耶利米書 9 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 9:1-26

1真希望我的頭是水泉,

眼是淚泉,

好為我被殺的同胞晝夜哭泣;

2真希望我在曠野有棲身之處,

以便遠離我的同胞,

因為他們是一群不忠不貞之徒。

3耶和華說:

「他們鼓舌如簧,射出謊言,

遍地充滿詭詐,毫無誠實;

他們行惡不斷,

不認我是上帝。

4你們要提防鄰居,

不要信賴弟兄,

因為弟兄詭計多端,

鄰居滿口是非。

5他們彼此欺騙,不說真話;

他們說謊成性,

不知疲倦地肆意犯罪;

6他們充滿詭詐,

不認我是上帝。

這是耶和華說的。」

7因此,萬軍之耶和華說:

「看啊,我要熬煉、試驗這些罪惡的子民,

除此之外,我別無選擇。

8他們舌如毒箭,說話詭詐,

對鄰居口蜜腹劍。

9難道我不該懲罰他們嗎?

難道我不該報應這樣的民族嗎?

這是耶和華說的。」

10我要為眾山悲傷痛哭,

為曠野的草原唱哀歌,

因為那裡一片荒涼,杳無人跡,

聽不見牲畜的叫聲,

飛鳥和走獸也逃去無蹤。

11耶和華說:「我要使耶路撒冷淪為廢墟,

成為豺狼出沒之地;

我要使猶大的城邑荒涼,

不見人煙。」

12誰有智慧明白這事呢?誰曾受過耶和華的指教可以講解這事呢?為什麼這片土地被蹂躪,變得荒涼、杳無人跡? 13耶和華說:「這是因為他們棄絕我賜給他們的律法,不聽從我的話,不遵守我的命令, 14執迷不悟,隨從他們祖先的教導去供奉巴力。」 15因此,以色列的上帝——萬軍之耶和華說:「看啊,我要使這百姓吃苦艾,喝毒藥; 16我要把他們分散到他們及其祖先都不認識的列國;我要使敵人追殺他們,直到滅絕他們。」

17萬軍之耶和華說:

「把陪哭的婦人請來,

把最會哭的婦人帶來,

18叫她們速來為我的子民哀哭,

哭得他們淚盈滿眶,

哭得他們淚如泉湧。

19因為從錫安傳出哀鳴,

『我們滅亡了!

我們受了奇恥大辱!

我們的家園被毀,

我們只好背井離鄉。』」

20婦人啊,你們要聽耶和華的話,

接受祂的教誨;

你們要教導女兒哀哭,

教導鄰居唱輓歌。

21因為死亡從窗戶爬進我們的城堡,

吞滅街上的孩童和廣場上的青年。

22耶和華說:「人們必屍橫遍野,

像散佈在田野上的糞便,

又像收割者身後沒有收集的禾捆。」

23耶和華說:「智者不要誇耀自己的智慧,勇士不要誇耀自己的力量,富人不要誇耀自己的財富。 24若有人誇耀,就讓他誇耀自己認識我是耶和華,知道我喜歡在地上憑慈愛、公平和正義行事。這是耶和華說的。」 25耶和華說:「看啊,時候將到,我要懲罰所有只在身體受過割禮的人, 26就是埃及人、猶大人、以東人、亞捫人、摩押人和所有住在曠野、剃了鬢髮的人,因為這些人,包括以色列人,都沒有受過真正的割禮,沒有受過內心的割禮。」

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 9:1-26

1Ao, sɛ me etiri yɛ asutire,

na mʼaniwa yɛ nisuo abura a,

anka mɛsu awia ne anadwo

ama me nkurɔfoɔ a wɔakunkum wɔn no.

2Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛ

wɔ anweatam no so a,

anka mɛgya me nkurɔfoɔ hɔ

na mafiri wɔn nkyɛn;

ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,

nnipa kuo a wɔnni nokorɛ.

3“Wɔsiesie wɔn tɛkrɛma

te sɛ agyan de di atorɔ;

Ɛnyɛ nokorɛ so na wɔnam

di yie wɔ asase yi so.

Wɔyɛ bɔne toatoa so;

na wɔnnye me nto mu,”

Awurade na ɔseɛ.

4“Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho;

monnnye mo nuammarima mpo nni.

Ɛfiri sɛ onuabarima biara yɛ ɔdaadaafoɔ,

na adamfo biara yɛ osekuni.

5Adamfo daadaa adamfo,

na wɔn mu biara nka nokorɛ.

Wɔn tɛkrɛma akokwa atorodie mu,

na wɔde bɔneyɛ ha wɔn ho.

6Wote nnaadaa mfimfini;

na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wɔgye me to mu,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

7Ɛno enti, sei na Asafo Awurade seɛ,

“Hwɛ, mɛnane wɔn asɔ wɔn ahwɛ,

na ɛdeɛn bio na mɛtumi ayɛ

ɛsiane me nkurɔfoɔ yi bɔne nti?

8Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ;

ɛka nnaadaasɛm.

Obiara kasa asomdwoeɛ mu kyerɛ ne yɔnko,

nanso nʼakoma mu deɛ, ɔsum no afidie.

9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?”

Sei na Awurade seɛ.

“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ

ɔman a ɛte sei so awere anaa?”

10Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no,

mɛbɔ abubuo a ɛfa anweatam adidibea ho.

Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio,

na wɔnte anantwie su wɔ hɔ.

Ewiem nnomaa no atutu kɔ

na mmoa no nso adwane kɔ.

11“Mɛyɛ Yerusalem mmubuiɛ sie,

sakraman atuo;

na mɛma Yuda nkuro ada mpan

sɛdeɛ obiara ntumi ntena hɔ.”

12Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ?

13Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so. 14Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.” 15Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra. 16Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.”

17Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie:

“Dwene ho! Frɛ mmaa agyaadwotwafoɔ no,

frɛ wɔn a wɔakwadare mu pa ara.

18Ma wɔmmra ntɛm

mmesu ngu yɛn so

kɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuo

na nisuo adware yɛn.

19Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ,

‘Wɔasɛe yɛn!

Yɛn anim agu ase yie!

Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase so

ɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’ ”

20Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm;

monyɛ aso mma nsɛm a ɛfiri nʼanom.

Monkyerɛ mo mmammaa sɛdeɛ wɔtwa dwo;

monkyerɛ mo ho mo ho abubuo bɔ.

21Owuo aforo afa yɛn mpomma mu

ahyɛne yɛn aban mu;

apamo mmɔfra afiri mmɔntene so

ne mmeranteɛ afiri ɔman adwaberem.

22Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ,

“ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ

te sɛ sumina a ɛgugu petee mu,

te sɛ aburoo a otwafoɔ atwa agu nʼakyi

a obiara mmoaboaa ano.’ ”

23Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Mma onyansafoɔ mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho

anaa ɔhoɔdenfoɔ mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho

anaa ɔdefoɔ mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.

24Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ

ɔwɔ nhunumu, na ɔnim sɛ,

me ne Awurade a ɔyɛ adɔeɛ,

na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase so

ɛfiri sɛ yeinom na ɛsɔ mʼani,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

25“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso: 26Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokorɛm, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ na mpo Israel fiefoɔ nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.”