申命記 15 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

申命記 15:1-23

安息年

1「每逢第七年末,你們要免除他人的債務。 2你們要這樣做,所有債主都要免除同胞所欠的債務,不可向他們追討,因為宣佈免除債務的是耶和華。 3你們可以向外族人討債,但無論同胞欠你什麼債務,都要免除。 4-5只要你們聽從你們上帝耶和華的話,謹遵我今天吩咐你們的誡命,祂必使你們在這片祂賜給你們作產業的土地上蒙福,你們中間不會有窮人。 6你們的上帝耶和華必照祂的應許賜福給你們,你們必借貸給多國,卻不需要向他們借貸。你們必統治多國,卻不被他們統治。

7「在進入你們的上帝耶和華將要賜給你們的土地後,如果你們居住的城中有貧窮的同胞,你們不可硬著心腸拒施援手。 8他們所需要的,你們要慷慨地借給他們。 9你們要謹慎,不可因為免除債務的第七年將近,就心懷惡念,對貧窮同胞冷眼相待,拒施援手。否則,他會求告耶和華,那時你們便有罪了。 10你們要慷慨給予,並且無怨無悔,因為耶和華必在你們所做的一切事上賜福給你們。 11你們居住的地方總會有窮人,所以我吩咐你們要慷慨地幫助貧窮或有需要的同胞。

12「如果你們的希伯來同胞,不論男女,賣身給你們做奴隸,他們要服侍你們六年,到第七年,你們要給他們自由。 13你們不可讓他們空手離去, 14要慷慨地把你們的上帝耶和華賜給你們的羊、五穀和酒分給他們。 15要記住,你們曾在埃及做奴隸,你們的上帝耶和華拯救了你們。所以,我今天吩咐你們這樣做。 16如果你們的奴隸因為愛你們和你們的家人,與你們相處融洽,不願意離去, 17你們就要讓他靠在門上,用錐子在他耳朵上扎個洞,他便終身成為你們的奴隸。對待婢女也要這樣。 18你們釋放奴隸時,不要不情願,因為他們服侍你們六年,所做的是普通雇工的兩倍。而且,你們的上帝耶和華也會在你們所做的一切事上賜福給你們。

頭生的牛羊

19「你們要把頭生的公牛和公羊分別出來,獻給你們的上帝耶和華。不可用頭生的公牛耕田,也不要剪頭生公羊的毛。 20每年,你們全家要去你們的上帝耶和華選定的地方,在祂面前吃這些頭生的牛羊。 21如果這些牛羊有什麼殘疾,如瘸腿、瞎眼或其他殘疾,就不可獻給你們的上帝耶和華。 22要在你們的城裡吃這些牛羊。潔淨的人和不潔淨的人都可以吃,就像吃羚羊和鹿一樣。 23但不可吃牠們的血,要把血倒在地上,像倒水一樣。

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 15:1-23

Aka Mu Twa

1Muntwa mo aka mu mfe ason awiei biara. 2Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so ni: Ɛsɛ sɛ obiara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, de kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko no anaa ne busuani ka, efisɛ wɔapae mu aka Awurade bere a wɔde ka kyɛ no. 3Saa ka a wotwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfo no nko ara. Ahɔho a wɔte mo mu no de, sɛ mopɛ a mobɛma wɔn atua. 4Mmom, ɛnsɛ sɛ ahiafo ba mo mu efisɛ, Awurade, mo Nyankopɔn no behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo sɛ mo agyapade no so, 5sɛ motɔ mo bo ase di Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so a. 6Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea, nanso moremmɔ obiara hɔ bosea da. Mubedi aman bebree so, nanso obiara renni mo so da.

7Sɛ mudu nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na sɛ ehia mo yɔnkonom Israelfo no bi a, mummpirim mo koma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔ wɔn so. 8Mmom, mungow mo nsam na momfɛm wɔn nea ehia wɔn biara. 9Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ: “Afe a ɛto so ason, afe a wotwa aka mu no, abɛn,” na moannyina so ammɔ mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn no atirimɔden a moremma wɔn hwee. Ɛba saa a, wobesu afrɛ Awurade de atia mo, na ɛbɛma wɔabu mo bɔne ho fɔ. 10Mumfi koma pa mu mma na Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ mo nnwuma nyinaa ne biribiara a mode mo nsa bɛka no mu. 11Bere biara, mubehu ahiafo wɔ asase no so. Ɛno nti merehyɛ mo sɛ, biribiara a mowɔ no, mumfi ɔpɛ pa mu mma mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn wɔ asase no so no.

Asomfo Ahofadi

12Sɛ wo nua Hebrini, sɛ ɔyɛ barima anaa ɔbea, tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirihyia asia a, ɛsɛ sɛ wugyaa no ma ɔde ne ho afe a ɛto so ason no. 13Na sɛ woregya no kwan a, mma no nkɔ nsapan. 14Fa nsa a emu gow so ma no wo nguan no bi, wʼawiporowbea mu ade ne wo nsakyi amoa mu ade bi. Hwɛ sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn no, asi ahyira wo no so na ma no. 15Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn, yii mo fii hɔ. Ɛno nti na mede saa mmara yi rema mo nnɛ yi.

16Na sɛ ɛba sɛ wʼakoa ka kyerɛ wo se, “Merennyaw wo hɔ nkɔ,” efisɛ ɔpɛ wo ne wʼabusuafo asɛm na ne ho tɔ no wɔ wo nkyɛn a, 17ɛno de, fa fitii bɔre nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, yɛ wɔn saa ara.

18Momma no nyɛ wo den sɛ mubegyaa mo asomfo no ama wɔafa wɔn ho akodi. Monkae sɛ, mfe asia a wɔasom mo no sɛ wokɔfaa apaafo sɛ wɔnsom mo a, anka mubetua apaafo no sika mmɔho abien na Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ biribiara a moyɛ ho.

Mmoa Mmakan

19Munyi mo anantwi ne mo nguan mmakan anini no nsi hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mo anantwi mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuw mu nkɔyɛ adwuma, na munntwitwa mo nguan mmakan ho nwi nso. 20Mmom, mo ne mo abusuafo na afe biara monwe saa mmoa yi wɔ baabi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no wɔ nʼanim. 21Na sɛ ɛba sɛ abakan no bi adi dɛm, sɛ ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afura anaa wadi dɛm foforo bi a, mommfa no mmɔ afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no. 22Mmom, momfa no nyɛ aduan mma abusuafo wɔ fie. Sɛ obi ho tew o, sɛ ne ho ntew o, otumi di bi sɛnea obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no. 23Nanso ɛnsɛ sɛ mudi mogya no. Munhwie ngu fam te sɛ nsu.