耶利米書 40 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 40:1-16

基大利恩待耶利米

1耶利米帶著鎖鏈跟耶路撒冷猶大被擄的人一起被帶往巴比倫,但護衛長尼布撒拉旦拉瑪釋放了他。這事之後,耶和華的話傳給了耶利米2護衛長釋放耶利米之前對他說:「你的上帝耶和華曾說要在這裡降下災禍, 3現在果然應驗了。你們遭災是因為你們得罪了耶和華,不聽祂的話。 4現在我解除你手上的鎖鏈,釋放你。你可以跟我去巴比倫,我必善待你;如果你不想去,也可以。你看,整片土地都在你眼前,你想去哪裡都可以。 5巴比倫王委任沙番的孫子、亞希甘的兒子基大利管理猶大的城邑,如果你想留下來,可以去他那裡住在同胞中,或去其他你喜歡的地方。」於是,護衛長給耶利米乾糧和禮物,放他離去。 6耶利米就到米斯巴基大利那裡,居住在留下來的人當中。

基大利管理猶大

7躲在鄉村的猶大將領和士兵聽說巴比倫王委任亞希甘的兒子基大利管理猶大的窮人,就是沒有被擄到巴比倫的男女婦孺, 8便來到米斯巴基大利。他們是尼探雅的兒子以實瑪利加利亞的兒子約哈難約拿單單戶篾的兒子西萊雅尼陀法以斐的兒子們、瑪迦耶撒尼亞及他們的屬下。 9沙番的孫子、亞希甘的兒子基大利對他們起誓說:「你們不要怕臣服於迦勒底人,只管住在這裡做巴比倫王的臣民,你們會平安無事。 10至於我,我要留在米斯巴,代表你們與迦勒底人會面。你們要儲備酒、夏天的果子和油,存放在器皿內,在你們所住的城邑生活。」 11摩押亞捫以東及各國的猶大人聽說巴比倫王留下一些人,並委任沙番的孫子、亞希甘的兒子基大利管理他們, 12便從各地回到猶大,去米斯巴基大利。他們儲備了大量的酒和夏天的果子。

13加利亞的兒子約哈難和在鄉村的眾將領來到米斯巴基大利14對他說:「亞捫巴利斯尼探雅的兒子以實瑪利來殺你,你知道嗎?」亞希甘的兒子基大利卻不相信他們的話。 15後來,加利亞的兒子約哈難米斯巴私下對基大利說:「讓我去殺掉尼探雅的兒子以實瑪利吧!沒人會知道。何必讓他來殺害你,以致匯集到你這裡的猶大餘民再度分散、滅亡呢?」 16亞希甘的兒子基大利說:「你不可殺他,你說他要殺我這件事不是真的。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 40:1-16

Wogyaa Yeremia

1Ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no gyaa Yeremia wɔ Rama akyi no, asɛm no fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ. Ohuu sɛ wɔagu Yeremia nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ nnommum a wofi Yerusalem ne Yuda a na wɔde wɔn rekɔ Babilonia no mu. 2Bere a ɔsahene a otua awɛmfo no ano no huu Yeremia no, ɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔhyɛɛ saa amanehunu yi maa beae yi. 3Na afei, Awurade ama aba mu, wayɛ sɛnea ɔkaa se ɔbɛyɛ no. Eyinom nyinaa baa mu, efisɛ mo saa nnipa yi yɛɛ bɔne tiaa Awurade na moanyɛ osetie amma no. 4Nanso nnɛ mereyi wo afi nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wo nsa no mu. Sɛ wopɛ a, ma yɛnkɔ Babilonia na mɛhwɛ wo so, nanso sɛ wompɛ de a, mma. Hwɛ ɔman no nyinaa na ɛda wʼanim no, kɔ baabiara a wopɛ.” 5Na ansa na Yeremia bɛdan ne ho akɔ no, Nebusaradan ka kaa ho se, “San kɔ Ahikam babarima Gedalia a, ɔyɛ Safan nena, a Babiloniahene apa no sɛ ɔnhwɛ Yuda nkurow so no nkyɛn na wo ne no nkɔtena wɔ nnipa no mu, anaasɛ kɔ baabi foforo biara a wopɛ.”

Na ɔsahene no maa Yeremia aduan ne akyɛde, na ɔmaa no kɔe. 6Enti Yeremia kɔɔ Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no tenaa nnipa a wɔkaa wɔ asase no so no mu.

Wokum Gedalia

7Bere a asraafo mpanyimfo no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wuram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmea ne mmofra a wɔyɛ ahiafo wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommum mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no, 8wɔbaa Gedalia hɔ wɔ Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmabarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ofi Netofa mmabarima, Yesania a ɔyɛ Maakatni babarima ne wɔn mmarima. 9Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den se, “Munnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafo. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ebesi mo yiye. 10Me de, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu wɔ Babiloniafo a, wɔba yɛn nkyɛn no mu, na mo de, monkɔboaboa nsa, ahohuru bere mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu wɔ twabere mu, na montenatena nkurow a moafa no so.” 11Bere a Yudafo a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahorow a aka no, tee sɛ Babiloniahene agyaw nkae bi wɔ Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena sɛ amrado wɔ wɔn so no, 12wɔn nyinaa san baa Yuda asase so fi aman a wɔbɔɔ wɔn petee no so, kɔɔ Gedalia hɔ wɔ Mispa. Na wɔboaboaa nsa ne ahohuru bere mu nnuaba bebree ano wɔ twabere mu.

13Na Karea babarima Yohanan ne ntuano asraafo a wɔda so wɔ wuram no baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa 14na wɔka kyerɛɛ no se, “Wunnim sɛ, Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael se, ommekum wo ana?” Nanso Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni.

15Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kokoa mu wɔ Mispa se, “Ma minkokum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ okum wo na ɔma Yudafo a wɔatwa wo ho ahyia no bɔ ahwete, na Yudafo nkae no yera?”

16Nanso Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan se, “Nyɛ saa ade yi! Nea woka fa Ismael ho no nyɛ nokware.”