歷代志下 26 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 26:1-23

猶大王烏西雅

1全體猶大人立十六歲的烏西雅為王,繼承他父親亞瑪謝的王位。 2亞瑪謝與祖先同眠後,烏西雅猶大收復了以祿城,並重新修建。 3烏西雅十六歲登基,在耶路撒冷執政五十二年。他母親叫耶可利雅,是耶路撒冷人。 4他效法他父親亞瑪謝,做耶和華視為正的事。 5撒迦利亞在世之日,烏西雅尋求上帝,撒迦利亞教導他敬畏上帝。當他尋求上帝時,上帝就使他亨通。

6他出兵攻打非利士人,把迦特雅比尼亞實突的城牆夷平後,在亞實突境內及非利士人的其他地區興建城邑。 7上帝幫助他攻打非利士人和住在姑珥·巴力阿拉伯人及米烏尼人。 8亞捫人向他進貢,烏西雅的名聲傳到埃及,因他極其強大。

9烏西雅耶路撒冷的角門、谷門和城牆拐角的地方建造城樓,並加固城樓, 10又在曠野建造瞭望塔,挖了許多水井,因為他在高原和平原有很多牲畜。他雇人在山區和沃野為他耕種和照料葡萄園,因為他喜愛農耕。

11烏西雅有支可以隨時列隊出戰的軍兵,歸書記耶利和官長瑪西雅召集,由王的將軍哈拿尼雅統領。 12率領戰士的族長有兩千六百名, 13他們手下有三十萬七千五百精兵,隨時幫助王攻打敵人。 14烏西雅為全軍備有盾牌、矛槍、頭盔、鎧甲、弓箭和投石器用的石頭, 15又讓巧匠在耶路撒冷設計和製造兵器,安放在城樓和角樓上,用來發射弓箭和石頭。烏西雅威名遠揚,因為他得到非常的幫助,極其強盛。

16烏西雅強盛後,便心高氣傲,以致走向滅亡。他干犯他的上帝耶和華,擅自進入耶和華的殿在香壇上燒香。 17祭司亞撒利雅率領八十位耶和華勇敢的祭司跟著進殿, 18阻止烏西雅王,說:「烏西雅啊,給耶和華燒香不是你可以做的事,乃是承受聖職做祭司的亞倫子孫的事。離開聖所吧!你已干犯耶和華上帝,必不能從祂那裡得榮耀。」 19手拿香爐要燒香的烏西雅大怒,正當他在耶和華殿裡的香壇旁向眾祭司發怒的時候,他額頭上突然患了痲瘋病。 20亞撒利雅大祭司和眾祭司見狀,就催促他出殿,他急忙出去了,因為耶和華降災給他。 21烏西雅王到死一直有痲瘋病。他被隔離在別的宮中,不得進耶和華的殿。他兒子約坦管理王室,治理國家。

22烏西雅其他的事蹟,自始至終都是亞摩斯的兒子以賽亞先知記載的。 23烏西雅與祖先同眠後,葬在他祖墳附近、王室的墳場,因為他有痲瘋病。他兒子約坦繼位。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 26:1-23

Usia Di Yudahene

1Yuda manfo de Amasia babarima Usia a na wadi mfe dunsia tenaa ahengua so sɛ wɔn hene foforo. 2Usia agya wu akyi no, ɔsan kyekyeree Elot kurow no, na ɔdan maa Yuda. 3Usia dii ade no, na wadi mfirihyia dunsia, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na a ofi Yerusalem no din de Yeholia. 4Na ɔteɛ wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no. 5Sakaria bere so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan, efisɛ ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na esiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan no nti, Onyankopɔn maa no nkɔso.

6Otuu Filistifo so sa, na obubuu Gat, Yabne ne Asdod afasu. Na ɔkyekyeree nkurow afoforo wɔ Asdod fam ne mmeaemmeae bi a ɛwɔ Filistia. 7Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifo koe no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfo a wɔwɔ Gur Baal koe ne Meunifo ko mu nso, ɔboaa no. 8Meunifo no tuaa sonkahiri maa no, na ne din hyeta koduu Misraim, efisɛ na ɔwɔ tumi a ɛso.

9Usia26.9 Usia dii nkonim wɔ anafo-apuei ne anafo-apuei fam. Israelhene oniɔdenfo Yeroboam II nso hwɛɛ Yuda atifi fam so. sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɔtwɔw Pon ano, Obon Pon ano ne ɔfasu no ntwea mu no. 10Ɔsan sisii abankɛse wɔ sare so, tutuu mmura bebree, efisɛ na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔw ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfo bebree a wɔhwɛ ne mfuw ne ne bobeturo a ɛwɔ mmepɔw no nsian mu ne obon nsasebere no so.

11Na Usia wɔ asraafo a wɔyɛ akofo akɛse a wɔwɔ akodi mu ntetewee. Na wɔyɛ akuw akuw a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ asraafodɔm no kyerɛwfo, ne ne boafo Maaseia na wɔboaboa akofo kuw kɛse yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanyimfo no mu baako ase. 12Mmusua ntuanofo mpenu ahansia na na wɔma saa akofo abenfo yi akwankyerɛ. 13Na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa ne ason, ahannum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfo biara. 14Usia maa asraafodɔm no nyinaa nkatabo, mpeaw, nnadekyɛw, agyiraehyɛde, bɛmma ne ahwimmo abo. 15Afei, abenfo bi yɛɛ mfi de sisii Yerusalem afasu no so a ɛtow agyan ne abo fi abantenten no so ne fasu twɔtwɔw so. Nʼanuonyam hyetae, efisɛ Awurade boaa no yiye kosii sɛ onyaa tumi kɛse.

Usia Bɔne Ne Nʼasotwe

16Nanso onyaa tumi kɛse no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so ma ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade ne Nyankopɔn, efisɛ ɔkɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyew nnuhuam wɔ afɔremuka no so. 17Ɔsɔfopanyin Asaria ne Awurade asɔfo foforo aduɔwɔtwe, akokodurufo kɔhwehwɛɛ no. 18Wɔka sii ɔhene Usia anim se, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohyew nnuhuam ma Awurade. Ɛyɛ asɔfo nko ara, Aaron mmabarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadi no nko ara adwuma. Fi kronkronbea ha kɔ, efisɛ woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo anuonyam wɔ eyi ho.”

19Usia bo fuw yiye, na wamfa nnuhuamhyew kuruwa a na okura no ansi fam. Ɔne asɔfo no gyina nnuhuam afɔremuka no anim wɔ Awurade Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so. 20Bere a Asaria ne asɔfo a wɔaka no huu kwata no, wopiapiaa no fii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ofi hɔ ntɛm, efisɛ Awurade na na wabɔ no. 21Enti kwata yɛɛ ɔhene Usia kosii sɛ owui. Wɔpam no fi nnipa mu maa ɔno nko ara tenae a wankɔ Awurade Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfi hɔ ma odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so. 22Amos babarima Yesaia akyerɛw Usia ahenni ho nsɛm nkae fi mfiase kosi awiei ato hɔ. 23Usia wui, na esiane sɛ kwata yɛɛ no nti, wosiee no bɛn ahemfo amusiei. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene.