耶利米書 43 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 43:1-13

耶利米被帶到埃及

1耶利米向眾人宣告了他們的上帝耶和華的話,就是他們的上帝耶和華派他去說的一切話。 2何沙雅的兒子亞撒利雅加利亞的兒子約哈難和一些狂妄之徒對耶利米說:「你在撒謊!我們的上帝耶和華並沒有派你來告訴我們不可去埃及住。 3尼利亞的兒子巴錄慫恿你反對我們,好叫我們落在迦勒底人手中,任由他們宰殺或擄到巴比倫。」 4於是,加利亞的兒子約哈難和眾將領及民眾都不聽從耶和華讓他們留在猶大的命令。 5-7加利亞的兒子約哈難和眾將領率領民眾下到埃及答比匿。民眾中有流亡到各國又返回猶大的餘民和護衛長尼布撒拉旦留給沙番的孫子、亞希甘的兒子基大利管理的男女婦孺、公主以及耶利米先知和尼利亞的兒子巴錄。他們沒有聽從耶和華的命令。

8耶和華在答比匿耶利米說: 9「你當著猶大人的面搬幾塊大石頭,埋在答比匿的法老宮門前的磚路下面, 10然後告訴他們以色列的上帝——萬軍之耶和華說,『看啊,我必召來我的僕人巴比倫尼布甲尼撒,把他的寶座安置在我讓你埋的石頭上面,他要在上面搭起他的帳篷。 11他要前來攻打埃及,叫那些該死的死、該被擄的被擄、該被殺的被殺。 12他要焚燒埃及的神廟,擄走神像;他要像牧人披上外衣一樣輕而易舉地征服埃及,然後安然離去。 13他要摧毀埃及太陽神廟的神柱,燒毀埃及的神廟。』」

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 43:1-13

1Ɛberɛ a Yeremia wiee nsɛm a ɛfiri Awurade wɔn Onyankopɔn nkyɛn no ka no, 2Hosaia babarima Asaria, Karea babarima Yohanan ne mmarima ahomasofoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Woredi atorɔ! Awurade yɛn Onyankopɔn nsomaa wo sɛ bɛka sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mokɔ Misraim kɔtena hɔ.’ 3Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyegye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, sɛdeɛ wɔbɛkum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.”

4Enti, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne nnipa no anni Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔntena Yuda asase so no so. 5Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ nyinaa de Yuda nkaeɛfoɔ a wɔfifirii amanaman a wɔbɔɔ wɔn pete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔɔeɛ. 6Wɔde mmarima, mmaa, mmɔfra ne ɔhene mmammaa a ɔsahene Nebusaradan a ɔyɛ ɔhene awɛmfoɔ panin no de wɔn gyaa Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana kɔɔeɛ. Na odiyifoɔ Yeremia ne Neria babarima Baruk nso ka ho bi. 7Enti wɔhyɛnee Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wɔkɔduruu Tapanhes.

8Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanhes sɛ, 9“Ɛberɛ a Yudafoɔ no rehwɛ no, fa aboɔ akɛseɛ, afei tutu fam wɔ birikisi nsɛweeɛ a ɛwɔ Farao ahemfie a ɛwɔ Tapanhes aboboano hɔ, na fa gu mu kata so. 10Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mɛsoma me ɔsomfoɔ Babiloniahene Nebukadnessar, na mede nʼahennwa bɛsi saa aboɔ a masie wɔ ha no so; na ɔbɛtrɛ nʼadehye kyiniiɛ mu wɔ so. 11Ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so, na ɔbɛkum wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkum wɔn no, na wɔafa wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkɔ nnommumfa mu nnommum. Na wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔmfa wɔn mma akofena no nso, wɔde wɔn bɛma akofena. 12Ɔbɛto Misraim anyame asɔredan mu ogya ahye na wɔafa wɔn anyame no nnommum. Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ de nʼatadeɛ kyekyere ne ho no, saa ara na ɔde Misraim bɛkyekyere ne ho na wafiri hɔ akɔ a ne ho baabiara renti. 13Owia asɔredan a ɛwɔ Misraim no, ɔbɛbubu nʼafadum kronkron no, na wahye Misraim anyame asɔredan no dworobɛɛ.’ ”