歷代志上 15 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志上 15:1-29

約櫃被運到耶路撒冷

1大衛大衛城為自己建造宮殿,並為上帝的約櫃預備地方,支搭帳篷。 2大衛說:「除了利未人以外,誰也不可抬上帝的約櫃,因為耶和華只揀選他們抬上帝的約櫃,永遠事奉祂。」

3大衛召集以色列人到耶路撒冷,要把耶和華的約櫃抬到他所預備的地方。 4大衛又召集了亞倫的子孫和利未人: 5哥轄的後代烏列族長和他的一百二十個族人; 6米拉利的後代亞帥雅族長和他的二百二十個族人; 7革順的後代約珥族長和他的一百三十個族人; 8以利撒番的後代示瑪雅族長和他的二百個族人; 9希伯崙的後代以列族長和他的八十個族人; 10烏薛的後代亞米拿達族長和他的一百一十二個族人。

11大衛召來撒督亞比亞他兩位祭司以及利未烏列亞帥雅約珥示瑪雅以列亞米拿達12對他們說:「你們是利未人的族長,你們和你們的族人都要潔淨自己,好將以色列的上帝耶和華的約櫃抬到我所預備的地方。 13先前你們沒有抬約櫃,我們也沒有按規矩求問我們的上帝耶和華,以致祂向我們發怒。」 14於是祭司和利未人就潔淨自己,好將以色列的上帝耶和華的約櫃抬上來。 15利未人按照耶和華藉摩西頒佈的命令,用杠把上帝的約櫃抬在肩上。

16大衛又吩咐利未人的族長去派他們的族人做歌樂手,伴著琴瑟和鈸的樂聲歡唱。 17於是,利未人指派約珥的兒子希幔和他的親族比利迦的兒子亞薩,以及他的親族米拉利的後代古沙雅的兒子以探18協助他們的親族有撒迦利雅雅薛示米拉末耶歇烏尼以利押比拿雅瑪西雅瑪他提雅以利斐利戶彌克尼雅,以及守門的俄別·以東耶利

19歌樂手希幔亞薩以探負責敲銅鈸, 20撒迦利雅雅薛示米拉末耶歇烏尼以利押瑪西雅比拿雅負責鼓瑟,調用高音。 21瑪他提雅以利斐利戶彌克尼雅俄別·以東耶利亞撒西雅負責帶領彈琴,調用低音。 22利未人的族長基拿尼雅善於歌唱,是歌樂手的領班。 23比利迦以利加拿負責看守約櫃。 24祭司示巴尼約沙法拿坦業亞瑪賽撒迦利雅比拿亞以利以謝負責在上帝的約櫃前吹號,俄別·以東耶希亞也負責看守約櫃。

25大衛以色列的長老以及千夫長去俄別·以東家,高高興興地將耶和華的約櫃抬上來。 26耶和華上帝恩待抬約櫃的利未人,他們就獻上七頭公牛和七隻公羊為祭物。 27大衛和抬約櫃的利未人、歌樂手及其領班基拿尼雅都穿上細麻衣,大衛還穿上細麻布的以弗得。 28以色列人把耶和華的約櫃抬了上來,一路上歡呼吹角、鳴號、敲鈸、鼓瑟、彈琴,大聲奏樂。 29耶和華的約櫃進大衛城的時候,掃羅的女兒米甲從窗戶往外看,看見大衛王在興高采烈地跳舞,心裡就輕視他。

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 15:1-29

Wɔde Apam Adaka No Ba Yerusalem

1Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, osiesiee baabi, sii ntamadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no besi. 2Afei, ɔhyɛɛ se, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi gye Lewifo no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.”

3Dawid frɛɛ Israelfo nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Apam Adaka no nkosi faako a wɔasiesie ama no no.

4Eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔfrɛɛ wɔn no:

5Wɔn a wofi Kohat abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduonu a Uriel tua wɔn ano.

6Wɔn a wofi Merari abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ahannu aduonu (220), a Asaia da wɔn ano.

7Wɔn a wofi Gersom abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduasa (130), a Yoel da wɔn ano.

8Na Elisafan asefo yɛ ahannu (200) a Semaia da wɔn ano.

9Na Hebron asefo yɛ aduɔwɔtwe (80) a Eliel tua wɔn ano.

10Na Usiel asefo yɛ ɔha ne dumien (112) a Aminadab tua wɔn ano.

11Afei, Dawid frɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar ne saa Lewifo mpanyimfo yi: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab. 12Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo na moyɛ Lewifo mmusua mu ntuanofo. Mo ne Lewifo a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi de Awurade, Israel Nyankopɔn, Apam Adaka no bɛba beae a masiesie ama no no. 13Esiane sɛ kan no mo Lewifo ansoa Apam Adaka no nti, Awurade, yɛn Nyankopɔn, abufuw sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.” 14Enti asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de Awurade, Israel Nyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem. 15Na Lewifo no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛnea Mose hyɛɛ wɔn no.

16Dawid hyɛɛ Lewifo mpanyimfo no nso sɛ wɔntew Lewifo nnwontofo kuw, wɔn a wonim nnwonto, ne wɔn a wɔwɔ nnwonto ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyɛnkyɛn mmɛto anigye nnwom.

17Na Lewifo no yii Yoel babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wofi Merari abusua mu, ma wodii nnwontofo no anim. 18Woyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafo: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apon ano ahwɛfo Obed-Edom ne Yeiel.

19Woyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafrae kyɛnkyɛn no. 20Woyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no. 21Woyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no. 22Woyii Kenania a ɔyɛ Lewifo panyin no sɛ ɔnna nnwontokuw no ano, esiane ne nimdeɛ nti.

23Woyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no. 24Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfo no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntorobɛnto no. Woyii Obed-Edom ne Yehia sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.

Wɔsoa Apam Adaka No Kɔ Yerusalem

25Enti Dawid ne Israel mpanyimfo ne asraafo so asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fi sɛ wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem. 26Na esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifo a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no nti, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre. 27Wɔhyɛɛ Dawid sirikyi atade fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifo a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwontofo no ne Kenania a ɔyɛ nnwontofo no kwankyerɛfo no nso yɛe. Na Dawid hyɛ asɔfo nguguso bi nso. 28Enti Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne ntorobɛntohyɛn, akasaewosow, mmɛnta ne asankutenbɔ de Awurade Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem.

29Na bere a Awurade Apam Adaka no wuraa Dawid kurow mu no, Saulo babea Mikal too nʼani hwɛɛ fam, fii ne mfɛnsere mu. Bere a ohuu sɛ ɔhene Dawid resaw na ɔde anigye rehuruhuruw no, obuu no animtiaa wɔ ne koma mu.