歷代志下 7 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 7:1-22

聖殿奉獻禮

1所羅門禱告完畢,就有火從天上降下,燒盡了燔祭和其他祭物。殿裡充滿了耶和華的榮光, 2以致祭司不能進殿。 3全體以色列人看見有火降下,又看見耶和華的榮光停在殿上,便俯伏敬拜,稱謝耶和華說:

「耶和華是美善的,

祂的慈愛永遠長存。」

4所羅門王和全體民眾一同向耶和華獻祭。 5所羅門王獻上兩萬二千頭牛和十二萬隻羊,王和全體民眾為上帝的殿舉行奉獻典禮。 6祭司在自己的崗位上侍立,利未人奏著大衛王為頌讚耶和華而為他們製造的樂器,歌頌說:「祂的慈愛永遠長存。」他們對面的祭司也吹響號角,全體以色列人都肅立。

7所羅門因所造的銅壇太小,容不下燔祭、素祭和脂肪,就把耶和華殿前院子中間的地方分別出來,作聖潔之地,在那裡獻上燔祭和平安祭祭牲的脂肪。

8所羅門和從哈馬口直至埃及小河而來的全體以色列人聚成一大群會眾,一起守節期七天。 9第八天舉行莊嚴的聚會,又舉行七天獻壇禮。之後,他們又歡慶七天。 10七月二十三日,所羅門王讓民眾各回本鄉。他們看見耶和華向大衛所羅門和祂的以色列子民所施的恩惠,就滿心歡喜地回家去了。

耶和華向所羅門顯現

11所羅門建完了耶和華的殿和他自己的王宮,他按計劃完成了耶和華殿裡和他自己宮裡的一切工作。 12耶和華在夜間向所羅門顯現,對他說:「我已聽見你的禱告,也已選擇這殿作為給我獻祭的地方。 13若我使天不下雨,使蝗蟲吞吃地上的出產,或叫瘟疫在我民中流行, 14而這些被稱為我名下的子民若謙卑下來,祈禱、尋求我的面,離開惡道,我必從天上垂聽,赦免他們的罪,醫治他們的土地。 15現在,我會睜眼看、留心聽在這殿裡獻上的禱告。 16我已選擇這殿,使之聖潔,永遠歸在我的名下,我的眼和我的心必常在那裡。 17如果你像你父親大衛一樣事奉我,遵行我一切的吩咐,謹守我的律例和典章, 18我必使你的王位穩固,正如我曾與你父親大衛立約,說,『你的子孫必永遠統治以色列。』

19「然而,如果你們背棄我指示你們的律例和誡命,去供奉、祭拜別的神明, 20我必把你們從我賜給你們的土地上剷除,並離棄我為自己的名而使之聖潔的這殿,使這殿在萬民中成為笑柄、被人嘲諷。 21這殿雖然宏偉,但將來經過的人必驚訝地問,『耶和華為什麼這樣對待這地方和這殿呢?』 22人們會回答,『因為他們背棄曾領他們祖先離開埃及的耶和華——他們的上帝,去追隨、祭拜、供奉別的神明,所以耶和華把這一切災禍降在他們身上。』」

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 7:1-22

Salomo Bue Asɔredan No Ano

1Salomo wiee ne mpaeɛbɔ no, ogya firi ɔsoro bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ, na Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma. 2Asɔfoɔ no mpo antumi anhyɛne Awurade Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, na Awurade animuonyam ahyɛ hɔ ma. 3Ɛberɛ a Israelfoɔ nyinaa hunuu sɛ ogya no reba fam, na Awurade animuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ, sɔree Awurade kamfoo no sɛ,

“Ɔyɛ;

na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!”

4Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no nyinaa bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade. 5Ɔhene Salomo de anantwie ɔpeduonu mmienu ne nnwan ɔpeha aduonu baeɛ sɛ nʼafɔrebɔdeɛ. Enti, ɔhene no ne ɔmanfoɔ no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano. 6Asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifoɔ a wɔreto dwom sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” no nso yɛeɛ. Wɔde nnwontodeɛ a Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nkamfo Awurade no gyegyee nnwontoɔ no ho. Asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ no di nhwɛanimu no hyɛnee ntotorobɛnto wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nyinaa gyinagyina hɔ.

7Na afei, Salomo buee adihɔ mfimfini a ɛwɔ Awurade Asɔredan no anim ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔahye sradeɛ a ɛfiri asomdwoeɛ afɔdeɛ mu no wɔ hɔ. Ɔyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a na wasi no, na ɛsua ma ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ ne sradeɛ afɔdeɛ nyinaa no.

8Nnanson a ɛdi soɔ no mu, wɔdii Dwanekɔbea Afahyɛ, na nipadɔm fifiri Israel mmusuakuo no nyinaa mu baeɛ. Wɔfifiri akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kɔsi Misraim asuwa anafoɔ fam no. 9Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe7.9 Da a ɛtɔ so nwɔtwe—Ɛno ne Apontoɔ Nnapɔnna da a ɛdi akyire (5.3; 3 Mose 23.36; 4 Mose 29.35) nnanson. Wɔyɛɛ dintoɔ dwumadie no firi da a ɛtɔ so nwɔtwe kɔsi da a ɛtɔ so dunan wɔ ɔbosome no mu. Wɔde Apontoɔ Nnapɔnna no toa so firi da a ɛtɔ so dunum kɔsi da ɛtɔ so aduonu mmienu. Mpata Afahyɛ no yɛ da a ɛtɔ so edu wɔ ɔbosome nson no mu. (3 Mose 16; 1 Ah 8.65-66). no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawieeɛ, ɛfiri sɛ na wɔde nnanson abue afɔrebukyia no ano na wɔde nnanson nso adi Dwanekɔbea Afahyɛ no. 10Afahyɛ no awieeɛ no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyeeɛ, ɛfiri sɛ, na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ adi no yie.

Onyankopɔn Mmuaeɛ

11Na Salomo wiee Awurade Asɔredan no ne ahemfie no sie. Ɔwiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no. 12Afei, da bi anadwo, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ,

“Mate wo mpaeɛbɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ beaeɛ a wɔmmɔ afɔdeɛ.

13“Ɛtɔ ɛda a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osuo rentɔ, anaa ebia mɛma ntutummɛ abɛsɛe mo mfudeɛ anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so. 14Na sɛ me nkurɔfoɔ a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpaeɛ, ahwehwɛ me, na wɔadane afiri wɔn amumuyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yadeɛ. 15Mpaeɛ biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, mɛtie, 16ɛfiri sɛ, mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fie daa daa. Mʼaniwa ne mʼakoma bɛtena ha daa.

17“Na wo deɛ, sɛ wodi mʼakyi sɛdeɛ wʼagya Dawid yɛeɛ, na wotie mʼahyɛdeɛ, di me mmara nyinaa so a, 18meremma obiara mfa wʼahennwa nkɔ. Saa bɔ korɔ yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid wɔ ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Meremma onipa a ɔbɛdi Israel so ɔhene mmɔ no no.’

19“Nanso, sɛ wogya me, na wobu mmara ne ahyɛdeɛ a mahyɛ wo no so, na wokɔsom anyame foforɔ a, 20ɛnneɛ, mɛtutu Israelfoɔ ase afiri mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din animuonyam no. Mɛyɛ no ahohoradeɛ ama aman nyinaa ahunu. 21Ɛwom, saa asɔredan yi yɛ fɛ deɛ, nanso ɛbɛyɛ atantanneɛ ama wɔn a wɔtwa mu hɔ no. Wɔbɛbisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ama nneɛma a ɛyɛ hu sei aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’ 22Na mmuaeɛ bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, ne nkurɔfoɔ poo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim, kɔsomm anyame foforɔ. Ɛno enti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’ ”