箴言 5 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

箴言 5:1-23

遠避淫亂

1孩子啊,要留心聽我的智言,

側耳聽我的慧語,

2好保持明辨力,

嘴唇謹守知識。

3淫婦滿口甜言蜜語,

油嘴滑舌,

4最後卻苦如艾草,

鋒利似雙刃劍。

5她的雙腳走進死地,

她的步伐邁向陰間。

6她不走生命的康莊大道,

偏離了正途也不自知。

7孩子們啊,要聽從我,

不可違背我的話!

8要遠遠避開淫婦,

不可靠近她的家門,

9免得你為別人枉費精力,

為殘忍之徒斷送青春;

10免得外人吞盡你的財富,

你的辛勞所得歸給他人。

11臨終之時,肉體衰殘,

你必呻吟不止,

12說:「我為何厭惡教誨,

心裡藐視責備!

13不聽從老師的話,

不側耳聽導師之言。

14在眾人面前,

我幾乎身敗名裂。」

15你當喝自己池中的水,

飲自己井裡的活水。

16你的泉水豈可外流?

你的河水怎可溢到街上?

17這些要專屬於你,

不可與外人共享。

18要使你的泉源蒙福,

要愛你年輕時所娶的妻。

19她高貴可愛宛如母鹿,

願她的胸令你時時滿足,

願她的愛令你常常陶醉。

20孩子啊,為何迷戀淫婦?

為何擁抱妓女的胸?

21因為人的所作所為逃不過耶和華的眼目,

祂必鑒察人走的一切路。

22惡人被自己的罪惡捉住,

被自己的罪惡捆綁。

23他因不聽教誨而喪命,

因極其愚妄而入歧途。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 5:1-23

Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ

1Me ba, yɛ aso ma me nyansa;

tie me nhumu nsɛm no yiye,

2sɛnea ɛbɛma woahwɛ yiye,

na wʼano akora nimdeɛ.

3Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo,

na ne kasa yɛ fɔmm sen ngo;

4nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma,

ɛyɛ nam sɛ afoa anofanu.

5Nʼanan kɔ owu mu;

nʼanammɔntutu kɔ ɔda mu tee.

6Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso onnim.

7Enti afei, me mma, muntie me;

Monntwe mo ho mmfi nea meka ho.

8Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so;

mommmɛn ne fi pon ano,

9anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforo

na mode mo mfe ama otirimɔdenfo,

10anyɛ saa a, ahɔho bɛfom mo ahonyade

na mo brɛ de ahonya akɔ afoforo fi.

11Mo nkwanna akyi, mubesi apini,

bere a mo honam ne mo nipadua asa no.

12Na moaka se, “Na mikyi ahohyɛso!

Me koma ampɛ nteɛso!

13Manyɛ osetie amma mʼakyerɛkyerɛfo

na mantie me kwankyerɛfo asɛm.

14Madu ɔsɛe ano

wɔ asafo no nyinaa mu.”

15Nom nsu fi wʼankasa ahina mu,

nsu a ɛteɛ fi wʼankasa abura mu.

16So ɛsɛ sɛ wʼasuti yiri fa mmɔnten so

na wo nsuwa kokɔ ɔman aguabɔbea ana?

17Ma ɛnyɛ wo nko ara de,

a wo ne ahɔho nkyɛ da.

18Nhyira nka wʼasubura

na wʼani nnye wo mmrantebere mu yere ho.

19Ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo;

ma ne nufu nsɔ wʼani daa

na ne dɔ nkyekyere wo.

20Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo?

Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom?

21Awurade hu onipa akwan nyinaa,

na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.

22Omumɔyɛfo nnebɔne sum no afiri;

na ne bɔne ahama kyekyere no papee.

23Wobewu, esiane ahohyɛso a wonni nti,

na wɔayera, esiane wɔn agyennyentwisɛm nti.