耶利米書 25 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 25:1-38

預言被擄七十年

1猶大約西亞的兒子約雅敬執政第四年,即巴比倫尼布甲尼撒元年,耶和華告訴了耶利米有關猶大百姓的事。 2耶利米先知對猶大人和耶路撒冷的居民說: 3「從猶大亞們的兒子約西亞執政第十三年,到今天已有二十三年。在這期間,我不斷把耶和華對我說的話傳給你們,你們卻充耳不聞。 4耶和華屢次差遣祂的僕人——眾先知警告你們,你們卻充耳不聞,毫不理會。 5他們對你們說,『要改邪歸正,停止作惡,以便可以永遠住在耶和華賜給你們和你們祖先的土地上。 6不要隨從、供奉、祭拜其他神明,不要製造神像惹耶和華發怒,免得祂懲罰你們。』」 7耶和華說:「然而,你們不聽我的話,製造神像惹我發怒,自招懲罰。」

8因此,萬軍之耶和華說:「由於你們不遵行我的命令, 9我要召集北方各族和我的僕人巴比倫尼布甲尼撒,去攻擊這片土地和其中的居民以及周圍各國。我要徹底毀滅他們,使他們的下場很可怕、令人嗤笑、土地永遠荒涼。這是耶和華說的。 10我要使他們的歡樂聲、新郎新娘的歡笑聲、推磨聲和燈光都消失。 11整片土地要變得荒涼可怕,他們要臣服於巴比倫王七十年。 12七十年後,我要報應巴比倫王和他國民迦勒底人的罪,使他們的土地永遠荒涼。這是耶和華說的。 13我藉耶利米所說有關列國的預言都記在這書上了,我的話必應驗在他們的土地上。 14他們必受許多國家和強大君王的奴役,我要按他們的所作所為報應他們。」

上帝審判列國

15以色列的上帝耶和華對我說:「你從我手中接過這盛滿我烈怒的酒杯,到我差遣你去的國家給他們喝。 16他們喝了這杯烈怒後必東倒西歪、行為瘋狂,因為我要使戰禍臨到他們。」 17於是,我從耶和華手中接過杯,奉祂的差遣到列國去給他們喝。 18我給耶路撒冷猶大的城邑,以及猶大的君王和官員喝這杯烈怒,使他們的城邑淪為廢墟,令人驚懼,被嘲笑和咒詛,正如今日一樣。 19喝這杯烈怒的還有埃及王法老及其王公大臣和全體百姓, 20他們當中所有的外族人,烏斯的眾王和統治亞實基倫迦薩以革倫以及亞實突餘民的非利士眾王, 21以東摩押亞捫人, 22泰爾的眾王、西頓的眾王和海島上的眾王, 23底但提瑪布斯和所有剃鬢髮的人, 24阿拉伯的眾王和荒野各族的諸王, 25心利的眾王、以攔的眾王和瑪代的眾王, 26北方諸王——無論遠近、一個接一個,以及天下萬國,最後是巴比倫王。 27耶和華對我說:「你要告訴他們,以色列的上帝——萬軍之耶和華說,『你們要喝這杯烈怒,喝得大醉、嘔吐、倒地不起,因為我要使戰爭臨到你們。』 28如果他們不肯從你手中接過杯來喝,你就告訴他們,萬軍之耶和華說,『你們必須喝! 29看啊,我已在屬我的城中降下災禍,難道你們可以逃脫懲罰嗎?你們必逃不過懲罰,因為我要使戰爭臨到天下萬民。』這是萬軍之耶和華說的。 30耶利米啊,你要告訴他們這些預言,

『耶和華要在高天怒吼,

從祂的聖所發出雷鳴;

祂要向祂的子民怒吼,

向地上的居民吶喊,

好像踩踏葡萄的人一樣。

31耶和華的聲音傳到地極,

因為祂要指控列國,審判萬民,

使惡人喪身刀下。

這是耶和華說的。』」

32萬軍之耶和華說:

「看啊,災難正蔓延到列國,

有暴風從地極捲起。」

33到那日,遍地都是被耶和華殺戮的人,無人哀悼、收殮和埋葬,他們好像地上的糞便。

34你們這群牧人啊,要悲哀哭泣!

你們這群百姓的首領啊,

要在灰塵中傷心地打滾!

因為你們被宰殺、驅散的時候到了,

你們將像精美的器皿一樣被摔得粉碎。

35牧人必無路可逃,

百姓的首領必無處藏身。

36聽聽牧人的哭喊,

百姓首領的哀號吧,

因為耶和華正在毀滅他們的家園。

37因為耶和華的烈怒,

寧靜的草場變得一片荒涼。

38耶和華離開了祂的居所,

就像獅子離開了洞穴。

他們的土地因刀劍的蹂躪和耶和華的烈怒而一片荒涼。

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 25:1-38

Mfeɛ Aduɔson Nkoasom

1Asɛm a ɛfa Yudafoɔ nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim, adedie afe a ɛtɔ so ɛnan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedie afe a ɛdi ɛkan. 2Enti odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa sɛ, 3Mfeɛ aduonu mmiɛnsa25.3 mfeɛ aduonu mmiɛnsa, Yosia dii ɔhene mfeɛ dunkron ɛnna Yehoiakim nso dii ɔhene mfeɛ ɛnan. nie, ɛfiri Yudahene Amon babarima Yosia adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa bɛsi ɛnnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso monntieɛ.

4Mpo Awurade asoma nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na montiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn. 5Wɔkaa sɛ, “Mo mu biara mfiri nʼakwan bɔne ne ne nneyɛɛ bɔne ho, na mobɛtumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ. 6Monni anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn nsɔre wɔn; mommfa deɛ mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuo. Afei merenha mo.”

7“Nanso moanntie me,” Awurade na ɔseɛ, “na mode deɛ mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuo, na mode ɔhaw aba mo so.”

8Afei deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no enti, 9mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ɔseɛ, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sotefoɔ, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, ne amamfo afebɔɔ. 10Mɛyi ahosane ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne, oyuyammoɔ nnyegyeeɛ ne kanea hann afiri wɔn mu. 11Ɔman mu no nyinaa bɛdane asase wesee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirinhyia aduɔson.

12“Na mfirinhyia aduɔson awieeɛ no, mɛtwe Babiloniahene ne ne ɔman, Babiloniafoɔ asase aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, mɛdane no amanfo afebɔɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 13“Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, deɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no. 14Wɔn ankasa deɛ, amanaman bebree25.14 Amanaman bebree—Saa aman no yɛ Persia, Media ne ne nkurɔfoɔ. ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na mɛtua wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”

Onyankopɔn Abufuhyeɛ Kuruwa No

15Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuhyeɛ nsã ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom. 16Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam ɛsiane akofena a mɛsoma akɔ wɔn so no enti.”

17Ɛno enti, megyee kuruwa no firii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomeeɛ:

18Yerusalem ne Yuda nkuro, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfoɔ sɛ wɔnyɛ asɛedeɛ, ahodwiredeɛ, fɛdideɛ ne nnome, sɛdeɛ wɔteɛ ɛnnɛ da yi,

19Misraimhene Farao, nʼasomfoɔ, nʼadwumayɛfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa, 20amanfrafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa;

Us ahemfo;

Filistifoɔ ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagya wɔn wɔ Asdod);

21Edom, Moab ne Amon;

22Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa;

ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ ɛpo agya no;

23Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;

24Arabia ahemfo ne amanfrafoɔ ahemfo nyinaa a wɔtete anweatam so no.

25Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;

26ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahennie ahodoɔ.

Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.

27“Afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Monnom, mommobo na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, ɛsiane akofena a mɛsoma aba mo so enti.’ 28Na sɛ wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ monom! 29Monhwɛ, merebɛfiti aseɛ de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso anaa? Wɔbɛtwe mo aso, ɛfiri sɛ merefrɛ akofena aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ɔseɛ.’

30“Afei, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ,

“ ‘Awurade bɛfiri soro abobom;

ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ,

na wabobɔ mu denden atia nʼasase.

Ɔbɛteam te sɛ wɔn a wɔtiatia bobe aba so,

ɔbɛteam agu wɔn a wɔtete asase no so.

31Hooyɛ bɛgyegye akɔ nsase ano,

na Awurade bɛbɔ kwaadu atia amanaman;

ɔbɛbu adasamma nyinaa atɛn

na ɔde amumuyɛfoɔ ama akofena,’ ”

Awurade na ɔseɛ.

32Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:

“Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛ

firi ɔman so kɔ ɔman foforɔ so;

ahum kɛseɛ bi rema ne ho so

afiri nsase ano.”

33Saa ɛberɛ no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, firi asase ano kɔsi ano nohoa. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam.

34Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ;

mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ.

Mokum berɛ no aduru

mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den.

35Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ

na nnwankuo no ntuanofoɔ no rennya ɛkwan nnwane.

36Montie nnwanhwɛfoɔ no su,

ne nnwankuo no ntuanofoɔ agyaadwotwa,

ɛfiri sɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.

37Ɛserɛ nsase a asomdwoeɛ wɔ soɔ no bɛda mpan

ɛsiane Awurade abufuhyeɛ no enti.

38Na wɔn asase bɛda mpan

te sɛ gyata a ɔfiri ne tu mu

ɛsiane ɔhyɛsofoɔ no akofena

ne Awurade abufuhyeɛ no enti.