約翰福音 14 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約翰福音 14:1-31

耶穌是道路、真理、生命

1耶穌繼續說:「你們心裡不要憂愁,你們要信上帝,也要信我。 2我父的家裡有許多住處,不然我就不會說去為你們安排地方了。 3我安排好了以後,必定回來接你們到我那裡。我在哪裡,讓你們也在哪裡。 4你們知道通往我要去的地方的路。」

5多馬說:「主啊,你要去哪裡,我們還不知道,又怎麼會知道路呢?」

6耶穌說:「我就是道路、真理、生命,若不藉著我,沒有人能到父那裡。 7你們若認識我,也會認識我的父。從現在起,你們不但認識祂,而且也看見祂了。」

8腓力說:「主啊!求你讓我們看看父,我們就心滿意足了。」

9耶穌說:「腓力,我和你們相處了這麼久,你還不認識我嗎?人看見了我,就看見了父,你怎麼說『讓我們看看父』呢? 10難道你不相信我在父裡面,父也在我裡面嗎?我這些話不是憑自己講的,而是住在我裡面的父在做祂自己的工作。 11你們應當相信我在父裡面,父也在我裡面。即使你們不信,也應該因我所做的而信我。 12我實實在在地告訴你們,我所做的事,信我的人也要做,而且要做更大的事,因為我要回到父那裡。 13你們奉我的名無論求什麼,我必應允,好讓父在子身上得到榮耀。 14你們若奉我的名向我求什麼,我必應允。

應許賜下聖靈

15「你們若愛我,就必遵守我的命令。 16我要求父另外賜一位護慰者給你們,祂要永遠和你們同在。 17祂是真理的靈,世人不接受祂,因為他們看不見祂,也不認識祂;但你們卻認識祂,因祂常與你們同在,並且要住在你們裡面。 18我不會撇下你們為孤兒,我必到你們這裡來。 19不久,世人就看不見我了,而你們卻能看見我,因為我活著,你們也要活著。 20到了那一天,你們就知道我在父裡面,你們在我裡面,我也在你們裡面。 21接受我的命令又遵行的,就是愛我的人。愛我的,父必定愛他,我也要愛他,並且要親自向他顯現。」

22猶大,不是後來出賣耶穌的猶大,問耶穌:「主啊,你為什麼只向我們顯現而不向世人顯現呢?」

23耶穌回答說:「愛我的人必遵行我的道,我父也必愛他,並且我們要到他那裡與他同住。 24不愛我的人不會遵行我的道。你們所聽見的道不是出於我自己,而是出於差我來的父。 25我還與你們在一起的時候,將這些事情都告訴了你們。 26但護慰者,就是父為我的名而差來的聖靈,將教導你們一切的事,並使你們想起我對你們說的一切話。 27我把平安留給你們,把我的平安賜給你們,我賜給你們的平安不像世人給的平安。你們心裡不要憂愁,也不要害怕。

28「我對你們說過,我去了還要再回到你們這裡。如果你們真的愛我,就應當為我去父那裡而歡喜快樂,因為父比我大。 29現在事情還沒有發生,我便先告訴你們,到了事情發生的時候,你們就會相信。 30我不再跟你們多談,因為世界的王快要來了。他根本沒有力量勝過我, 31但這是為了讓世人知道我愛父,父怎麼吩咐我,我就怎麼做。起來,我們走吧!」

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 14:1-31

Yesu Ne Ɛkwan No

1Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni. 2Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo. 3Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena. 4Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”

5Toma bisaa no sɛ, “Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu ɛkwan aba hɔ bi?”

6Yesu buaa sɛ, “Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.” 7Yesu kaa bio sɛ, “Afei a moahunu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mobɛhunu mʼAgya no, na ɛfiri saa ɛberɛ yi monim no, ɛfiri sɛ, moahunu no!”

8Filipo bisaa no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, ɛfiri sɛ, deɛ yɛrehwehwɛ ara ne no.”

9Yesu buaa no sɛ, “Filipo, enti me ne mo nanteeɛ dadaada yi, wonnim onipa ko a meyɛ? Obiara a ɔnim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no? 10Filipo wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu? Yesu sane ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfiri mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma. 11Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ monnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no enti, monnye nni. 12Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ mʼAgya no nkyɛn. 13Na biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. 14Biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɛ ama mo.”

Honhom Kronkron Ho Bɔhyɛ

15“Sɛ modɔ me a, mobɛdi mʼahyɛdeɛ so. 16Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. 17Ewiase rentumi nnye no, ɛfiri sɛ, wɔnhunu no, na wɔnnim no. Nanso, mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ, ɔne mo na ɛte. 18Merennya mo sɛ nwisiaa; mɛsane aba mo nkyɛn bio. 19Ɛrenkyɛre biara nnipa renhunu me bio, nanso mo deɛ, mobɛhunu me; na ɛsiane sɛ mete ase no enti, mo nso mobɛtena ase. 20Na da a mɛsɔre afiri awufoɔ mu no duru a, mobɛhunu sɛ mewɔ mʼAgya no mu, na mo nso mowɔ me mu, sɛdeɛ me nso mewɔ mo mu no. 21Obiara a ɔdi mʼahyɛdeɛ so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”

22Yuda, a ɛnyɛ Iskariot, kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”

23Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena. 24Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom, ɛfiri mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.

25“Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo. 26Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no. 27Asomdwoeɛ na mede regya mo; mʼasomdwoeɛ na mede regya mo. Ɛnyɛ ewiase asomdwoeɛ na mede regya mo. Mommma mo akoma nntu; na monnsuro nso.

28“Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Merekɔ, nanso mɛsane aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani bɛgye, ɛfiri sɛ, afei deɛ, mɛtumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sene me no nkyɛn. 29Maka yeinom akyerɛ mo sɛdeɛ ɛba mu a mobɛgye me adi. 30Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, ɛfiri sɛ, ɔbonsam no reba, nanso ɔnni me so tumi. 31Na ɛsɛ sɛ nnipa hunu sɛ medɔ Agya no, ɛno enti na asɛm biara a ɔbɛka no, meyɛ no.

“Monsɔre ma yɛnkɔ.”