民數記 27 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

民數記 27:1-23

女兒的繼承權

1西羅非哈約瑟之子瑪拿西的玄孫、瑪吉的曾孫、基列的孫子、希弗的兒子。他的女兒是瑪拉挪阿曷拉密迦得撒。她們前來, 2站在會幕門口對摩西以利亞撒祭司、眾首領和全體會眾說: 3「我們的父親死在曠野,他並沒有跟可拉一夥一起反叛耶和華,而是因自己的罪而死,沒有留下兒子。 4難道因為他沒有兒子,他的名字就要從族中消失嗎?請讓我們在父親的家族中分一份產業吧。」 5摩西就把她們的請求呈到耶和華面前。 6耶和華對摩西說: 7西羅非哈的女兒說得有理。你要從她們父親的家族中分一份產業給她們,讓她們繼承父親的產業。 8你要告訴以色列人,『人死後如果沒有兒子,就由女兒繼承產業; 9如果沒有女兒,就由其兄弟繼承; 10如果沒有兄弟,就由其父的兄弟繼承; 11如果其父沒有兄弟,就由其族中最近的親屬繼承。』」這是耶和華吩咐摩西頒佈給以色列人的律例。

約書亞接替摩西做首領

12耶和華對摩西說:「你上亞巴琳山去眺望我賜給以色列人的土地。 13看了以後,你就要像你哥哥亞倫一樣去祖先那裡了。 14因為會眾在曠野反叛我的時候,你們二人沒有按照我的指示取水,沒有在他們面前尊我為聖。」耶和華指的是米利巴泉事件,發生在曠野的加低斯15摩西對耶和華說: 16「耶和華啊,你是賜人生命的上帝,求你立一個人做會眾的首領, 17帶領他們或進或退,免得你的會眾像沒有牧人的羊群。」 18耶和華對摩西說:「的兒子約書亞心裡有聖靈,你把他召來,按手在他身上, 19讓他站在以利亞撒祭司和全體會眾面前,當著他們的面任命他做首領, 20把你的權柄賜給他,使以色列全體會眾都聽從他。 21遇到事情,他要去以利亞撒祭司那裡,讓祭司藉著烏陵為他求問我。他和全體會眾或進或出都要聽從以利亞撒的指示。」 22摩西遵命而行,把約書亞召來,讓他站在以利亞撒祭司和全體會眾面前, 23然後照耶和華的吩咐按手在他的頭上,任命他做首領。

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 27:1-23

Selofehad Mmammaa

1Ɛda koro bi, Hefer babarima Selofehad mmammaa a wɔn edin ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano sɛ wɔde adesrɛ bi rebɛto Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua panin ne afoforɔ a wɔwɔ hɔ no anim. 2Na mmaa no yɛ Yosef babarima Manase abusuafoɔ fa bi. Na wɔn ase firi Makir a ɔyɛ Manase babarima no fie. Na Manase babarima Gilead yɛ wɔn nana nkansowa ɛnna ne babarima Hefer nso yɛ wɔn nana ɛnna wɔn babarima Selofehad yɛ wɔn agya. 3Wɔkaa sɛ, “Yɛn agya wuu ɛserɛ so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛmaa wɔwuwuiɛ no ho. Ɔno ankasa bɔne enti na ɔwuiɛ. 4Adɛn enti na ɛsiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi.”

5Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim. 6Awurade buaa Mose sɛ, 7“Asɛm a Selofehad mmammaa no ka no yɛ nokorɛ. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapadeɛ a sɛ wɔn agya no te ase a anka ɔbɛnya no ma wɔn.

8“Deɛ ɛdi hɔ bio ne sɛ, ɛsiane sɛ ɛyɛ mo mmara sɛ, sɛ obi wu na ɔnni mmammarima a wɔbɛdi nʼadeɛ a ɛsɛ sɛ nʼagyapadeɛ kɔ ne mmammaa hɔ enti, monyɛ no saa. 9Na sɛ ɔnni ɔbabaa nso a, ɛsɛ sɛ agyapadeɛ no kɔ ne nuammarima nkyɛn. 10Na sɛ ɔnni nuammarima a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn. 11Na sɛ ɔnni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.”

Wɔyi Yosua Sɛ Mose Abadiakyire

12Ɛda bi, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ bepɔ a ɛwɔ Abarim mmepɔ no so na to wʼani fa asubɔnten a ɛda hɔ no so ma ɛnkɔsi asase a mede maa Israelfoɔ no so. 13Sɛ wohwɛ wie a, wobɛwu sɛdeɛ wo nua Aaron wuiɛ no, 14ɛfiri sɛ, wosɔre tiaa me mmara wɔ Sin ɛserɛ so hɔ. Ɛberɛ a Israelfoɔ no sɔre tiaa me no, woamma wɔanhunu me kronkronyɛ wɔ nsuo no ho.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsuo “Akoeɛ” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin ɛserɛ so no so.

15Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ, 16“Ao Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti ansa na worebɛfa me no, mesrɛ, yi obi si mʼanan 17a ɔde wɔn bɛkɔ ɔko na ɔbɛhwɛ wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade nnipa bɛnya odwanhwɛfoɔ a ɔbɛhwɛ wɔn so.”

18Awurade buaa no sɛ, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ Honhom no wɔ ne mu no, 19na fa no kɔ ɔsɔfoɔ Eleasa nkyɛn, na nnipa no nyinaa rehwɛ mo no, fa nnipa no animdie so tumi hyɛ ne nsa. 20Fa wo tumi ma no wɔ badwam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israelfoɔ nyinaa bɛtie no. 21Sɛ wɔhia akwankyerɛ a ɛfiri Awurade hɔ a, Yosua bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔsɔfoɔ Eleasa abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛdeɛ. Saa ɛkwan yi so na Yosua ne Israelfoɔ no bɛfa so ahwehwɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ.”

22Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no nyinaa. 23Mose de ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.