歷代志上 13 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志上 13:1-14

運回約櫃

1大衛跟千夫長、百夫長等所有的首領商議, 2然後對以色列全體會眾說:「如果你們贊成,而且這是我們上帝耶和華的旨意,我們就派人到以色列各地把其他同胞,包括住在城邑及草場的祭司和利未人召集來。 3我們要將我們上帝的約櫃運到這裡來,因為在掃羅執政期間,我們忽視了它。」 4會眾都表示贊同,認為這樣做很好。

5於是,大衛召集了從埃及西曷河一直到哈馬口的全體以色列人,要將上帝的約櫃從基列·耶琳運來。 6大衛率領以色列眾人到巴拉,即猶大基列·耶琳,要將上帝的約櫃運回來。這約櫃以坐在基路伯天使上面的耶和華的名字命名。 7他們把上帝的約櫃從亞比拿達家抬出來,放在一輛新車上,由烏撒亞希約趕車。 8大衛以色列眾人就在上帝面前用琴、瑟、鼓、鈸和號奏樂,盡情歌舞。 9他們來到基頓麥場的時候,拉車的牛失蹄,烏撒就伸手去扶約櫃。 10因他伸手碰了約櫃,上帝便向他發怒,擊殺了他,他就死在上帝面前。 11大衛因耶和華擊殺烏撒而煩惱,就稱那地方為毗列斯·烏撒13·11 毗列斯·烏撒」意思是「向烏撒發怒」。,沿用至今。 12那天,大衛懼怕上帝,他說:「我怎能將上帝的約櫃運到我這裡?」 13因此,大衛沒有將約櫃運到大衛城,而是把它運到迦特俄別·以東家。 14上帝的約櫃在俄別·以東家存放了三個月。耶和華使俄別·以東家及其擁有的一切都蒙福。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 13:1-14

Dawid Pɛ Sɛ Ɔkɔfa Apam Adaka No

1Dawid ne ne mpanimfoɔ a nʼasraafoɔ asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina. 2Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Onyankopɔn pɛ a, momma yɛnto nkra nkɔma Israelfoɔ a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ nkuro so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho. 3Ɛberɛ aduru sɛ yɛsane de yɛn Onyankopɔn Apam Adaka no ba, ɛfiri sɛ, Saulo ahennie ɛberɛ so no, yɛampɛ anhwɛ.” 4Badwa no penee saa asɛm yi so ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ, wɔyɛ saa a, ɛyɛ.

5Enti, Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, ɛfiri ɔman no tire kɔsi tire, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri Kiriat-Yearim mmra. 6Afei, Dawid ne Israelfoɔ no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ Kerubim ntam na Awurade din da so no aba.

7Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so de firii Abinadab fie a Usa ne Ahio rekyerɛ ɛkwan. 8Dawid ne Israelfoɔ nyinaa firii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahodoɔ a ebi yɛ asankuo, mmɛnta, mpintin, nnawuro ne ntotorobɛnto dii ahurisie wɔ Onyankopɔn anim.

9Nanso wɔduruu Nakon ayuporobea no, anantwie no anan totoeɛ maa Usa tenee ne nsa sɛ ɔretene Apam Adaka no. 10Ɛhɔ na Awurade abufuo sɔre tiaa Usa maa ɔwuiɛ ɛfiri sɛ, ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.

11Dawid bo fuiɛ, ɛfiri sɛ Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de bɛsi ɛnnɛ.

12Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na ɔbisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?” 13Enti, Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kuro no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fie wɔ Gat. 14Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fiefoɔ nyinaa.