羅馬書 2 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

羅馬書 2:1-29

上帝公義的審判

1因此,你這論斷人的啊,不管你是誰,都難逃罪責。你在什麼事上論斷別人,就在什麼事上定了自己的罪,因為你論斷別人的事,自己也在做。 2我們都知道,上帝必按真理審判做這些事的人。 3你這人啊,你論斷別人,自己卻做同樣的事,你以為自己能逃脫上帝的審判嗎? 4還是你藐視祂深厚的慈愛、寬容和忍耐,不知道祂的慈愛是要引導你悔改嗎? 5你這樣硬著心不肯悔改等於是為自己積蓄烈怒,上帝的烈怒在祂施行公義審判的那天必臨到你。 6上帝必照各人的行為施行賞罰。 7凡是恆心行善、尋求榮耀、尊貴和永恆福分的人,祂要把永生賜給他們; 8至於那些自私自利、違背真理、行為不義的人,祂的烈怒和怒氣要降在他們身上。 9一切作惡之人必受患難和痛苦,先是猶太人,然後是希臘人。 10祂要將榮耀、尊貴和平安賜給一切行善的人,先是猶太人,然後是希臘人。 11因為上帝不偏待人。

12沒有上帝律法的人若犯罪,雖然不按律法受審判,仍要滅亡;有上帝律法的人若犯罪,必按律法受審判。 13因為上帝眼中的義人不是聽到律法的人,而是遵行律法的人。 14沒有律法的外族人若順著天性做合乎律法的事,他們雖然沒有律法,自己就是自己的律法。 15這表明律法的要求刻在他們心裡,他們的良心也可以證明,因為他們的思想有時指控他們,有時為他們辯護。 16按照我所傳的福音,到了審判之日,上帝要藉著耶穌基督審判人一切隱祕的事。

猶太人與律法

17你自稱是猶太人,倚仗上帝所賜的律法,自誇與上帝有特別的關係; 18你受過律法的教導,知道上帝的旨意,能明辨是非; 19你自信可以做盲人的嚮導、黑暗中的人的光、 20愚昧人的師傅、小孩子的老師,因為你從律法中得到了知識和真理。 21那麼,你這教導別人的,為什麼不教導自己呢?你教導人不可偷盜,自己卻偷盜嗎? 22你告訴他人不可通姦,自己卻通姦嗎?你憎惡偶像,自己卻去偷廟裡的東西嗎? 23你以律法自誇,自己卻違犯律法羞辱上帝嗎? 24正如聖經上說:「因你們的緣故,上帝的名在外族人中受到褻瀆!」

25如果你遵行律法,割禮才有價值;如果你違犯律法,受了割禮也如同未受割禮。 26如果未受割禮的人遵行律法的教導,他豈不算是受了割禮嗎? 27身體未受割禮卻遵行律法的人,必審判你這有律法條文、受了割禮卻違犯律法的人。 28因為徒具外表的猶太人不是真正的猶太人,身體上的割禮也不是真正的割禮。 29唯有從心裡做猶太人的才是真猶太人,真割禮是藉著聖靈在心裡受的割禮,不在於律法條文。這樣的人得到的稱讚不是從人來的,而是從上帝來的。

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 2:1-29

1Mo a mobu afoforɔ atɛn no, monni anoyie biara. Ɛkwan biara a mobɛfa so abu afoforɔ atɛn no, ɛnam saa ɛkwan no ara so ma mode atemmuo ba mo ho so. Ɛfiri sɛ, bɔne a ɛma mobu afoforɔ atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne korɔ no ara bi. 2Yɛnim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a, na ne kwan so ara ne no. 3Na wo, onipa, wobu afoforɔ atɛn wɔ nneɛma korɔ no ara a woyɛ bi no ho a, wosusu sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa? 4Anaasɛ, ebia, wommu nʼayamyɛ, nʼabodwokyerɛ ne ne boasetɔ? Wonnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho?

5Nanso, ɛsiane wʼakoma den ne akoma pirim enti, woboaboa abufuhyeɛ ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no, ɛda no a ɔbɛda nʼatɛntenenee adi no. 6Deɛ obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. 7Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ animuonyam, anidie ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ. 8Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya, ne wɔn a wɔpo nokorɛ no kɔdi bɔne akyi no, abufuhyeɛ ne amanehunu bɛba wɔn so. 9Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho. 10Nanso, wɔn a wɔtie no no, sɛ wɔyɛ Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ no, wɔbɛnya animuonyam, anidie ne asomdwoeɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn. 11Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ nʼatemmuo mu.

12Wɔn a wɔnnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wɔnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn. 13Ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔtene wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛyɛ wɔn a woyɛ ɔsetie ma mmara no na wɔbɛbu wɔn bem. 14Amanamanmufoɔ no nni mmara, nanso wɔfiri wɔn awosu mu yɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwom sɛ wɔnni mmara deɛ, nanso yeinom bɛyɛ mmara ama wɔn. 15Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, deɛ mmara no hwehwɛ no, wɔatwerɛ wɔ wɔn akoma mu no enti, wɔn ahonim di adanseɛ sɛ wɔdi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ. 16Enti, asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ ɛda no duru a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛbu nnipa kɔkoamsɛm atɛn.

17Mo Yudafoɔ deɛ, mosusu sɛ mo ne Onyankopɔn te no yie so, ɛfiri sɛ, ɔde ne Mmara a monam so bɛnya nkwagyeɛ no maa mo. Na moka no mo anofafa so nso sɛ, moyɛ ne nnamfonom sononko bi. 18Monim deɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afiri Mmara no mu ahunu deɛ ɛyɛ. 19Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfoɔ ma anifirafoɔ, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte esum mu. 20Mogye di sɛ mobɛtumi akyerɛ adwenemherɛfoɔ ne mmɔfra Onyankopɔn akwan, ɛfiri sɛ, nokorɛm, monim ne Mmara a osuahunu ne nokorɛ ahyɛ no ma no. 21Mokyerɛkyerɛ afoforɔ, na adɛn enti na montumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforɔ sɛ wɔmmmɔ korɔno. Mo nso mobɔ korɔno anaa? 22Mo a moka sɛ adwamammɔ nyɛ. Mo nso mobɔ adwaman anaa? Mo a moka sɛ mokyiri ahoni no, mo nso mobɔ korɔno wɔ asɔrefie mu anaa? 23Mode mmara no hoahoa mo ho, nanso mobu mmara no so de bu Onyankopɔn animtia. 24Ɛnyɛ nwanwa sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ mo enti, ewiasefoɔ kasa tia Onyankopɔn.

25Sɛ woyɛ Yudani na wodi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ adeɛ a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonsonoeɛ biara nni mo ne momonotofoɔ ntam. 26Sɛ momonotofoɔ di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ anaa? 27Enti momonotoni a ɔdi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafoɔ a monim Onyankopɔn mmara a wɔatwerɛ no, nanso monni so no.

28Wo a wɔwoo mo sɛ Yudafoɔ anaasɛ twa a wɔatwa mo twetia no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafoɔ kann. 29Yudani kann no ne deɛ ɔyɛ no wɔ nʼakoma mu. Saa ara nso na twetiatwa yɛ akoma mu nsakraeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom mu ba. Nsakraeɛ yi mmfiri di a obi di mmara bi so. Na deɛ wɔasakra no ayɛyie mmfiri nnipa hɔ, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn hɔ.