耶利米書 22 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 22:1-30

警告猶大的王

1耶和華對我說:「你下到猶大王的宮殿,這樣宣告, 2『坐在大衛寶座上的猶大王啊,你和你的臣僕以及進出這城門的百姓都要聽耶和華的話。 3耶和華說,你們為人要公義正直,要從欺壓者手中解救受剝削的人。不要欺凌、虐待異鄉人和孤兒寡婦,不可在這地方濫殺無辜。 4如果你們遵守我的命令,大衛的子孫必繼續做王,並乘車、騎馬率領臣民進出王宮。 5但如果你們不遵守我的命令,我憑自己起誓,這王宮必淪為廢墟。這是耶和華說的。』」

6論到猶大王的宮殿,耶和華說:

「雖然它在我眼中美如基列

又像黎巴嫩的山峰,

但我必使它變成不毛之地,

變成杳無人煙的城邑。

7我要派人拿著兵器來摧毀它,

他們要砍下它最好的香柏木,

扔進火裡。

8「各國的人經過這城時都會彼此議論說,『為什麼耶和華這樣對待這座大城?』 9有人會回答,『因為城裡的人背棄了他們的上帝耶和華的約,供奉、祭拜其他神明。』」

10你們不要為死去的王哀哭,

要為被擄走的王哀哭,

因為他必一去不返,

再也看不到自己的家園。

11論到接替父親約西亞猶大王、後來被擄走的沙龍22·11 沙龍」也叫「約哈斯」。,耶和華說:「他必一去不返, 12客死異鄉,永別故土。」

對約雅敬的審判

13耶和華說:

約西亞的兒子猶大約雅敬啊,你有禍了!

你以不公不義的手段建造宮廷殿宇,

不給工人發工錢。

14你說要為自己建造宏偉的宮殿、寬敞的房間。

你安上窗戶,

鑲上香柏木,

塗上紅漆。

15難道你大肆使用香柏木就能顯出你做王的氣派嗎?

你父親也吃也喝,

但他秉公行義,

所以他凡事順利;

16他為困苦和貧窮的人伸冤,

所以他凡事順利。

這才是真正認識我。

這是耶和華說的。

17可是,你一心貪圖不義之財,

濫殺無辜,橫徵暴斂。」

18因此,論到猶大約西亞的兒子約雅敬,耶和華說:

「沒有人會為他哀悼說,

『唉,我的弟兄啊!

唉,我的姊妹啊!』

沒有人會為他哀悼說,

『唉,主人啊!

唉,他的尊榮!』

19你必像死驢一樣被拖到耶路撒冷的城門外,曝屍荒野。」

對耶路撒冷的警告

20耶路撒冷人啊,

你們要上黎巴嫩大聲哭喊,

巴珊哀號,

亞巴琳痛哭,

因為你們的盟友被消滅了。

21在你們興盛的時候,

我曾警告過你們,

你們卻不聽。

你們從小就叛逆,

不聽我的話。

22你們的首領都要被風捲去,

你們的盟友都要被擄走,

你們必因自己的惡行而蒙羞受辱。

23住在黎巴嫩、安居在香柏木宮殿中的人啊,

當婦人分娩般的痛苦臨到你們的時候,

你們將怎樣呻吟呢!」

對哥尼雅的審判

24耶和華說:「猶大約雅敬的兒子哥尼雅22·24 哥尼雅」即「耶哥尼雅」,又叫「約雅斤」。啊,我憑我的永恆起誓,即使你是我右手上蓋章的戒指,我也要把你摘下來, 25交給那些想殺你的人,交給你所懼怕的人,就是巴比倫尼布甲尼撒和他的迦勒底軍隊。 26我要把你和你母親趕到異鄉,那裡不是你們的出生之地,卻是葬身之處。 27你們渴望回到故鄉,卻不能如願以償。」

28難道哥尼雅是個被人鄙視、無人理睬的破瓶子嗎?

為什麼他和他的子孫被趕到陌生之地?

29大地啊,大地啊,大地啊,

要聽耶和華的話!

30耶和華說:

「你要把這人作為無兒無女、

一生失敗的人記錄下來,

因為他的後裔中無一人能成功地繼承大衛的寶座,

統治猶大。」

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 22:1-30

Atemmuo A Ɛtia Ahemfo Amumuyɛfoɔ

1Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Siane kɔ Yudahene ahemfie na kɔpae mu ka saa asɛm yi: 2‘Tie Awurade asɛm, Ao, Yudahene, wo a wote Dawid ahennwa so, wo, wʼadwumayɛfoɔ ne wo nkurɔfoɔ a wɔfa apono yi mu. 3Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monyɛ deɛ ɛtene na ɛda ɛkwan mu. Monnye deɛ wɔabɔ no korɔno mfiri ne hyɛsofoɔ nsam. Monnyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na monnhwie mogya a ɛdi bem ngu wɔ ha. 4Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. 5Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ ”

6Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie:

“Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead

na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi,

nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam,

sɛ nkuro a obiara nte mu.

7Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo,

obiara ne nʼakodeɛ,

wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu

na wɔato agu ogya no mu.

8“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’ 9Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ ”

10Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ;

mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu,

ɛfiri sɛ ɔrensane nʼakyi

na ɔrenhunu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.

11Na yei ne deɛ Awurade ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ sɛ Yudahene na wafiri ha no ho: “Ɔrensane mma bio. 12Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.”

13“Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie,

na ɔde nsisie si nʼabansoro.

Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ yɛ adwuma kwa,

na ɔntua wɔn apaadie so ka.

14Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho

deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’

Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu;

ɔde ntweneduro dura mu

na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.

15“Wowɔ ntweneduro bebree a

na ɛma woyɛ ɔhene anaa?

Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa?

Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene,

enti ɛsii no yie.

16Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn,

enti biribiara yɛɛ yie maa no.

Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?”

Awurade na ɔseɛ.

17“Mo ani ne mo akoma

wɔ mfasoɔ bɔne nko ara so,

sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guo

na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.”

18Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:

“Wɔrensu no sɛ:

‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’

Wɔrensu no sɛ:

‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’

19Wɔbɛsie no sɛ afunumu.

Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atwene

Yerusalem apono akyi.”

20“Monkɔ Lebanon nkɔ su,

momma wɔnte mo nne wɔ Basan;

monsu mfiri Abarim,

ɛfiri sɛ wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa.

21Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo,

nanso wokaa sɛ, ‘Merentie!’

Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu;

woanyɛ ɔsetie amma me.

22Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ,

na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.

Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase

ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti.

23Mo a mote Lebanon,

na modeda ntweneduro adan mu,

ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene

te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.

24“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo. 25Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ. 26Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu. 27Morensane mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsane aba so no bio.”

28Adɛn enti na saa ɔbarima Yehoiakin te sɛ ayowaa a abɔ,

adeɛ a obiara mpɛ anaa?

Adɛn enti na wɔbɛpam ɔne ne mma,

akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?

29Ao, asase, asase, asase!

Tie Awurade asɛm!

30Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Montwerɛ ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a ɔnni ba,

ɔbarima a ɔrennya nkɔsoɔ ne nkwa nna nyinaa

na nʼasefoɔ mu biara renya nkɔsoɔ,

na wɔn mu biara rentena Dawid ahennwa so

na wɔrenni Yuda so ɔhene bio.”