申命記 6 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

申命記 6:1-25

最大的誡命

1「你們的上帝耶和華吩咐我教導你們以下的誡命、律例和典章,以便你們在將要佔領的土地上遵行。 2這樣,你們就會得享長壽,你們及子孫就會終生敬畏你們的上帝耶和華,遵守祂藉我吩咐你們的一切律例和誡命。 3以色列人啊,你們要留心聽,謹慎遵行,以便你們在那奶蜜之鄉可以凡事順利、子孫眾多,正如你們祖先的上帝耶和華給你們的應許。 4聽啊,以色列人,耶和華是我們的上帝,耶和華是獨一的。 5你們要全心、全意、全力愛你們的上帝耶和華。 6要將我今天吩咐你們的話牢記在心, 7並教導你們的兒女,無論在家在外,或起或臥,都要講論這些律例和誡命。 8要把它們繫在手上、戴在額上作記號, 9要寫在城門上和自家的門框上。

10「你們的上帝耶和華將帶你們進入祂向你們祖先亞伯拉罕以撒雅各起誓要賜給你們的土地。那裡的宏偉城邑不是你們建造的, 11滿屋的美物不是你們積攢的,井不是你們挖掘的,葡萄園和橄欖樹也不是你們栽種的。你們在那裡吃飽喝足之後, 12要小心,不可忘記把你們從受奴役之地——埃及救出來的耶和華。 13要敬畏你們的上帝耶和華,事奉祂,憑祂的名起誓。 14不可隨從周圍各族的神明, 15免得你們的上帝耶和華向你們發怒,把你們從世上消滅;因為祂住在你們當中,祂痛恨不貞。

16「不可像在瑪撒那樣試探你們的上帝耶和華。 17要謹遵你們的上帝耶和華吩咐你們的誡命、法度和律例。 18你們要做耶和華視為正與善的事,以便你們可以凡事順利,得到耶和華起誓賜給你們祖先的佳美之地, 19趕出所有敵人,正如耶和華所言。

20「將來你們的子孫會問,『我們的上帝耶和華給你們頒佈這些法度、律例和典章是什麼意思?』 21你們要告訴他們,『我們曾在埃及做法老的奴隸,耶和華用大能的手領我們離開埃及22我們親眼看見耶和華行偉大而可畏的神蹟奇事,懲罰埃及和法老全家。 23祂帶領我們離開埃及,為要把我們帶進祂起誓賜給我們祖先的這片土地。 24我們的上帝耶和華吩咐我們遵守這一切律例、敬畏祂,以便我們可以常常受益,生命無憂,正如今日的情形。 25如果我們按照我們的上帝耶和華的吩咐,在祂面前謹遵這一切誡命,我們便被算為義人。』

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 6:1-25

Awurade, Wo Nyankopɔn No

1Eyinom ne ahyɛde, mmara ne nhyehyɛe a Awurade mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ me se menkyerɛkyerɛ mo na munni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔfa no so, 2sɛnea ɛbɛyɛ a mo mma ne wɔn mma besuro Awurade, mo Nyankopɔn, mmere dodow a mote ase no, na moadi ne mmara ne nʼahyɛde a mede ma mo no nyinaa so nyinaa so a mo nkwanna aware. 3Muntie, Ao Israel, na monhwɛ yiye nni so sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi mo yiye na mo ase atrɛw yiye wɔ asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so no so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no.

4Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro. 5Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. 6Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu. 7Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mote fie anaa monam ɔkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre a, monka ho asɛm. 8Monkyekye no sɛ agyiraehyɛde mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotiri. 9Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so.

10Awurade mo Nyankopɔn de mo ba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no, asase a nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyeree ahyɛ so ma no so, 11afi a nneɛma pa ahorow a ɛnyɛ mo na moyɛe ahyɛ no ma, mmura a ɛnyɛ mo na mututui, bobeturo a ɛnyɛ mo na moyɛe ne ngonnua a ɛnyɛ mo na muduae no so. Sɛ mudidi mee wɔ saa asase yi so a, 12monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade a ogyee mo fii nkoasom mu wɔ Misraim asase so no.

13Ɛsɛ sɛ musuro Awurade, mo Nyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam. 14Munnni anyame foforo akyi; anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no anyame no; 15na Awurade mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkufo a nʼabufuw no bɛhyew mo, na ɔbɛsɛe mo afi asase no so. 16Monnsɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nhwɛ sɛnea moyɛe bere a na mowɔ Masa no. 17Ɛsɛ sɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde ne nea ɛwɔ mmara a ɔde ama mo no mu no so pɛpɛɛpɛ. 18Monyɛ de ɛteɛ na eye wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yiye. Na moakɔ akɔfa asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no, 19na moapam atamfo a wɔwɔ mo anim no nyinaa sɛnea Awurade kae no.

20Daakye bi, sɛ mo mma bisa mo se, “Saa mmara ne nʼahyɛde a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de ama mo yi ase ne dɛn?” 21a monka nkyerɛ wɔn se, “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim nanso Awurade nam anwonwatumi so yii yɛn fii Misraim. 22Yɛn ani tua Awurade nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse na ɛyɛ hu a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfo nyinaa. 23Oyii yɛn fii Misraim sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn. 24Na Awurade yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yenni mmara no nyinaa so na yɛmfa obu ne nidi mma no sɛnea ɛbɛma asi yɛn yiye daakye sɛnea ɛte nnɛ yi. 25Efisɛ sɛ yedi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛyɛ yɛn trenee.”