申命記 11 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

申命記 11:1-32

要聽從耶和華

1「你們要愛你們的上帝耶和華,時刻遵守祂的吩咐、律例、典章和誡命。 2要記住,我現在是對你們,而不是對你們的孩子說話。他們沒有親身經歷、親眼見過你們上帝耶和華的管教、威嚴、大能的手和伸出的臂膀; 3祂怎樣在埃及行神蹟奇事對付法老及其國家; 4怎樣使紅海淹沒追趕你們的埃及軍隊和車馬,將他們永遠毀滅; 5怎樣在曠野一路看顧你們,一直來到這裡; 6怎樣對付呂便以利押的兒子大坍亞比蘭,使大地在以色列人當中裂開,吞沒了他們及其家人、帳篷和所有隨從。 7你們親眼目睹了耶和華的這些偉大作為。

8「因此,你們要遵守我今天吩咐你們的誡命,以便有力量過河攻取你們將要攻取的土地, 9長久居住在耶和華起誓賜給你們祖先及其後裔的奶蜜之鄉。 10那片土地不像你們離開的埃及。在埃及你們撒種後,要像澆菜園一樣辛勤灌溉11·10 辛勤灌溉」希伯來文是「用腳灌溉」。11而你們將要佔領的那片土地卻有山有谷,雨水充足, 12你們的上帝耶和華從歲首到年終時時看顧那裡。

13「如果你們謹遵我今天吩咐你們的誡命,全心全意地愛你們的上帝耶和華,事奉祂, 14祂就會按時降下秋雨和春雨,使你們收穫穀物、新酒和油, 15有草場飼養牲畜,豐衣足食。 16你們要謹慎,免得被迷惑,轉而祭拜、供奉其他神明。 17否則,耶和華必向你們發怒,使天不下雨、地無出產,以致你們在祂賜給你們的佳美之地上迅速滅亡。

18「所以,你們要把我的這些吩咐銘記在心,繫在手上,戴在額上作記號; 19要用這些話教導你們的兒女,無論在家在外、或起或臥,都要講論; 20也要寫在城門上和自家的門框上。 21這樣,你們及子孫就可以生活在耶和華起誓賜給你們祖先的土地上,與天地同長。 22如果你們謹遵我吩咐你們的這一切誡命——愛你們的上帝耶和華,遵行祂的旨意,依靠祂, 23耶和華就會為你們趕走那些比你們強大的民族,你們也必佔領他們的土地。 24你們腳掌踏過的地方都要歸你們。你們的疆界南到曠野,北到黎巴嫩,東到幼發拉底河,西到地中海。 25所到之處無人能抵擋你們,因為你們的上帝耶和華會使那些地方的人對你們充滿懼怕,正如祂對你們的應許。

26「看啊,我今天把祝福和咒詛擺在你們面前。 27你們若遵行我今天吩咐你們的誡命,就會得到祝福。 28你們若不遵行你們的上帝耶和華的誡命,偏離我今天吩咐你們當走的道路,隨從不認識的神明,必受咒詛。 29你們的上帝耶和華帶領你們進入並佔領那片土地時,你們要在基利心山上宣告祝福,在以巴路山上宣告咒詛。 30基利心山和以巴路山屬於住在亞拉巴迦南人,位於約旦河西岸的日落之處,在吉甲對面,靠近摩利橡樹。 31你們穿過約旦河,佔領耶和華賜給你們的土地,定居下來以後, 32要謹遵我今天頒佈給你們的一切律例和典章。

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 11:1-32

Awurade Na Tie No

1Awurade wo Onyankopɔn na di nʼapɛdeɛ, ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so berɛ nyinaa. 2Montie ɛnnɛ sɛ, ɛnyɛ mo mma na wɔnyaa osuahunu hunuu Awurade mo Onyankopɔn ntenesoɔ, ne tumi, ne basa kɛseɛ, ne nsa a watene mu, 3nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ ne nneɛma a wɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa ebi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa. 4Wɔanhunu dwuma a mo Onyankopɔn dii Misraim asraafoɔ, wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam, anaa sɛdeɛ ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ yiri faa wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn de bɛsi ɛnnɛ yi. 5Wɔanhunu sɛdeɛ na Awurade hwɛ mo so yie wɔ ɛserɛ so hɔ kɔsii sɛ mobɛduruu ha. 6Na wɔnni hɔ enti, wɔanhunu deɛ wɔde yɛɛ Eliab a ɔyɛ Ruben aseni mma Datan ne Abiram ɛberɛ a wɔyɛɛ bɔne na asase mu bue menee wɔn ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne biribiara a na nkwa wɔ mu a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no. 7Na mode mo ani ahunu Awurade tumi nnwuma a ɔyɛeɛ nyinaa.

8Monni mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛnya ahoɔden akɔfa asase a morebɛtwa Yordan akɔ so akɔfa yi, 9na mo nna aware asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so a Awurade kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so. 10Asase a morebɛkɔ so no nte sɛ Misraim asase a mofiri so baeɛ no a na modua mfudeɛ a mode mo nan twa nsuka te sɛ deɛ moredua nhahannuane no. 11Na asase a moretwa Yordan akɔfa no yɛ mmepɔ mmepɔ ne bɔnhwa a osuo tɔ wɔ hɔ yie 12a ɛyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, hwɛ so yie. Na daa Awurade mo Onyankopɔn ani wɔ so firi afe no ahyɛaseɛ kɔsi nʼawieeɛ.

13Sɛ moto mo bo ase tie me mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom no a, 14ɛnneɛ, ɔbɛtɔ osuo ne berɛ mu ama mo na moatumi atwa nnɔbaeɛ de bi ayɛ nsã ne ngo. 15Ɔbɛma mo ɛserɛ pii na mo anantwie awe na mo nso mobɛdidi amee.

16Monnnane mo akoma mfiri Awurade so nkɔsom anyame foforɔ. 17Sɛ moyɛ saa a, Awurade Abufuo no bɛhuru atia mo. Ɔbɛto ɔsoro mu, agyina osutɔ, na mo nnɔbaetwa ayɛ basaa. Na ntɛm so, mobɛwuwu wɔ asase a Awurade de rema mo no so. 18Enti, momma me nsɛm yi ntena mo akoma mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkaedeɛ na momfa mmɔ abotire. 19Monkyerɛkyerɛ mo mma. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn. 20Montwerɛ ngu mo afie aponnwa ne mo abɔntenpono ho, 21sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma ase bɛdɔre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so.

22Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo yi so; monnante Awurade, mo Onyankopɔn, akwan so na momfa mo ho mmata ne ho mfa nkyerɛ ɔdɔ a modɔ no. 23Ɛwom sɛ aman a wɔwɔ mo asase so yɛ den sen mo deɛ, nanso Awurade bɛpamo wɔn nyinaa. 24Baabiara a mode mo nan bɛtia no, asase no bɛyɛ mo dea. Mo ahyeɛ bɛyɛ ɛfiri ɛserɛ so anafoɔ kɔsi Lebanon wɔ atifi fam de firi Asubɔnten Eufrate wɔ apueeɛ fam kɔsi Ntam Po no fam. 25Obiara rentumi nsɔre ntia mo, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛto mo ho hu ne mo ho suro adi mo anim sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no wɔ baabiara a mobɛkɔ wɔ asase no so.

26Hwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim, 27Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so a, ɛbɛyɛ nhyira. 28Na sɛ mopo Awurade, mo Onyankopɔn mmara dane firi nʼakwan a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so, kɔsom anyame foforɔ a, ɛbɛyɛ nnome. 29Na sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, de mo duru asase a morekɔ so akɔfa no a, monka nhyira nsɛm mfiri Gerisim Bepɔ no so na monka nnome nsɛm nso mfiri Ebal Bepɔ so. 30Saa mmepɔ mmienu yi wɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam, asase a na Kanaanfoɔ a na wɔte Yordan subɔnhwa a ɛbɛn kuro Gilgal no te hɔ. Na wɔwɔ atɔeɛ fam a ɛbɛn More kwaeɛ no. 31Moreyɛ atwa Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. Sɛ mokɔfa saa asase no kɔtena so a, 32monhwɛ yie na monni mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.