歷代志下 29 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 29:1-36

猶大王希西迦

1希西迦二十五歲登基,在耶路撒冷執政二十九年。他母親叫亞比雅,是撒迦利雅的女兒。 2希西迦效法他祖先大衛,做耶和華視為正的事。

潔淨聖殿

3希西迦元年一月,他開啟耶和華殿的門,重新修理。 4他把眾祭司和利未人召集在東邊的廣場, 5對他們說:「利未人啊,請聽我說!現在你們要潔淨自己,也要潔淨你們祖先的上帝耶和華的殿,除去聖所中的污穢之物。 6我們的祖先行事不忠,做我們的上帝耶和華視為惡的事,背棄祂,轉臉背向祂的居所。 7他們封鎖殿廊的門,吹滅燈火,不在聖所裡向以色列的上帝燒香、獻燔祭。 8因此,耶和華的烈怒臨到猶大耶路撒冷,使他們的遭遇令人恐懼、震驚、嗤笑,正如你們親眼所見的。 9所以我們的祖先死在刀下,我們的妻兒也被擄去。 10現在我決心要與以色列的上帝耶和華立約,好使祂的烈怒轉離我們。 11我的孩子們啊,不要懈怠!因為耶和華揀選你們站在祂面前事奉祂,向祂燒香。」

12於是,利未人開始供職。其中哥轄宗族有亞瑪賽的兒子瑪哈亞撒利雅的兒子約珥米拉利宗族有亞伯底的兒子基士耶哈利勒的兒子亞撒利雅革順宗族有薪瑪的兒子約亞約亞的兒子伊甸13以利撒反宗族有申利耶利亞薩宗族有撒迦利雅瑪探雅14希幔宗族有耶歇示每耶杜頓宗族有示瑪雅烏薛15他們召集其他利未人一起潔淨自己,並遵照王的吩咐和耶和華的命令,進去潔淨耶和華的殿。 16祭司們進入耶和華的殿,把所有污穢之物搬到耶和華殿的院子裡,然後再由利未人運到外面的汲淪溪丟掉。 17他們一月一日開始潔淨的工作,到一月八日已經潔淨到耶和華殿的走廊,又用八天潔淨耶和華的殿,一月十六日完成潔淨的工作。

重新奉獻聖殿

18然後,他們晉見希西迦王,說:「我們已經潔淨了整個耶和華的殿、燔祭壇以及壇上的一切器皿、供餅的桌子及桌子上的一切器皿。 19我們已備齊亞哈斯王對上帝不忠時所廢棄的器皿,並潔淨了它們,現在都放在耶和華的壇前。」

20希西迦王清早起來,召集城中官員一同上到耶和華的殿。 21他們牽來七頭公牛、七隻公綿羊、七隻羊羔和七隻公山羊,作國家、聖所和猶大人的贖罪祭。王吩咐做祭司的亞倫子孫把這些牲畜獻在耶和華的壇上。 22他們宰了公牛,祭司取過血來灑在壇上,然後宰了公綿羊並把血灑在壇上,又宰了羊羔並把血灑在壇上。 23有人把作贖罪祭的公山羊牽到王和會眾面前,他們就將手按在公山羊身上。 24祭司宰了公山羊,把血灑在壇上作贖罪祭,為所有以色列人贖罪,因為王吩咐要為所有以色列人獻上燔祭和贖罪祭。

25王又分派利未人在耶和華的殿裡敲鈸、鼓瑟、彈琴,正如大衛王、王的先見迦得和先知拿單的指示,即耶和華藉先知所吩咐的。 26利未人拿著大衛的樂器侍立在那裡,祭司拿著號角侍立在那裡。 27希西迦下令在壇上獻燔祭。開始獻燔祭時,伴隨著號角聲和以色列大衛的樂器聲,響起了頌讚耶和華的歌聲。 28全體會眾伴著歌聲和號角聲俯伏敬拜,直到獻完燔祭。 29獻完燔祭後,王和所有在場的人都俯伏敬拜。 30希西迦王與眾官員又吩咐利未人用大衛亞薩先見的詩詞頌讚耶和華。他們歡喜地歌唱,並低頭敬拜。

31希西迦說:「你們既然已經把自己獻給了耶和華,現在就把祭物和感恩祭帶到耶和華的殿裡來吧。」於是,會眾就把祭物和感恩祭送來,有些人甘心樂意地送來燔祭。 32會眾獻給耶和華作燔祭的有七十頭公牛、一百隻公綿羊、二百隻羊羔, 33獻為聖物的有六百頭公牛、三千隻綿羊。 34但祭司人數太少,剝不完燔祭牲的皮,於是他們的親族利未人就來幫助他們,直到獻完燔祭,並且別的祭司也潔淨了自己,因為利未人比祭司更誠心潔淨自己。 35他們獻上大量的燔祭,以及很多平安祭祭牲的脂肪和與燔祭同獻的奠祭。

從此,耶和華殿裡的事奉恢復了。 36希西迦和民眾因上帝為他們所做的而歡喜快樂,因為這事情很快成就了。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 29:1-36

Hesekia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Hesekia dii ɔhene wɔ Yuda no, na wadi mfeɛ aduonu enum. Na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne maame yɛ Sakaria babaa a ne din de Abia. 2Ɔyɛɛ deɛ ɛfata wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no.

Hesekia Sane Bue Asɔredan No Ano

3Afe a ɛdi ɛkan wɔ nʼahennie mu wɔ bosome a ɛdi ɛkan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apono no, siesieeɛ. 4Ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, wɔmmɛhyia no wɔ Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam hɔ. 5Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Lewifoɔ, montie me! Monnwira mo ho, na monnwira Awurade, mo agyanom Onyankopɔn Asɔredan no nso. Monyiyi biribiara a efi aka no mfiri kronkronbea hɔ. 6Yɛn agyanom anni nokorɛ, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim. Wɔgyaa Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ no. 7Afei, wɔtotoo Asɔredan no abankua apono mu, dundumm nkanea no. Wɔgyaee nnuhwamhyeɛ, gyaee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde ba Israel Onyankopɔn, kronkronbea hɔ no. 8Ɛno enti na Awurade abufuo aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadane ahufoɔ, ayamhyehyefoɔ ne aseredeɛ, sɛdeɛ mohunu no pefee no. 9Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmammarima, yɛn mmammaa ne yɛn yerenom sɛ nneduafoɔ. 10Nanso, seesei, me ne Awurade, Israel Onyankopɔn bɛyɛ apam sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri yɛn so. 11Mʼadɔfonom Lewifoɔ, monnnyae mo nnwuma mu bio. Awurade ayi mo sɛ monnyina nʼanim nsom no, na monni ɔmanfoɔ anim nsom no, mmɔ afɔdeɛ mma no.”

12Afei saa Lewifoɔ yi hyɛɛ dwumadie no ase.

Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no ne:

Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoɛl.

Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no ne:

Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria.

Wɔn a wɔfiri Gerson abusua mu ne:

Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden;

13Wɔn a wɔfiri Elisafan abusua mu ne:

Simri ne Yeiel.

Wɔn a wɔfiri Asaf abusua mu ne:

Sakaria ne Matania.

14Wɔn a wɔfiri Heman abusua mu ne:

Yehiel ne Simei.

Wɔn a wɔfiri Yedutun abusua mu ne:

Semaia ne Usiel.

15Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ, na wɔdwiraa wɔn ho. Na afei, wɔhyɛɛ aseɛ dwiraa Awurade Asɔredan no sɛdeɛ ɔhene no hyɛeɛ no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadie no mu. 16Asɔfoɔ no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔdwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wɔhunuiɛ no firii hɔ de baa Asɔredan no adihɔ. Lewifoɔ no twee ne nyinaa firii hɔ, kɔto guu Kidron Bɔnhwa mu. 17Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ da bi a ɛwɔ bosome a ɛdi ɛkan no mu. Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, na wɔaduru Awurade Asɔredan no abankua mu hɔ. Na wɔde nnafua nwɔtwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ɛwiee dwumadie no nyinaa.

18Na Lewifoɔ no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛdeɛ dwumadie no akɔsi kyerɛɛ no. Wɔkaa sɛ, “Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyeɛ afɔrebɔ afɔrebukyia no a nneɛma ahodoɔ ka ho ne Hyiadan mu Burodo no ɛpono no ne ɛho nneɛma ho. 19Afei, nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee wɔ ɛberɛ a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakɔgye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔrebukyia no anim a wɔadwira ho na wɔbɛtumi de adi dwuma biara.”

20Adeɛ kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kuro no mpanimfoɔ ano ne wɔn kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. 21Wɔde anantwinini nson, nnwennini nson, nnwammaa nson ne mpapo nson baa sɛ, ahennie, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɔhene no hyɛɛ asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ sɛ, wɔmfa mmoa no mmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade afɔrebukyia no so. 22Na wɔkunkum anantwinini no, na asɔfoɔ de mogya no petee afɔrebukyia no so. Afei, wɔkunkumm nnwennini no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so. Na awieeɛ no, wɔde nnwammaa no yɛɛ saa ara. 23Mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no, wɔde baa ɔhene no ne ɔmanfoɔ no anim, ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so. 24Afei, asɔfoɔ no kunkumm mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so, sɛ bɔne ho mpatadeɛ maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyeɛ ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa.

25Afei, ɔhene Hesekia de Lewifoɔ no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Ɔdii ahyɛdeɛ a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhunumuni ne odiyifoɔ Natan so de maa Dawid no so. 26Afei, Lewifoɔ no faa Dawid nnwontodeɛ no kɔgyinagyinaa wɔn gyinaberɛ wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfoɔ no faa wɔn ntotorobɛnto kɔgyinagyinaa wɔn afa. 27Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyeɛ afɔdeɛ no nsi afɔrebukyia no so. Ɛberɛ a wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no reba no, wɔhyɛɛ aseɛ too ayɛyie nnwom maa Awurade, na wɔde ntotorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontodeɛ no gyegyee ho. 28Badwa no sɔree Awurade wɔ ɛberɛ a na nnwomtofoɔ no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntotorobɛnto no ara kɔsii sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no nyinaa saeɛ.

29Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa koto someeɛ. 30Ɔhene Hesekia ne ne mpanimfoɔ hyɛɛ Lewifoɔ no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhunumuni Asaf deɛ, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigyeɛ kamfoo Awurade, na wɔkoto sɔreeɛ.

31Afei, Hesekia de too dwa sɛ, “Ɔsom no aba awieeɛ. Momfa mo afɔrebɔdeɛ ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti, ɔmanfoɔ no de wɔn afɔrebɔdeɛ ne wɔn aseda afɔrebɔdeɛ baeɛ, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ nso kaa ho.

32Ɔmanfoɔ no de anantwinini aduɔson, nnwennini ɔha ne nnwammaa ahanu sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ brɛɛ Awurade. 33Wɔsane de anantwinini ahansia ne nnwan mpem mmiɛnsa baa sɛ afɔrebɔdeɛ. 34Nanso, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wɔbɛtumi asiesie ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa enti, wɔn abusuafoɔ Lewifoɔ no boaa wɔn, kɔsii sɛ dwumadie no baa awieeɛ. Wɔtee asɔfoɔ no pii ho ansa na wɔreboa dwumadie no, ɛfiri sɛ, na Lewifoɔ no adwene wɔ wɔn ahoteɛ so sene asɔfoɔ no. 35Na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne daa nsa afɔdeɛ no buu so. Saa ara nso na asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ nso yɛɛ bebree.

Enti, wɔsiesiee Awurade Asɔredan no maa ɔsom no. 36Na Hesekia ne ɔmanfoɔ no nyinaa gyee wɔn ani wɔ deɛ Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no, ɛfiri sɛ wɔwiee biribiara ntɛm.