歷代志下 11 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 11:1-23

耶和華禁止他們交戰

1羅波安回到耶路撒冷,從猶大便雅憫支派召集了十八萬精兵,要攻打以色列,收復全國。 2然而,耶和華上帝對祂的僕人示瑪雅說: 3「你去告訴所羅門的兒子猶大羅波安和所有住在猶大便雅憫以色列人, 4耶和華這樣說,『你們不要上去與弟兄交戰,都回家吧,因為這事出於我。』」眾人聽從了耶和華的話,沒有去攻打耶羅波安,各自回家去了。

羅波安加強防禦

5羅波安住在耶路撒冷,他在猶大修築城池以作防禦。 6他修築的城池有伯利恆以坦提哥亞7伯·夙梭哥亞杜蘭8迦特瑪利沙西弗9亞多萊音拉吉亞西加10瑣拉亞雅崙希伯崙,這些都是猶大便雅憫的堅城。 11他又在各城池加強防禦,派將領駐守,供給食物、油和酒。 12他在城內儲備盾牌和矛槍,使城池非常堅固。猶大便雅憫都歸屬他。

祭司和利未人投奔猶大

13以色列全境的祭司和利未人都從四面八方來投奔羅波安14利未人撇下他們的草場和產業,來到猶大耶路撒冷,因為耶羅波安和他的眾子不准他們做祭司事奉耶和華。 15耶羅波安卻為邱壇、公山羊像和他造的牛犢像設立他自己的祭司。 16以色列各支派中那些誠心尋求以色列的上帝耶和華的人,都跟隨利未人到耶路撒冷獻祭給他們祖先的上帝耶和華。 17他們使猶大國堅固,他們效忠所羅門的兒子羅波安三年之久,並在此期間遵行大衛所羅門的道。

羅波安的家室

18羅波安娶了大衛的兒子耶利摩的女兒瑪哈拉為妻,她母親亞比孩耶西的兒子以利押的女兒。 19瑪哈拉為他生了耶烏施示瑪利雅撒罕三個兒子。 20後來,他又娶了押沙龍的女兒瑪迦11·20 押沙龍的女兒瑪迦」或譯「押沙龍的孫女瑪迦」。,生了亞比雅亞太細撒示羅密21羅波安共有十八個妻子、六十個妾、二十八個兒子、六十個女兒。眾妻妾中瑪迦最得寵愛, 22羅波安就立她所生的兒子亞比雅為太子,以便讓他繼承王位。 23羅波安精明地把其他王子派駐到猶大便雅憫境內的各堅城,給他們充足的供應和許多妻妾。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 11:1-23

Semaia Nkɔmhyɛ

1Ɛberɛ a Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin akodɔm a ɛyɛ akodɔm papa ɔpeha aduɔwɔtwe ano, sɛ wɔrekɔko atia Israel akodɔm, na wagye ahennie no afa.

2Na Awurade ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa Semaia sɛ, 3“Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a ɔdi ɔhene wɔ Yuda ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin sɛ, 4Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Nko ntia wʼabusuafoɔ. Sane wʼakyi kɔ efie, ɛfiri sɛ, me na memaa asɛm a asie no ho kwan!’ ” Enti, wɔtiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam.

Rehoboam Ma Yuda Banbɔ

5Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkuro ahodoɔ ho ban, maa Yuda yɛɛ den. 6Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa, 7Bet-Sur, Soko, Adulam, 8Gat, Maresa, Sif, 9Adoraim, Lakis, Aseka, 10Sora, Ayalon ne Hebron. Yeinom ne nkuro a wɔbɔɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin.11.10 Yɛnhunu saa nkuropɔn yi din wɔ Ahene Nwoma no mu. Rehoboam miaa banbɔ mu wɔ ahennie no apueeɛ, atɔeɛ ne anafoɔ fam ahyeɛ so. Nanso wanyɛ saa wɔ atifi fam. Na nʼadwene ne sɛ ɔbɛka ahennie no nyinaa abɔ mu na sɛ Misraimfoɔ nam ntohyɛsoɔ so bɛhunahuna wɔn a, wɔatumi agyina ano. 11Rehoboam yeree wɔn banbɔ mu, na ɔde asahene duaduaa hɔ. Ɔkoraa nnuane, ngo ne nsã wɔ kuropɔn biara so. 12Ɔde akokyɛm ne mpea siee wɔ saa nkuro yi mu, de hyɛɛ wɔn banbɔ mu den. Enti, Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase.

13Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuo te no kɔɔ Rehoboam afa. 14Na Lewifoɔ no mpo gyaa wɔn afie ne wɔn agyapadeɛ kɔɔ Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ, Yeroboam ne ne mmammarima amma wɔn kwan ansom Awurade sɛ asɔfoɔ. 15Yeroboam yii nʼankasa asɔfoɔ, ma wɔsomm abosonsomfoɔ asɔreeɛ so a na wɔsom abirekyie ne nantwie mma ahoni a na wɔayɛ. 16Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Awurade, Israel Onyankopɔn no dii Lewifoɔ no akyi kɔɔ Yerusalem baabi a wɔbɛtumi de ayɛyɛdeɛ ama Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no. 17Yei maa Yuda ahennie nyaa ahoɔden, na wɔde mfeɛ mmiɛnsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokorɛm, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahennie mu no.

Rehoboam Abusua

18Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babaa. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babaa nso. 19Mahalat woo mmammarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham. 20Akyire no, ɔwaree Absalom babaa Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit. 21Na Rehoboam dɔ Maaka yie sene ne yerenom a wɔaka ne ne mpenafoɔ nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na wɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia.

22Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene maa ɛdaa adi pefee sɛ daakye, ɔno na ɔbɛdi nʼadeɛ sɛ ɔhene. 23Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadie hyehyɛɛ ne mmammarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkuro a wɔabɔ ho ban, wɔ nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, hyehyɛɛ awadeɛ bebree maa wɔn mu biara.