約翰福音 3 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約翰福音 3:1-36

論重生

1有一個法利賽人名叫尼哥德慕,是猶太人的官。 2一天晚上,他來見耶穌,說:「老師,我們知道你是上帝差來教導人的,因為如果沒有上帝的同在,沒有人能行你所行的神蹟。」

3耶穌說:「我實實在在地告訴你,人若不重生3·3 重生」或譯「生自上面」,7節同。,就不能看見上帝的國。」

4尼哥德慕說:「人老了,怎能重生呢?難道要再進母腹生一次嗎?」

5耶穌說:「我實實在在地告訴你,人如果不是從水和聖靈生的,就不能進上帝的國。 6從肉體生的還是肉體,從聖靈生的才是靈。 7所以我說你們必須重生,你不要驚奇。 8風隨意吹動,你聽見它的聲音,卻不知道它從哪裡來,往哪裡去。凡從聖靈生的人也是這樣。」

9尼哥德慕又問:「這怎麼可能呢?」

10耶穌說:「你是以色列人的教師,還不明白這事嗎? 11我實實在在地告訴你,我們所說的是自己知道的,所見證的是自己見過的,可是你們不肯接受我們的見證。 12我對你們說地上的事,你們尚且不信,要是說天上的事,你們怎麼會信呢? 13除了從天上降下來的人子3·13 從天上降下來的人子」有古卷作:「從天降下、仍舊在天的人子」。以外,沒有人到過天上。 14摩西在曠野怎樣舉起銅蛇,人子也必照樣被舉起來, 15叫一切信祂的人都得到永生。

16「因為上帝愛世人,甚至將祂獨一的兒子賜給他們,叫一切信祂的人不致滅亡,反得永生。 17上帝差祂的兒子到世上來,不是要定世人的罪,而是要藉著祂的兒子拯救世人。 18信祂的人不會被定罪,不信的人已經被定罪,因為他們不信上帝獨一的兒子。 19光來到世上,世人因為自己的行為邪惡而不愛光,反愛黑暗,這就是他們被定罪的原因。 20作惡的人恨光,不肯接近光,恐怕他們的罪行暴露出來。 21但遵行真理的人喜歡接近光,好顯明他所做的是靠上帝做的。」

施洗者約翰論耶穌

22這事之後,耶穌和門徒前往猶太地區,在那裡住下來給人施洗。 23-24那時約翰還沒有入獄,他在靠近撒冷哀嫩也給人施洗。那裡水多,眾人都去受洗。 25約翰的門徒和一個猶太人為了潔淨的禮儀爭辯起來, 26於是門徒來見約翰,說:「老師,你看,以前在約旦河對岸和你在一起、你為祂做見證的那位在給人施洗,眾人都去祂那裡了!」

27約翰回答說:「除非是從天上賞賜下來的,否則人什麼都得不到。 28你們自己可以為我做見證,我說過我不是基督,我只是奉差在祂前面預備道路的。 29娶新娘的是新郎,站在旁邊的朋友聽見新郎的聲音,就會歡喜快樂。因此,我現在也心滿意足了。 30祂必興旺,我必衰微。

31「從天上來的,超越一切;從地上來的,屬於地,他所談論的也不外乎地上的事。那來自天上、超越萬物的, 32要把所見所聞講給人聽,只是沒有人接受祂的見證。 33但已經接受祂見證的人證實了上帝是真實的。 34上帝所差來的,說的是上帝的話,因為上帝將聖靈無限量地賜給祂。 35父愛子,已把萬物交在祂手裡。 36信子的人有永生;不信子的人得不到永生,上帝的烈怒常在他身上。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 3:1-36

Nikodemo Kɔ Yesu Nkyɛn

1Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafo mpanyimfo no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsan yɛ Farisini no, 2kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, efisɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”

3Yesu buaa no se, “Merema woate ase sɛ, sɛ wɔanwo wo foforo a worentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”

4Nikodemo bisaa no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi betumi akɔ me na yam ama wawo me bio?”

5Yesu nso buaa no se, “Mereka nokware akyerɛ wo se sɛ wɔamfi nsu ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu. 6Nea wofi ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom. 7Mma ɛnyɛ wo nwonwa sɛ maka se ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforo! 8Sɛnea wote mframa nka, nanso wuntumi nkyerɛ faako a efi ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awo no nso te.”

9Nikodemo bisaa no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu?”

10Yesu buaa no se, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfo a wudi mu wɔ Israel na wonte eyi ase? 11Nea yenim ne nea yɛahu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso munnye yɛn nni. 12Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a mubegye adi? 13Obiara nkɔɔ ɔsoro da agye nea ofi ɔsoro bae no—Onipa Ba no. 14Sɛnea Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ no so sɛn dua so wɔ sare so no, saa ara na me nso wɔbɛma me so, 15na obiara a ogye me di no benya nkwa a enni awiei.

16“Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei. 17Onyankopɔn ansoma ne Ba amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom ɔsomaa no se ommegye wiase nkwa. 18Obiara a ogye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na nea onnye no nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no anni. 19Nea Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba wiase nanso nnipa ani gye sum ho sen Hann no, efisɛ wɔn nneyɛe nyinaa yɛ bɔne. 20Ɔdebɔneyɛni biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, efisɛ osuro sɛ ne nneyɛe bɔne no bɛda adi. 21Na nea ɔyɛ Onyame apɛde no ba Hann no mu na obiara ahu sɛ ɔyɛ Onyame apɛde.”

Yohane Di Yesu Ho Adanse Bio

22Eyi akyi no Yesu ne nʼasuafo no fii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ. 23Saa bere no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu. 24Saa bere no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase ɛ. 25Da bi, Yohane akyidifo bi ne Yudani bi gyee akyinnye faa ahodwira ho. 26Enti asuafo no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohɔ no a wudii ne ho adanse no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”

27Yohane buae se, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho. 28Mo ara mudi me adanse sɛ meka kyerɛɛ mo se, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no na mmom wɔasoma me adi nʼanim kan.’ 29Adamfo a ɔboa ayeforokunu no wɛn nʼaso twɛn no na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno nti na mʼanigye wie pɛyɛ no. 30Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse na me nso meyɛ ɔketewa.

31“Nea ofi ɔsoro aba no yɛ ɔkɛse sen obiara; Nea ofi asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. 32Ɔsoroni no ka nea wahu ne nea wate, nanso obiara nnye no nni. 33Wɔn a wogye no di no di adanse sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. 34Nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, efisɛ Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma. 35Agya no dɔ ne Ba no nti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa. 36Nea ogye Ɔba no di no benya nkwa a ɛnsa da, na nea onnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom Onyankopɔn asotwe da no so.”