申命記 19 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

申命記 19:1-21

設立避難城

1「你們的上帝耶和華毀滅那些民族,把他們的土地賜給你們,使你們趕走他們,住進他們的城邑和房屋後, 2-3你們要把土地劃分為三個地區,在每個地區設立一座避難城,修好通往這三座城的道路,以便誤殺人者可以逃往最近的避難城。

4「如果有人無意間殺了素無冤仇的同伴,他可以逃往避難城,以保住性命。 5例如,有人和朋友去森林砍樹,斧頭脫柄,誤殺了朋友,他就可以逃往避難城,以保住性命。 6否則,如果避難城離誤殺人者太遠,怒火中燒的報仇者就會追上去殺死他。其實他是不該死的,因為他與被誤殺的人素無冤仇。 7因此,我吩咐你們要設立三座避難城。

8-9「如果你們謹遵我今天吩咐你們的這一切誡命,愛你們的上帝耶和華,一生遵行祂的旨意,祂就會按照祂對你們祖先所起的誓,擴張你們的疆域,把應許給你們祖先的土地賜給你們。那時,你們要再設三座避難城, 10免得無辜人的血流在你們的上帝耶和華賜給你們作產業之地,以致你們擔當枉殺無辜的罪。

11「如果有人因憎恨鄰居而暗中埋伏,殺了鄰居,然後逃到避難城, 12他本城的長老要派人去把他帶回來,交給復仇的人,將他處死。 13不可憐憫他,要從以色列除掉這種濫殺無辜的罪,這樣你們才會順利。

14「在你們的上帝耶和華將要賜給你們作產業之地,你們不可挪動鄰居的界石,因為那是先人立的。

15「如果人犯了什麼罪或有什麼過失,不可憑一個證人作證就定罪,要有兩三個證人才可以定案。 16如果有人作偽證誣陷別人, 17訴訟雙方要站在耶和華面前,讓當值的祭司和審判官定奪。 18審判官要仔細審查案件,如果發現那人作偽證, 19就要按照他企圖加給被誣告者的傷害處罰他。這樣,就從你們當中除掉了罪惡。 20其他人聽說後,都會害怕,不敢再做這種惡事。 21你們對惡人不可心軟,要以命償命,以眼還眼,以牙還牙,以手還手,以腳還腳。

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 19:1-21

Dwanekɔbea Nkuropɔn

1Awurade mo Onyankopɔn sɛe aman a ɔde wɔn nsase rema mo na sɛ mopam wɔn na motena wɔn nkuro no mu ne wɔn afie mu a, 2monyi nkuropɔn mmiɛnsa19.2 Yei yɛ nkuropɔn mmiɛnsa a ɛbɛkaa baako a na ɛwɔ hɔ dada a na ɛwɔ Yordan apueeɛ fam sɛ dwanekɔbea no. Na yeinom wɔ Yordan atɔeɛ fam. a ɛwɔ asase no mfimfini a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo afa no. 3Monyiyi akwan nkɔ hɔ na monkyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no mu mmiɛnsa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ obi kum obi a, ɔbɛdwane akɔ hɔ.

4Sɛ obi anhyɛ da na ɔkum obi a ɔnni ne ho menasepɔ anaa ɔntan no dada a, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa. 5Sɛ ebia, obi ne ne yɔnko bi kɔ wiram rekɔbu nnua na sɛ ɛba sɛ ɔbaako de abonnua rebu dua bi na sɛ abonnua no hɔn firi ne dua mu kumm ne yɔnko no a, saa asɛm yi mu no, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa. 6Sɛ dwanekɔbea biara mmɛn hɔ a, ɔtaafoɔ bi bɛtumi ataa onipakumfoɔ no akum no. Sɛ ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ, wɔakum onipakumfoɔ no wɔ ɛberɛ a wanhyɛ da akum obi. Wankum onipa, na mmom deɛ ɔyɛeɛ yɛ asiane. 7Ne saa enti na merehyɛ mo sɛ monyi nkuropɔn mmiɛnsa nsi nkyɛn no.

8Awurade mo Onyankopɔn trɛ mo ɔman mu sɛdeɛ ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom na ɔde asase no nyinaa ma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn ho bɔ no a, 9ɛsɛ sɛ moyi nkuropɔn mmiɛnsa si nkyɛn. Sɛ moto mo bo ase di mmara a mehyɛɛ mo no so ɛnnɛ yi sɛ monnɔ Awurade mo Onyankopɔn na monnante nʼakwan so a, ɛnneɛ, ɔde asase no bɛma mo. 10Monyɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnhwie mogya a ɛnni fɔ no ngu wɔ mo asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapadeɛ no so, na moanni mogyahwieguo no ho fɔ.

11Sɛ obi tan obi enti ɔhyɛ da kɔtɛ no kumm no na ɔdwane kɔ nkuropɔn no bi so kɔtɛ a, 12ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ a wɔwɔ ne kuro no mu hɔ no soma ma wɔkɔpɛ no ma wɔsane de no ba kuropɔn no mu ma owufoɔ no nkurɔfoɔ nso kum no bi. 13Mommma onipakumfoɔ no asɛm nha mo. Monyi wɔn a wɔdi awudie ho fɔ wɔ Israel nyinaa mmra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara bɛkɔ yie ama mo.

14Sɛ moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so a, monntutu ɛhyeɛ a mo agyanom atoto ngu mmfa so nwia obi asase.

Adansefoɔ

15Mommmu obi a ɔdanseni baako abɛdi atia no no fɔ. Soboɔ bɛdi mu ɛberɛ a nnipa baanu anaa baasa abɛdi adanseɛ.

16Sɛ atorɔ danseni bi ba bɛbɔ obi amumuyɛ bi ho kwaadu a, 17ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ kwaadubɔni no ne onipa a wabɔ no kwaadu no nyinaa ba asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔreyɛ Awurade adwuma no anim. 18Ɛsɛ sɛ wɔto wɔn bo bisa nnipa no nsɛm mu yie. Na sɛ wɔhunu sɛ kwaadubɔni no retwa atorɔ a, 19wɔde asotwe a anka ɛsɛ sɛ wɔde ma onipa a wɔabɔ no kwaadu no bɛma no. Sɛ mofa saa ɛkwan yi so a, mobɛtu amumuyɛsɛm nyinaa afiri mo mu. 20Wɔn a wɔbɛte no bɛsuro sɛ wɔbɛyɛ saa bɔne no bi. 21Monnhunu obiara mmɔbɔ! Mo mmara a ɛsɛ sɛ modi so no yɛ nkwa nsi nkwa ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu.