歷代志下 34 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 34:1-33

猶大王約西亞

1約西亞八歲登基,在耶路撒冷執政三十一年。 2他做耶和華視為正的事,效法他祖先大衛,不偏不離。

約西亞清除偶像

3他執政第八年,雖然還年幼,卻開始尋求他祖先大衛的上帝。他執政第十二年,開始清除猶大耶路撒冷的邱壇、亞舍拉神像、雕刻和鑄造的偶像。 4眾人在他面前拆毀巴力的祭壇,他砍掉高高的香壇,又把亞舍拉神像及雕刻和鑄造的偶像磨成粉末,撒在祭拜它們之人的墳墓上, 5把它們祭司的骸骨放在它們的壇上焚燒。這樣,他潔淨了猶大耶路撒冷6約西亞還在瑪拿西以法蓮西緬,遠至拿弗他利的各城邑及其周圍的荒廢之地做了同樣的事情。 7他拆毀祭壇和亞舍拉神像,把偶像磨成粉末,砍掉以色列境內所有的香壇,然後回到耶路撒冷

發現律法書

8約西亞執政第十八年,潔淨國土和聖殿以後,就差遣亞薩利雅的兒子沙番耶路撒冷的總督瑪西雅約哈斯的兒子約亞史官負責整修他的上帝耶和華的殿。 9他們到希勒迦大祭司那裡,把獻給上帝殿的銀子交給他。這銀子是守殿門的利未人從瑪拿西人和以法蓮人,所有剩下的以色列人,所有的猶大人和便雅憫人,以及耶路撒冷的居民那裡收來的。 10他們把銀子交給負責管理耶和華殿的督工,由他們轉交給整修耶和華殿的工人, 11也就是木匠和石匠,讓他們用來購買鑿好的石頭、木架和棟樑,整修猶大諸王毀壞的殿。 12工人都忠誠地工作。他們的督工是利未米拉利的子孫雅哈俄巴底哥轄的子孫撒迦利亞米書蘭。其他精通樂器的利未13負責監督搬運工人,還有一些做書記、官員和殿門守衛。

14他們把奉獻到耶和華殿裡的銀子拿出來的時候,希勒迦祭司發現了摩西所傳的耶和華的律法書。 15希勒迦就對沙番書記說:「我在耶和華的殿裡發現了律法書。」希勒迦就把書卷交給沙番16沙番把書卷帶到王那裡,向王稟告說:「凡交給僕人們辦的事,都已辦妥。 17耶和華殿裡的銀子已被取出來交給督工和工人。」 18沙番書記又對王說:「希勒迦祭司交給我一卷書。」沙番就在王面前誦讀這書。 19王聽了律法書上的話,就撕裂衣服, 20吩咐希勒迦沙番的兒子亞希甘米迦的兒子亞比頓沙番書記和王的臣僕亞撒雅21「你們去為我、為以色列猶大的餘民求問耶和華有關這書卷上的話。耶和華的烈怒已經臨到我們身上,因為我們的祖先沒有遵守耶和華的話,沒有遵行這書卷上的話。」

22於是,王派去的人跟著希勒迦去求問女先知戶勒妲,她是負責管理禮服的沙龍之妻。沙龍哈斯拉的孫子、特瓦的兒子。戶勒妲住在耶路撒冷第二區。他們向她說明來意, 23她對他們說:「以色列的上帝耶和華要你們回去告訴差你們來見我的人, 24耶和華說,『我要照在猶大王面前所讀的那書上的一切咒詛,降災難給這地方及這裡的居民。 25因為他們背棄我,給別的神明燒香,製造偶像惹我發怒,所以我的怒火要在這地方燃燒,絕不止息。』 26你們告訴差你們來求問耶和華的猶大王,『至於你所聽見的那些話,以色列的上帝耶和華說, 27因為你聽到我對這地方及這裡居民的警告,便悔改,在我面前謙卑、撕裂衣服,向我哭泣,我垂聽了你的禱告。這是我耶和華說的。 28我會讓你平安入土,你不會看到我要降給這地方及這裡居民的一切災難。』」他們便回去稟告王。

約西亞立約順服上帝

29於是,王召集猶大耶路撒冷的所有長老, 30猶大人和耶路撒冷的居民、祭司和利未人等全體民眾,不論貴賤,一同上到耶和華的殿。王把在耶和華殿中發現的約書念給他們聽。 31王站在自己的位置上,在耶和華面前立約,要全心全意地跟隨耶和華,遵從祂的一切誡命、法度和律例,履行約書上的規定。 32他使耶路撒冷便雅憫的人都遵行這約。於是,耶路撒冷的居民都遵行他們祖先的上帝的約。 33約西亞除去以色列境內所有的可憎之物,又吩咐所有住在以色列的人都事奉他們的上帝耶和華。約西亞在世時,他們都沒有偏離他們祖先的上帝耶和華。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 34:1-33

Yosia Di Hene

1Yosia bedii ade no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduasa baako. 2Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho.

3Yosia fii ase hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Nyankopɔn akyi kwan bere a na ɔda so yɛ abofra a wadi ade mfe awotwe no. Ne mfe dumien so no, odwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom nsɔree so nyinaa, Asera nnua, ahoni a wɔasen ne nsɛsode a wɔagu no nyinaa. 4Ɔhwɛ ma wobubuu Baal afɔremuka no ne nnuhuam afɔremuka no nyinaa gui. Ɔma wɔdwerɛw Asera nnua ne ahoni nyinaa, na wɔtow petee awufo a wɔbɔɔ saa afɔre no nna so. 5Ɔhyew akɔmfo no nnompe no wɔ wɔn ankasa afɔremuka so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem. 6Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkurow so de koduu Naftali. 7Ɔsɛee abosonsomfo afɔremuka, Asera nnua, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Odwiriw nnuhuam afɔremuka a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsan kɔɔ Yerusalem.

8Nʼadedi mfe dunwɔtwe so no a owiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehye abakɔsɛm kyerɛwfo, sɛ wonsiesie Awurade, ne Nyankopɔn asɔredan no.

9Wɔde sika a Lewifo a wɔsom sɛ aponanohwɛfo agyigyee wɔ Onyankopɔn Asɔredan ho no maa ɔsɔfopanyin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfo ne Israel nkae nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfo na wɔde akyɛde no bae. 10Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ, nsiesie Awurade Asɔredan no. Na wotuaa wɔn a wɔyɛɛ adwuma no ka. 11Wɔbɔɔ nnuadwumfo ne adansifo paa, tɔɔ abo a wɔatwa a wɔde besiesie afasu no ne nnua a wɔde bɛyɛ nsɛmso ne mpuran. Wosiesie nea anka Yuda ahemfo a wodii kan no rema asɛe no.

12Adwumayɛfo no de nokwaredi yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifo a wofi Merarifo abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifo a wofi Kohatfo abusua mu na wɔhwɛɛ adwumayɛfo no so. Lewifo a wɔaka a wɔn nyinaa wɔ nnwontode ho nimdeɛ no, 13wɔma wɔhwɛɛ adwumayɛfo akuw ahorow no so. Na afoforo bi nso yɛɛ adwuma sɛ akyerɛwfo, mpanyimfo ne aponanohwɛfo.

Hilkia Kohuu Awurade Mmara Nhoma No

14Na ɔsɔfopanyin Hilkia rekyerɛkyerɛw sika a wɔagyigye wɔ Awurade Asɔredan no ho no, ohuu Awurade mmara nhoma a wɔnam Mose so de mae no. 15Na Hilkia ka kyerɛɛ Safan a ɔyɛ asennii kyerɛwfo no se, “Mahu mmara nhoma no wɔ Awurade Asɔredan no mu.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan.

16Safan de nhoma mmobɔwee no kɔmaa ɔhene kae se, “Wo mpanyimfo no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. 17Wɔatua sika a wogyigyee wɔ Awurade Asɔredan no mu no na wɔde ahyɛ wɔn a wɔhwɛ so no ne adwumayɛfo no nsa.” 18Safan ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfopanyin Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene.

19Bere a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu. 20Ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se, 21“Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne Awurade nkɔkasa mma me ne Israel ne Yuda nkae nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma mmobɔwee a wɔahu no mu ho nsɛm. Awurade abufuw aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni Awurade asɛm so. Yɛnyɛ nea nhoma mmobɔwee yi ka sɛ yɛnyɛ no.”

22Hilkia ne mmarima a wɔaka no kɔɔ odiyifobea Hulda a na ɔyɛ Tikwat babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nena nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ se Misne.

23Ɔbea no ka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, akasa! Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se, 24‘Sɛnea Awurade se ni: Akyinnye biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kurow yi ne emu nnipa. Nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a moakenkan yi mu nyinaa bɛba mu. 25Efisɛ nnipa a wɔwɔ Yuda apa me na wɔsom abosonsomfo anyame. Ɛno nti, me bo afuw wɔn yiye wɔ biribiara a wɔayɛ ho. Mʼabufuw behwie agu saa beae ha, na biribiara rentumi nsiw ano.’ 26Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho. 27Bere a wotee asɛm a meka de tiaa saa kuropɔn yi ne mu nnipa no, ɛhaw wo ma wobrɛɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim. Wobrɛɛ wo ho ase, de ahometew sunsuan wʼatade mu, de ahonu suu wɔ mʼanim. Enti nokware, mate wo nne, Awurade na ose. 28Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kosi sɛ wubewu na wɔasie wo asomdwoe mu. Worenhu amane a mede bɛba beae yi so.’ ”

Enti wɔsan de ɔbea no nkra kɔmaa ɔhene no.

Yosia Ɔsom Nhyehyɛe

29Na ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem ntuanofo nyinaa. 30Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo nyinaa ne asɔfo ne Lewifo, nnipa no nyinaa, fi ɔkɛse so kosi akumaa so, kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan apam nhoma a wohuu wɔ Awurade Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn. 31Ɔhene no gyinaa nʼafa wɔ afadum no nkyɛn, na otii apam no mu wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ofi ne koma ne ne kra nyinaa mu bedi Awurade mmaransɛm, ahyɛde ne mmara so. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, obedi apam no mu nhyehyɛe a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee no mu no so.

32Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no se, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn apam no mu.

33Enti Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwade no fii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom Awurade, wɔn Nyankopɔn. Na ne nkwanna a aka no mu no nyinaa, wɔannan wɔn akyi ankyerɛ Awurade wɔn agyanom Nyankopɔn no da.