耶利米書 13 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 13:1-27

腰帶的比喻

1耶和華對我說:「你去買一條麻布腰帶束在腰間,不可讓它沾水。」 2我照耶和華的話買了腰帶,束在腰間。 3耶和華又對我說: 4「拿著你買來的腰帶去幼發拉底河邊,把它藏在那裡的石縫中。」 5於是,我照耶和華的吩咐把腰帶藏在那裡。 6多日後,耶和華對我說:「去幼發拉底河邊取回我吩咐你藏的腰帶。」 7我就去幼發拉底河邊把所藏的腰帶挖出來,但腰帶已經腐爛,不能用了。

8耶和華對我說: 9「這是耶和華說的,『我也要這樣消滅猶大的驕傲和耶路撒冷的狂妄。 10這邪惡的百姓拒絕聽我的話,一意孤行,跟隨、供奉、祭拜別的神明,他們將像這腰帶一樣毫無用處。 11我本想使以色列人和猶大人緊靠著我,就像腰帶緊貼在人的腰間,讓他們做我的子民,使我聲名遠揚、得到讚美和尊崇,他們卻不肯聽從。這是耶和華說的。』

12「因此,你告訴他們,以色列的上帝耶和華說,『每個瓶子都要盛滿酒。』若他們說,『難道我們不知道每個瓶子都要盛滿酒嗎?』 13你就告訴他們,『耶和華說,我要使坐在大衛寶座上的君王以及祭司、先知、耶路撒冷人和這片土地上所有的居民都酩酊大醉; 14我要使他們彼此撞得粉碎,就算父子也要彼此相撞;我要毀滅他們,決不心慈手軟。』」

15耶和華說話了,你們要留心聽,

不可傲慢。

16趁著你們的上帝耶和華還未使黑暗來臨,

你們還未在漆黑的山上絆倒,

要把榮耀歸給祂。

否則,祂必使你們期望的光明變為幽冥和黑暗。

17如果你們因為驕傲而不肯聽,

我會暗自哭泣、淚流滿面,

因為耶和華的子民將要被擄。

18耶和華讓我對君王和太后說:

「從寶座上下來吧,

因為你們頭上華美的王冠將要掉落。」

19南部的城邑將被圍困,

無人能解圍,

猶大人都要被擄,無一倖免。

20耶路撒冷啊,

舉目看看那些從北方來的敵人吧,

從前賜給你的佳美羊群——你的百姓如今在哪裡呢?

21耶和華讓你結交的盟友來統治你,

你還有什麼話可說?

難怪你痛苦不堪,

就像分娩的婦人。

22也許你在想:「為什麼這些事發生在我身上?」

你的裙子被撕破,你遭受蹂躪,

是因為你罪大惡極。

23古實人能改變他們的膚色嗎?

豹子能脫去牠們的斑點嗎?

你這作惡成性的人怎能行善呢?

24因此,耶和華說:

「我要把你分散到四方,

像曠野的風吹散碎稭一樣。

25這是你應得的報應,

是我量給你的,

因為你把我拋諸腦後,

信靠假神。

這是耶和華說的。

26因此,我要把你的裙子掀到你的臉上,

使人見到你的羞恥。

27你在山上和田野間拜偶像,

像無恥的婦人與情郎苟合,

發出淫語浪聲。

這些可憎之事,我都看見了。

耶路撒冷啊,你有禍了!

你什麼時候才肯自潔呢?」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 13:1-27

Nwera Abɔso

1Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me: “Kɔ na kɔtɔ nwera abɔso bɔ wʼasen, nanso mma no nka nsu.” 2Enti metɔɔ abɔso sɛnea Awurade kyerɛe no, na mede bɔɔ mʼasen.

3Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so se, 4“Fa abɔso a wotɔe a ɛbɔ wʼasen no kɔ Eufrate ho mprempren ara na fa kosie ɔbotan tokuru bi mu.” 5Enti mede kosiee Eufrate ho, sɛnea Awurade ka kyerɛɛ me no.

6Nna bebree akyi no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Afei kɔ Eufrate ho na kɔfa abɔso a meka kyerɛɛ wo se fa kosie hɔ no.” 7Enti mekɔɔ Eufrate ho kotuu abɔso no wɔ beae a mede siei no, nanso na asuw atetew a so nni mfaso biara.

8Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 9“Sɛɛ na Awurade se, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantankyɛnee no. 10Saa amumɔyɛfo yi a wɔmpɛ sɛ wotie mʼasɛm na wodi wɔn komaden akyi na wodi anyame afoforo akyi som wɔn, sɔre wɔn no, bɛyɛ sɛ saa abɔso yi, na wɔn so remma mfaso biara! 11Sɛnea abɔso kyekyere onipa asen no, saa ara na mede Israelfi ne Yudafi nyinaa bataa me ho sɛ wɔnyɛ me nkurɔfo a wɔbɛma me din so, aka mʼayeyi na wɔahyɛ me anuonyam, nanso wɔantie me,’ nea Awurade se ni.

Nsa Kotoku

12“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni, Wɔmfa nsa nhyɛ nsa kotoku biara ma.’ Na sɛ wɔka kyerɛ wo se, ‘Yenim sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nsa hyɛ nsa kotoku biara ma a,’ 13afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: Mede nsabow bɛhyɛ wɔn a wɔtete asase yi so nyinaa ma, a ahemfo a wɔte Dawid ahengua so, asɔfo, adiyifo ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa ka ho bi. 14Mɛtotow wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmabarima nyinaa, Awurade na ose. Meremma ahummɔbɔ anaa ayamye anaa ayamhyehye nsiw ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho kwan.’ ”

Nnommumfa Ho Ahunahuna

15Muntie na monyɛ aso,

na monnyɛ ahantan,

efisɛ Awurade akasa.

16Monhyɛ Awurade, mo Nyankopɔn, anuonyam

ansa na wama sum aduru,

ansa na mo anan ahintihintiw

wɔ nkoko a ɛso reduru sum no so.

Mo ani da hann so,

nanso ɔbɛdan no sum kusuu

na wɔasesa ayɛ no sum kabii.

17Nanso sɛ moantie a,

mesu wɔ kokoa mu

esiane mo ahantan nti;

mʼani bɛtaataa nsu,

na nusu aguare me,

efisɛ wɔbɛfa Awurade nguankuw no akɔ nnommum mu.

18Monka nkyerɛ ɔhene ne ɔhemmea se,

“Mumfi mo ahengua so nsi fam,

na mo anuonyam ahenkyɛw

befi mo ti so.”

19Wɔbɛtoto Negeb nkuropɔn apon mu,

na obiara nni hɔ a obebuebue.

Wɔbɛsoa Yudafo akɔ nnommum mu

wobetwa wɔn asu koraa.

20Mo mpagyaw mo ani nhwɛ

wɔn a wofi atifi fam reba no.

Nguankuw a wɔde hyɛɛ mo nsa no,

nguan a mode wɔn hoahoaa mo ho no wɔ he?

21Awurade de wɔn a wɔyɛ mo nnamfonom yɛ mo so atitiriw a,

dɛn na mobɛka?

Na ɛrenyɛ mo yaw

te sɛnea ɔbea ɔreko awo ana?

22Na sɛ wubebisa wo ho se,

“Adɛn nti na eyi aba me so a?”

Na efi wʼamumɔyɛ bebrebe no

nti na wɔatetew wo fam atade mu

ayɛ wo nipadua basaa no.

23Etiopiani betumi asesa nʼahosu ana?

Na ɔsebɔ nso betumi asesa ne ho nsisimu no?

Saa ara na worentumi nyɛ papa,

wo a bɔneyɛ akokwaw wo no.

24“Mɛbɔ mo ahwete sɛ ntɛtɛ a,

nweatam so mframa rebɔ no.

25Eyi ne nea mubenya,

mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,”

Awurade na ose,

“efisɛ mo werɛ afi me

na mode mo ho ato anyame huhuw so.

26Mɛtwe mo fam ntade abua mo anim

na wɔahu mo ahohora.

27Mo aguamammɔ ne mo akɔnnɔ bɔne,

mo aguamammɔ a momfɛre ho!

Mahu mo nneyɛe bɔne no

wɔ nkoko ne sare so.

Due, Yerusalem!

Wobɛyɛ fi akosi da bɛn?”