詩篇 131 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

詩篇 131:1-3

第 131 篇

全心仰望上帝

大衛上聖殿朝聖之詩。

1耶和華啊,

我的心不狂傲,

我的眼目也不高傲;

我不敢涉獵太偉大、太奇妙的事。

2我的心靈平靜安穩,

如同母親身邊斷奶的孩子,

我的心靈如同斷奶的孩子。

3以色列啊,

你要仰望耶和華,

從現在直到永遠。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 131:1-3

Dwom 131

Ɔsoroforo dwom. Dawid de.

1Awurade, ahomaso nni me koma mu,

na mʼani ntraa me ntɔn ɛ;

memma nsɛm akɛse nhaw me

anaa nsɛm a ɛyɛ nwonwa dodo ma me.

2Na mmom, mama me kra anya abotɔyam

te sɛ akokoaa a ɔda ne na so renum no,

te sɛ akokoaa a otua nufu ano no,

saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.

3Israel, ma wʼani nna Awurade so,

mprempren ne daa nyinaa.