耶利米書 43 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 43:1-13

耶利米被帶到埃及

1耶利米向眾人宣告了他們的上帝耶和華的話,就是他們的上帝耶和華派他去說的一切話。 2何沙雅的兒子亞撒利雅加利亞的兒子約哈難和一些狂妄之徒對耶利米說:「你在撒謊!我們的上帝耶和華並沒有派你來告訴我們不可去埃及住。 3尼利亞的兒子巴錄慫恿你反對我們,好叫我們落在迦勒底人手中,任由他們宰殺或擄到巴比倫。」 4於是,加利亞的兒子約哈難和眾將領及民眾都不聽從耶和華讓他們留在猶大的命令。 5-7加利亞的兒子約哈難和眾將領率領民眾下到埃及答比匿。民眾中有流亡到各國又返回猶大的餘民和護衛長尼布撒拉旦留給沙番的孫子、亞希甘的兒子基大利管理的男女婦孺、公主以及耶利米先知和尼利亞的兒子巴錄。他們沒有聽從耶和華的命令。

8耶和華在答比匿耶利米說: 9「你當著猶大人的面搬幾塊大石頭,埋在答比匿的法老宮門前的磚路下面, 10然後告訴他們以色列的上帝——萬軍之耶和華說,『看啊,我必召來我的僕人巴比倫尼布甲尼撒,把他的寶座安置在我讓你埋的石頭上面,他要在上面搭起他的帳篷。 11他要前來攻打埃及,叫那些該死的死、該被擄的被擄、該被殺的被殺。 12他要焚燒埃及的神廟,擄走神像;他要像牧人披上外衣一樣輕而易舉地征服埃及,然後安然離去。 13他要摧毀埃及太陽神廟的神柱,燒毀埃及的神廟。』」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 43:1-13

1Bere a Yeremia wiee nsɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn nkyɛn no ka no, biribiara a Awurade asoma no sɛ ɔmmɛka nkyerɛ wɔn no, 2Hosaia babarima Asaria, Karea babarima Yohanan ne mmarima ahomasofo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia se, “Woredi atoro! Awurade, yɛn Nyankopɔn, nsomaa wo se bɛka se, ‘Ɛnsɛ sɛ mokɔ Misraim kɔtena hɔ.’ 3Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyigye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafo nsa, sɛnea wobekum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.”

4Enti Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo no nyinaa ne nnipa no anni Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yuda asase so no so. 5Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo no nyinaa de Yuda nkae a wofi amanaman a wɔbɔɔ wɔn ahwete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔe. 6Wɔde mmarima, mmea, mmofra ne ɔhene mmabea a ɔsahene Nebusaradan, a ɔyɛ ɔhene awɛmfo panyin no, de wɔn gyaw Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena, odiyifo Yeremia ne Neria babarima Baruk nso kɔe. 7Enti wɔhyɛn Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wokoduu Tapanhes.

8Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanhes se, 9“Bere a Yudafo no rehwɛ no, fa abo akɛse, afei tutu fam wɔ birikisi nsɛwee a ɛwɔ Farao ahemfi a ɛwɔ Tapanhes abobow ano hɔ, na fa gu mu kata so. 10Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Mɛsoma me somfo Babiloniahene Nebukadnessar, na mede nʼahengua besi saa abo a masi wɔ ha no so; na ɔbɛtrɛw nʼadehye kyinii mu wɔ so. 11Ɔbɛba abɛtow ahyɛ Misraim so, na obekum wɔn a wɔahyɛ sɛ wonkum wɔn no, ɔbɛfa wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkɔ nnommum mu no nnommum, na wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔmfa wɔn mma afoa no, wɔde wɔn bɛma afoa. 12Ɔbɛto Misraim anyame asɔredan mu gya, ahyew na wɔafa wɔn anyame no nnommum. Sɛnea oguanhwɛfo de nʼatade kyekyere ne ho no, saa ara na ɔde Misraim bɛkyekyere ne ho na wafi hɔ akɔ a ne ho baabiara renti. 13Owia asɔredan a ɛwɔ Misraim no, obebubu nʼafadum kronkron no, na wahyew Misraim anyame asɔredan no dwerɛbee.’ ”