ ara, abɔfokuw bɛkaa ɔbɔfo a ɔwɔ hɔ no ho ma wɔtoo ayeyi dwom se,

14“Anuonyam nka Ɔsorosoro Nyankopɔn,

na asomdwoe mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.”

15Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”

16Wɔde ahoɔhare kɔɔ Betlehem kohuu Maria ne Yosef. Na wohuu abofra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17Nguanhwɛfo no huu abofra no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro ɔbɔfo no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia wo hɔ no. 18Wɔn a wɔtee nguanhwɛfo yi asɛm no nyinaa ho dwiriw wɔn. 19Nanso Maria de, ɔde saa nsɛm a ɔtee no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. 20Nguanhwɛfo no kohuu nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigye san wɔn akyi kɔɔ nea wɔn nguan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.

Yesu Dinto

21Abofra no dii nnaawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔsoro ɔbɔfo no kyerɛɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Da no ara na wotwaa no twetia.

Wɔde Yesu Kɔ Hyiadan Mu

22Bere duu sɛ Yosef ne Maria kodwira wɔn ho sɛnea Mose mmara kyerɛ no, wɔde abofra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. 23Sɛnea Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbea wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a wɔde no ma Awurade.” 24Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔre, sɛnea mmara no kyerɛ no wɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien na ɛbɔ afɔre no.

25Da no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa trenee, ɔhotefo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. 26Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no se ɔrenwu kosi sɛ obehu Agyenkwa a Awurade asra no no. 27Enti bere a Maria ne Yosef duu asɔredan no mu sɛ wɔde abofra no rekɔma Awurade sɛnea mmara no te no, 28wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abofra no, hyɛɛ Awurade anuonyam se,

29“Awurade,

afei ma wʼakoa nwu wɔ asomdwoe mu

30efisɛ mʼani ahu Agyenkwa

31a wohyɛɛ me ne ho bɔ no.

32Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn wiase nyinaa

na wahyɛ wo man Israel anuonyam!”

33Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne na Maria nwonwa. 34Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne na Maria se, “Saa abofra yi so na Israelfo mu dodow no ara nkwagye ne wɔn asehwe begyina. 35Na ɔbɛma dodow no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria de, wubesi apini wɔ wo mu.”

Ana Nkɔmhyɛ

36Saa bere no, na Fanuel babea odiyifo Ana a ofi Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyin. Ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfe ason pɛ na ne kunu no wui. 37Ne kunu no wu akyi no, ɔyɛɛ kuna kosii sɛ odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn. 38Saa bere no ara na ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a obegye Yerusalem no nyinaa.

39Wowiee amanne sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea, 40Abofra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so.

Yesu Wɔ Hyiadan Mu

41Afe biara na Yesu awofo kɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.2.41 Na mmara no hyɛ sɛ mmarima a wɔanyinyin nkɔ afahyɛ ahorow abiɛsa no ase afe biara. Afahyɛ ahorow no ne Twam, Pentekoste ne Asese. Ɔkwan no tenten nti, na Yudafo no mu bebree ntumi nkɔ afahyɛ ahorow abiɛsa no nyinaa bi, nanso Twam afahyɛ no de, na wɔbɔ mmɔden kɔ. 42Sɛnea na wɔn amanne te no, Yesu dii mfe dumien no,2.42 Sɛ mmarimaa di mfirihyia dumien a, wofi ase yɛ ahoboa sɛ wobewura nyamesom mu afe a edi so no mu. nʼawofo de no kɔɔ Yerusalem kodii Twam Afahyɛ no. 43Wowiee afahyɛ no di a wɔresan akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofo no nnim. 44Wotwaa da koro kwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wofii ase bisabisaa nʼase fii wɔn abusuafo ne amannifo nkyɛn. 45Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. 46Ne nnansa akyi no, wokohuu no wɔ Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo2.46 Yerusalem akyerɛkyerɛfo a wonim mmara no yiye. bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuae nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwonwa. 48Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Ne na frɛɛ no bisaa no se, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.”

49Yesu buaa wɔn se, “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛyɛ mʼasɛde sɛ metena mʼagya fi som no ana?” 50Nanso nʼawofo no ante nea ɔkae no ase.

51Yesu ne nʼawofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim. 52Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.