民數記 30 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

民數記 30:1-16

許願的條例

1摩西以色列各支派的首領說:「以下是耶和華的吩咐。

2「倘若人在什麼事上向耶和華許願或起誓,他就不可食言,必須履行諾言。 3倘若未出嫁的少女在什麼事上向耶和華許願或起誓, 4倘若她父親得知她許的願或起的誓後沒有反對,她就必須履行諾言; 5倘若她父親得知後加以反對,她的諾言就無效。耶和華必不追究她,因為她父親反對。

6「倘若有女子出嫁前許了願或信口起了誓, 7她丈夫得知後沒有反對,她就必須履行諾言; 8倘若她丈夫得知後加以反對,她的諾言就無效,耶和華必不追究她。 9倘若寡婦或被休的婦人在什麼事上許願或起誓,她必須履行諾言。

10「倘若已婚婦女在夫家許願或起誓, 11她丈夫得知後沒有反對,她就必須履行諾言; 12倘若她丈夫得知的當天加以反對,她的諾言就無效。耶和華必不追究她,因為她丈夫反對。 13丈夫有權贊同或反對妻子許的願或起的誓。 14倘若丈夫得知妻子許願或起誓的當天沒有反對,她就必須履行諾言,因為丈夫當天默認了。 15倘若丈夫當天默認了,後來又加以反對,他就要承擔妻子的罪責。」

16以上是耶和華藉摩西頒佈的有關丈夫和妻子、父親和未出嫁的女兒要遵守的條例。

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 30:1-16

Bɔhyɛ Ho Mmara

1Afei, Mose hyiaa Israel mmusua no mu mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade ahyɛ sɛ, 2sɛ obi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ no, ɛnsɛ sɛ ɔbu so. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ.

3“Sɛ ababaawa bi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ ɛberɛ a ɔda so te nʼagya fie, 4na nʼagya no te sɛ ne ba no ahyɛ bɔ, na wanka hwee a, ne bɔhyɛ no di mu. 5Nanso sɛ ɛba sɛ nʼagya no si no bɔhyɛ no ho ɛkwan ɛda a ɔbɛte no a, ɔde sɛe bɔhyɛ no. Awurade de bɛkyɛ ababaawa no, ɛfiri sɛ, nʼagya ampene sɛ ɔbɛdi so.

6“Sɛ ɔhyɛ bɔ a ɛnyɛ na akyire no ɔkɔware 7na ne kunu no te saa bɔhyɛ no ho asɛm nanso wanka ho hwee ɛda no ara a, ne bɔhyɛ no di dwuma. 8Na sɛ ne kunu no po bɔhyɛ bɔne no a, po a ɔpoeɛ no di mu enti, Awurade de bɛkyɛ no.

9“Sɛ ɔbaa yɛ okunafoɔ anaa wɔagyaa no aware a, ɛkwan biara so, ɛsɛ sɛ ɔdi ne bɔhyɛ nyinaa so.

10“Sɛ waware na ɔte ne kunu fie a ɛhɔ na ɔhyɛɛ ɛbɔ no, 11na ne kunu no teeɛ na wanka ho hwee a, ne bɔhyɛ no di mu. 12Na sɛ ɛda no ara a ɔteeɛ no, sɛ wampene so a, ne bɔhyɛ no nni mu na Awurade de bɛkyɛ no. 13Enti, ne kunu na ɔbɛsi so dua anaasɛ ɔbɛkasa atia bɔhyɛ no. 14Sɛ ɛda mu no nyinaa wanka ho hwee deɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, ɔpene so. 15Sɛ ɔtwɛn ma ɛda koro fa so na sɛ ɔbɛka sɛ bɔhyɛ no nni mu a, ɛho asotwe biara a ɔbaa no penee so no bɛba ɔbarima no so.”

16Yei ne mmara a Awurade nam Mose so de maa ɔbarima ne ne yere ne agya ne ne babaa a wɔn nyinaa te efie baako mu no.