耶利米書 30 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 30:1-24

上帝應許拯救祂的子民

1耶和華對耶利米說: 2「以下是以色列的上帝耶和華的話,你要把我對你說的話寫在書卷上。 3耶和華說,『看啊,時候將到,我要使我被擄的子民——以色列人和猶大人回到故土,回到我賜給他們祖先的土地上。這是耶和華說的。』」

4以下是耶和華論到以色列猶大的話。

5耶和華說:「我聽見驚恐不安的喊叫聲。

6你們去問問,

男人能分娩嗎?

為什麼我看見男人們都雙手捂著肚子,

好像分娩的婦人臉色鐵青呢?

7唉!無比可怕的日子快來了,

那將是雅各子孫的苦難之日,

但他們必得拯救。」

8萬軍之耶和華說:「那日,我要折斷他們頸上的軛,砍斷他們的鎖鏈,使他們不再受外族人奴役。 9他們要事奉我——他們的上帝耶和華,聽從我為他們選立來繼承大衛寶座的王。

10「我的僕人雅各啊,不要害怕;

以色列人啊,不要驚駭。

這是耶和華說的。

因為我必從遠方,

從你們流亡之地拯救你們,

使你們重歸故土,得享安寧,

不受他人驚嚇。

11因為我與你們同在,

要拯救你們。

這是耶和華說的。

我要徹底毀滅列國,

就是我曾使你們流亡的地方。

但我不會徹底毀滅你們,

也不會饒過你們,

我必公正地懲治你們。」

12耶和華說:

「你們的創傷無法醫治,

你們的傷口無法痊癒。

13沒有人幫助你們,

你們的傷處無藥可治,

你們無法痊癒。

14你們的盟友都忘了你們,

對你們漠不關心。

我要像你們的仇敵一樣擊打你們,

殘酷地懲罰你們,

因為你們罪大惡極,罪過無數。

15你們為何因自己無法醫治的創傷而哭泣呢?

因為你們罪大惡極,罪過無數,

我才這樣懲罰你們。

16然而,毀滅你們的必被毀滅,

與你們為敵的必被擄走,

擄掠你們的必被擄掠,

搶奪你們的必被搶奪。

17雖然你們這些錫安人無家可歸,

無人關心,

但我要醫治你們的創傷,

使你們康復。

這是耶和華說的。」

18耶和華說:

「看啊,我要使雅各的子孫復興,

我要憐憫他們,

使他們在廢墟上重建家園,

重修宮殿。

19那裡必傳出感謝和歡樂的聲音。

我必使他們的人口增加,

不再減少;

我必使他們得享尊榮,

不再受歧視。

20他們的兒女要如往日一樣興旺,

我要使他們的國家堅立,

我要懲罰所有壓迫他們的人。

21他們的首領將是自己的同胞,

他們的元首將出自本族。

他必應我的邀請來到我面前,

因為無人敢貿然來到我面前。

這是耶和華說的。

22他們要做我的子民,

我要做他們的上帝。」

23看啊,耶和華的怒氣必如風暴一樣橫掃過來,

颳到惡人頭上。

24耶和華不完成祂心中的計劃,

祂的烈怒必不止息。

將來有一天,你們會明白。

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 30:1-24

Wɔgye Israel Si Hɔ

1Asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ nie: 2“Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: ‘Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nwoma mu. 3Nna bi reba,’ sɛdeɛ Awurade seɛ, ‘a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so,’ Awurade na ɔseɛ.”

4Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: 5“Deɛ Awurade seɛ nie:

“ ‘Akomatuo nteateam na mete,

mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ.

6Mommisa na monhunu:

Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa?

Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara

sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu,

na anim biara ayɛ bosaa saa?

7Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa!

Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno.

Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob,

nanso, wɔbɛyi no afiri mu.

8“ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ,

‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu,

na matete wɔn nkyehoma no mu;

ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio.

9Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn

ne Dawid wɔn ɔhene,

a mɛpagya no ama wɔn.

10“ ‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ;

mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’

deɛ Awurade seɛ nie.

‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri,

ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so.

Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ

na obiara renhunahuna no bio.

11Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’

Awurade na ɔseɛ.

‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,

wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no,

nanso merensɛe mo korakora.

Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so;

meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’

12“Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“ ‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ,

na ɛnni asaeɛ.

13Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,

wo kuro no rennya aduro,

na worennya ayaresa.

14Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo;

wo ho biribiara mfa wɔn ho.

Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ

na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe,

ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo

na wʼamumuyɛ nso dɔɔso.

15Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho,

wo yeadie a ano nni aduro ho?

Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti

na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ.

16“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;

mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.

Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn.

Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so.

17Nanso mɛma wo ahoɔden bio

na masa wo apirakuro,’

Awurade na ɔseɛ,

‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ,

Sion a wo ho nhia obiara.’

18“Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba

na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no;

wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so,

na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie.

19Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba

ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ.

Mɛma wɔadɔɔso,

na wɔn dodoɔ no so rente;

mɛhyɛ wɔn animuonyam,

na wɔremmu wɔn abomfiaa.

20Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no,

mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;

wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.

21Wɔn adikanfoɔ bɛyɛ wɔn mu baako;

na wɔn sodifoɔ bɛfiri wɔn mu.

Mɛka no abata me ho na wabɛn me,

na hwan na ɔno ankasa bɛtumi de ne ho ama

sɛ ɔbɛbɛn me?’

Awurade na ɔseɛ.

22‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfoɔ,

na mayɛ mo Onyankopɔn.’ ”

23Hwɛ, Awurade ahum

bɛtu abufuhyeɛ mu,

ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ

amumuyɛfoɔ mpampam.

24Awurade abufuo rennwo

kɔsi sɛ ɔbɛwie

nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa.

Nna a ɛreba no mu no

mobɛte yei ase.