詩篇 50 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

詩篇 50:1-23

第 50 篇

真正的敬拜

亞薩的詩。

1從日出之地到日落之處,

大能的上帝耶和華召喚世人。

2上帝的光輝從完美的錫安發出。

3我們的上帝來臨,

並非悄然無聲,

祂前面有烈火燃燒,

周圍有暴風怒吼。

4祂召喚天地,

為要審判祂的子民。

5祂說:「把我忠心的子民——那些藉著獻祭和我立約的人招聚到我這裡。」

6諸天宣揚上帝的公義,

因為祂是審判官。(細拉)

7祂說:「我的子民啊,聽我說!

以色列啊,我要指控你!

我是上帝,是你的上帝。

8我責怪你,不是因為你的祭物,

也不是因為你經常獻給我的燔祭。

9我不需要你棚裡的公牛和圈裡的山羊,

10因為林中的百獸是我的,

群山上的牲畜是我的。

11山中的飛鳥和田野的動物都是我的。

12就是我餓了,也不用告訴你,

因為世界和其中的一切都是我的。

13難道我吃公牛的肉,

喝山羊的血嗎?

14你要向上帝獻上感恩祭,

向至高者恪守諾言,

15在患難中呼求我,

我必拯救你,你必尊崇我。」

16但上帝對惡人說:

「你怎能背誦我的律法,

談論我的約?

17你憎惡我的管教,

把我的話拋在腦後。

18你見了盜賊就與他同流合污,

又喜歡與淫亂的人交往。

19你滿口惡言,謊話連篇,

20肆意譭謗自己的同胞兄弟。

21我對你的所作所為默然不語,

你就以為我與你是同道。

現在我要責備你,

當面指出你的罪狀。

22忘記上帝的人啊,

你們要省察,

免得我毀滅你們,

那時誰也救不了你們。

23向我獻上感恩就是尊崇我,

我必拯救走正路的人。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 50:1-23

Dwom 50

Asaf dwom.

1Tweduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa,

na ɔfrɛ asase nyinaa

efi apuei kosi atɔe.

2Onyankopɔn hyerɛn fi Sion

kurow a ne fɛ wie pɛyɛ.

3Yɛn Nyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm;

ogya a ɛhyew nneɛma di nʼanim,

ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.

4Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase,

sɛ ɔrebu ne nkurɔfo atɛn;

5Ɔka se, “Boaboa nnipa a wɔatew wɔn ho no ano ma me;

wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me yɛɛ apam no.”

6Ɔsoro pae mu ka ne trenee,

na Onyankopɔn ankasa ne otemmufo.

7“Muntie, me nkurɔfo, na mɛkasa,

medi adanse atia wo, Israel;

Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no.

8Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔde

anaa mo hyew afɔre a ɛwɔ mʼanim daa no ho.

9Anantwinini a wofi mo mfuw so

anaa mpapo a wofi mo buw mu ho nhia me,

10efisɛ kwae mu aboa biara yɛ me de,

anantwi a wɔwɔ nkoko mpempem so nso saa ara.

11Minim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔw no so,

na wuram abɔde nyinaa yɛ me de.

12Sɛ ɔkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo;

efisɛ, wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ me de.

13Mewe anantwinini nam,

na menom mpapo mogya ana?

14Momfa aseda afɔre mma Onyankopɔn,

na munni bɔ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,

15na momfrɛ me hiada;

na megye mo na moahyɛ me anuonyam.”

16Nanso amumɔyɛfo de, Onyankopɔn bisa wɔn se,

“Adɛn nti na moka me mmara

na mʼapam da mo ano?

17Mukyi me nkyerɛkyerɛ,

na motow me nsɛm gu mo akyi.

18Sɛ muhu ɔkorɔmfo a mode mo ho bɔ no;

na mo ne nguaman nso bɔ.

19Mode mo ano yɛ bɔne,

na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano.

20Mokasa tia mo nuabarima bere biara

na mosopa mo ankasa na ba.

21Moayɛ eyinom nyinaa; nanso manka hwee,

enti mususuw sɛ mete sɛ mo.

Nanso mɛka mo anim,

na mede mo sobo asi mo anim.

22“Munnwen eyi ho, mo a mo werɛ fi Onyankopɔn,

anyɛ saa a, mɛtetew mo mu nketenkete a obiara remmegye mo;

23Nea ɔbɔ aseda afɔre no hyɛ me anuonyam,

na osiesie kwan

sɛnea mɛda Onyankopɔn nkwagye adi akyerɛ no.”