約翰福音 3 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約翰福音 3:1-36

論重生

1有一個法利賽人名叫尼哥德慕,是猶太人的官。 2一天晚上,他來見耶穌,說:「老師,我們知道你是上帝差來教導人的,因為如果沒有上帝的同在,沒有人能行你所行的神蹟。」

3耶穌說:「我實實在在地告訴你,人若不重生3·3 重生」或譯「生自上面」,7節同。,就不能看見上帝的國。」

4尼哥德慕說:「人老了,怎能重生呢?難道要再進母腹生一次嗎?」

5耶穌說:「我實實在在地告訴你,人如果不是從水和聖靈生的,就不能進上帝的國。 6從肉體生的還是肉體,從聖靈生的才是靈。 7所以我說你們必須重生,你不要驚奇。 8風隨意吹動,你聽見它的聲音,卻不知道它從哪裡來,往哪裡去。凡從聖靈生的人也是這樣。」

9尼哥德慕又問:「這怎麼可能呢?」

10耶穌說:「你是以色列人的教師,還不明白這事嗎? 11我實實在在地告訴你,我們所說的是自己知道的,所見證的是自己見過的,可是你們不肯接受我們的見證。 12我對你們說地上的事,你們尚且不信,要是說天上的事,你們怎麼會信呢? 13除了從天上降下來的人子3·13 從天上降下來的人子」有古卷作:「從天降下、仍舊在天的人子」。以外,沒有人到過天上。 14摩西在曠野怎樣舉起銅蛇,人子也必照樣被舉起來, 15叫一切信祂的人都得到永生。

16「因為上帝愛世人,甚至將祂獨一的兒子賜給他們,叫一切信祂的人不致滅亡,反得永生。 17上帝差祂的兒子到世上來,不是要定世人的罪,而是要藉著祂的兒子拯救世人。 18信祂的人不會被定罪,不信的人已經被定罪,因為他們不信上帝獨一的兒子。 19光來到世上,世人因為自己的行為邪惡而不愛光,反愛黑暗,這就是他們被定罪的原因。 20作惡的人恨光,不肯接近光,恐怕他們的罪行暴露出來。 21但遵行真理的人喜歡接近光,好顯明他所做的是靠上帝做的。」

施洗者約翰論耶穌

22這事之後,耶穌和門徒前往猶太地區,在那裡住下來給人施洗。 23-24那時約翰還沒有入獄,他在靠近撒冷哀嫩也給人施洗。那裡水多,眾人都去受洗。 25約翰的門徒和一個猶太人為了潔淨的禮儀爭辯起來, 26於是門徒來見約翰,說:「老師,你看,以前在約旦河對岸和你在一起、你為祂做見證的那位在給人施洗,眾人都去祂那裡了!」

27約翰回答說:「除非是從天上賞賜下來的,否則人什麼都得不到。 28你們自己可以為我做見證,我說過我不是基督,我只是奉差在祂前面預備道路的。 29娶新娘的是新郎,站在旁邊的朋友聽見新郎的聲音,就會歡喜快樂。因此,我現在也心滿意足了。 30祂必興旺,我必衰微。

31「從天上來的,超越一切;從地上來的,屬於地,他所談論的也不外乎地上的事。那來自天上、超越萬物的, 32要把所見所聞講給人聽,只是沒有人接受祂的見證。 33但已經接受祂見證的人證實了上帝是真實的。 34上帝所差來的,說的是上帝的話,因為上帝將聖靈無限量地賜給祂。 35父愛子,已把萬物交在祂手裡。 36信子的人有永生;不信子的人得不到永生,上帝的烈怒常在他身上。」

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 3:1-36

Nikodemo Kɔ Yesu Nkyɛn

1Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafoɔ mpanin no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsane yɛ Farisini no, 2kɔɔ Yesu nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, ɛfiri sɛ, obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”

3Yesu buaa no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ, sɛ wɔanwo wo foforɔ a, worentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”

4Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi, bɛtumi akɔ me maame yam ama wɔawo me bio?”

5Yesu nso buaa no sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ wo, sɛ wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. 6Deɛ wɔfiri onipa mu awo no no, yɛ ɔhonam, na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, yɛ honhom. 7Mma ɛnnyɛ wo nwanwa sɛ maka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforɔ! 8Sɛdeɛ wote mframa nka, nanso wontumi nkyerɛ faako a ɛfiri ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awoɔ no nso te.”

9Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu?”

10Yesu buaa no sɛ, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wodi mu Israel na wonte yei ase? 11Deɛ yɛnim ne deɛ yɛahunu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso monnye yɛn nni. 12Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mobɛgye adi? 13Obiara nkɔɔ ɔsoro da, agye deɛ ɔfiri ɔsoro baeɛ no—Onipa Ba no. 14Sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ asɛn dua so wɔ ɛserɛ so no, saa ara na Onipa Ba no nso wɔbɛma no so, 15na obiara a ɔgye me di no, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.

16“Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ. 17Onyankopɔn ansoma ne Ba amma ewiase sɛ ɔmmɛbu ewiase atɛn, na mmom, ɔsomaa no sɛ, ɔmmɛgye ewiase nkwa. 18Obiara a ɔgye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na deɛ ɔnnye no nni no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ, wannye Onyankopɔn Ba korɔ no anni. 19Deɛ Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba ewiase, nanso nnipa ani gye sum ho sene Hann no, ɛfiri sɛ, wɔn nneyɛeɛ nyinaa yɛ bɔne. 20Ɔdebɔneyɛfoɔ biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, ɛfiri sɛ, ɔsuro sɛ ne nneyɛeɛ bɔne no bɛda adi. 21Na deɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ no ba Hann no mu na obiara ahunu sɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ.”

Yohane Di Yesu Ho Adanseɛ

22Yei akyi, Yesu ne nʼasuafoɔ no firii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ. 23Saa ɛberɛ no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ, na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu. 24Saa ɛberɛ no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase. 25Ɛda bi, Yohane akyidifoɔ bi ne Yudani bi gyee akyinnyeɛ faa ahodwira ho. 26Enti, asuafoɔ no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohoa no a wodii ne ho adanseɛ no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”

27Yohane buaa sɛ, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho. 28Mo ara modi me adanseɛ sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no, na mmom, wɔasoma me adi nʼanim kane.’ 29Adamfo a ɔboa ayeforɔkunu no wɛn nʼaso twɛn no, na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno enti na mʼanigyeɛ wie pɛyɛ no. 30Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛseɛ na me nso meyɛ ɔketewa.

31“Deɛ ɔfiri ɔsoro aba no yɛ ɔkɛseɛ sene obiara; Deɛ ɔfiri asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. 32Ɔsoroni no ka deɛ wahunu ne deɛ wate, nanso obiara nnye no nni. 33Wɔn a wɔgye no di no di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. 34Deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma. 35Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa. 36Deɛ ɔgye Ɔba no di no bɛnya nkwa a ɛnsa da, na deɛ ɔnnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom, Onyankopɔn asotwe da ne so.”