歷代志下 12 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 12:1-16

埃及侵犯猶大

1羅波安王位穩定、國勢強盛後,就離棄耶和華的律法,以色列人也都隨從他。 2羅波安王執政第五年,埃及示撒上來攻打耶路撒冷,因為猶大君民對耶和華不忠。 3示撒率領一千二百輛戰車、六萬騎兵及無數的路比人、蘇基人和古實人。 4他攻陷了猶大的堅城,直逼耶路撒冷

5那時,猶大各首領因為戰事都聚集在耶路撒冷示瑪雅先知去見羅波安和眾首領,對他們說:「耶和華說,『你們背棄了我,所以我也要離棄你們,把你們交在示撒手中。』」 6王與以色列的眾首領聽了,就謙卑下來說:「耶和華是公義的。」 7耶和華見他們謙卑下來,就對示瑪雅說:「既然他們謙卑下來,我就不滅絕他們,給他們留一條生路。我也不會藉示撒耶路撒冷傾倒我的憤怒。 8然而,他們必做示撒的僕人,好讓他們體驗事奉我和服侍世上的君王的不同。」

9埃及示撒帶兵攻陷了耶路撒冷,把耶和華殿裡和王宮裡的財寶及所羅門造的金盾牌擄掠一空。 10羅波安王就造了銅盾牌代替金盾牌,交給看守宮門的護衛長看管。 11每次王進耶和華的殿,護衛兵就帶上盾牌,用完後放回護衛房。 12王謙卑下來後,耶和華便不再向他發怒,沒有將他完全毀滅。況且,在猶大還有一些善事。

羅波安逝世

13羅波安王在耶路撒冷鞏固了自己的勢力,繼續做王。他四十一歲登基,在耶路撒冷執政十七年。耶和華從以色列眾支派中選擇耶路撒冷作為立祂名的城。羅波安的母親叫拿瑪,是亞捫人。 14羅波安行為邪惡,因為他不專心尋求耶和華。

15他執政期間的事件自始至終都記在示瑪雅先知和易多先見的史記上。羅波安耶羅波安之間常有爭戰。 16羅波安與祖先同眠後,葬在大衛城。他兒子亞比雅繼位。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 12:1-16

Misraim Tu Yuda So Sa

1Rehoboam timiiɛ na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa Awurade mmara, na Israel nyinaa dii nʼakyi wɔ saa bɔne yi mu. 2Esiane sɛ na wɔnni Awurade nokorɛ no enti, afe a ɛtɔ so enum wɔ ɔhene Rehoboam adedie mu no, Misraimhene Sisak kɔto hyɛɛ Yerusalem so. 3Ɔde nteaseɛnam apem ahanu, apɔnkɔsotefoɔ ɔpeduosia ne anammɔntwa asraafoɔ a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a Libiafoɔ, Sukifoɔ ne Etiopiafoɔ ka ho na ɛbaeɛ. 4Sisak dii Yudafoɔ nkuro a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na ɔtu tenee sɛ ɔrekɔto ahyɛ Yerusalem nso so.

5Odiyifoɔ Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanimfoɔ a Sisak enti, wɔadwane aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie! Moagya me enti, me nso meregya mo ama Sisak.”

6Ɔhene no ne Israel mpanimfoɔ brɛɛ wɔn ho ase, kaa sɛ, “Awurade di bem sɛ ɔyɛɛ yɛn saa!”

7Awurade hunuu sɛ wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: “Esiane sɛ nnipa no abrɛ wɔn ho ase enti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛre, mɛma wɔn ahomegyeɛ. Meremfa Sisak so nna mʼabufuo adi wɔ Yerusalem so. 8Nanso, wɔbɛyɛ nʼasomfoɔ sɛdeɛ ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom me sene sɛ wɔbɛsom ewiase ahemfo.”

9Enti, Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaa agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ akokyɛm no nyinaa ka ho. 10Akyire no, ɔhene Rehoboam de kɔbere mfrafraeɛ akokyɛm sii anan, na ɔde hyɛɛ wɔn a wɔwɛn no no panin nsa sɛ ɔnhwɛ so. 11Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ, na wɔasane de akɔgu adekoradan a wɔwɛn no mu.

12Esiane sɛ Rehoboam brɛɛ ne ho ase enti, Awurade abufuo no firii ne so, enti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiedie kɔɔ so wɔ Yuda asase so.

Rehoboam Ahennie Tiawatwa

13Ɔhene Rehoboam timiiɛ wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii ɔhene. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan baako. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔfiri Amon. 14Na ɔyɛ ɔhene bɔne, ɛfiri sɛ, wamfa nʼakoma nyinaa anhwehwɛ Awurade akyiri ɛkwan.

15Wɔatwerɛ Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no wɔ odiyifoɔ Semaia nwoma ne nhunumuni Ido nwoma a ɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ nwoma no fa bi mu. Ɛberɛ biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam. 16Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.